Skip to content
The Believer's Library

Biblica® Open Akuapem Twi Contemporary Bible 2020

Hosea 12 OAKCB

Side by side with the Father's Heart Bible™

1Efraim de mframa ayɛ aduan;odi apuei mframa akyi daana odi atoro yɛ akakabensɛm bebree.Ɔne Asiria yɛ apamna ɔde ngo kɔ Misraim.

2Awurade wɔ sobo de bɔ Yuda;ɔbɛtwe Yakob aso wɔ nʼakwan hona watua no ne nneyɛe so ka.

3Ɔyafunu mu na osoo ne nua nantin;onyinii no, ɔne Onyankopɔn peperee so.

4Ɔne ɔbɔfo tentam dii ne so nkonim;ɔde nusu srɛɛ ne nkyɛn adom.Ohuu no wɔ Bet-Elne no kasaa wɔ hɔ.

5Asafo Awurade Nyankopɔn,Awurade ne ne din a ahyeta!

6Ɛsɛ sɛ wosan kɔ wo Nyankopɔn nkyɛn.Tena ɔdɔ ne trenee mu,na twɛn wo Nyankopɔn daa.

7Oguadini de asisi nsania yɛ nʼadwuma;nʼani gye asisi ho.

8Efraim hoahoa ne ho sɛ,“Meyɛ ɔdefo; manya me ho.Mʼahonya nyinaa mu wɔrenhuamumɔyɛ biara wɔ me ho.”

9“Mene Awurade wo Nyankopɔn,a miyii wo fii Misraim.Mɛma woakɔtena ntamadan mu biosɛnea na woyɛ wɔ wʼaponto afahyɛ nna mu no.

10Mekasa kyerɛɛ adiyifo,memaa wɔn anisoadehu bebreena mefaa wɔn so kaa mmebusɛm.”

11Gilead yɛ otirimɔdenfo ana?Emu nnipa no yɛ ahuhufo!Wɔde anantwi bɔ afɔre wɔ Gilgal ana?Wɔn afɔremuka bɛyɛ te sɛ aboa wɔahɔre no siw wɔ asase a wɔafuntum so.

12Yakob guan kɔɔ Aramfo asase so;Israel som de nyaa ɔyere,ɔhwɛɛ nguan de tuaa ti nsa.

13Awurade nam odiyifo soyii Israel fii Misraim,ɔnam odiyifo so hwɛɛ no.

14Nanso Efraim ahyɛ no abufuw yayaayaw;nʼAwurade bɛma ne mogyahwiegu ho afɔdi ada no sona obetua nʼanimtiaabu no so ka.

Biblica® Wonhia Akuapem Twi Nkwa Asɛm™ ho kwamma nhoma Owurayɛ Tumi © 1996, 2020. Biblica, Inc. na wɔde ma. Biblica® Open Akuapem Twi Contemporary Bible™ Copyright © 1996, 2020 by Biblica, Inc. “Biblica” yɛ ahyɛnsode a Biblica Inc. akogye afi United States Patent and Trademark Office de hyɛ wɔn nneɛma ahorow nso. Gye sɛ Biblica Inc. ma wo ho kwan ansa na woatumi de adi dwuma. “Biblica” is a trademark registered in the United States Patent and Trademark Office by Biblica, Inc. Used with permission.
Biblica® Open Akuapem Twi Contemporary Bible 2020 · Creative Commons - Attribution-ShareAlike [CC BY-SA]