Skip to content
The Believer's Library

Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Hosea 12 OASCB

Side by side with the Father's Heart Bible™

1Efraim de mframa ayɛ aduane;ɔdi apueeɛ mframa akyi daana ɔdi atorɔ yɛ akakabensɛm bebree.Ɔne Asiria yɛ apamna ɔde ngo kɔ Misraim.

2Awurade wɔ soboɔ de bɔ Yuda;ɔbɛtwe Yakob aso, wɔ nʼakwan hona watua no ne nneyɛeɛ so ka.

3Ɔyafunu mu na ɔsɔɔ ne nua nantin;ɔnyiniiɛ no, ɔne Onyankopɔn pepree so.

4Ɔne ɔbɔfoɔ tentameeɛ dii ne so nkonim;ɔde nisuo srɛɛ ne nkyɛn adom.Ɔhunuu no wɔ Bet-Elne no kasaa wɔ hɔ.

5Asafo Awurade Onyankopɔn,Awurade ne ne din a ahyeta!

6Ɛsɛ sɛ wo sane kɔ wo Onyankopɔn nkyɛn.Tena ɔdɔ ne tenenee mu,na twɛn wo Onyankopɔn daa.

7Ɔdwadini de nsisie nsania yɛ nʼadwuma;nʼani gye nsisie ho.

8Efraim hoahoa ne ho sɛ,“Meyɛ ɔdefoɔ; manya me ho.Mʼahonya nyinaa mu wɔrenhunuamumuyɛ biara wɔ me ho.”

9“Mene Awurade wo Onyankopɔn,a meyii wo firii Misraim.Mɛma woakɔtena ntomadan mu biosɛdeɛ na woyɛ wɔ wʼapontoɔ afahyɛ nna mu no.

10Mekasa kyerɛɛ adiyifoɔ,memaa wɔn anisoadehunu bebreena mefaa wɔn so kaa mmɛbusɛm.”

11Gilead yɛ otirimuɔdenfoɔ anaa?Emu nnipa no yɛ ahuhufoɔ!Wɔde anantwie bɔ afɔdeɛ wɔ Gilgal anaa?Wɔn afɔrebukyia bɛyɛ te sɛ aboɔa wɔahɔre no sie wɔ asase a wɔafuntum soɔ.

12Yakob dwane kɔɔ Aramfoɔ asase so;Israel someeɛ de nyaa yere,ɔhwɛɛ nnwan de tua etiri nsa.

13Awurade nam odiyifoɔ soyii Israel firii Misraim,ɔnam odiyifoɔ so hwɛɛ no.

14Nanso, Efraim ahyɛ no abufuo yaayaaya;nʼAwurade bɛma ne mogyahwiegu ho afɔdie ada ne sona ɔbɛtua nʼanimtiabuo no so ka.

Biblica® Wɔnhia ɛho kwamma nwoma Asante Twi Nkwa Asɛm™ Owurayɛ Tumi © 1996, 2020. Biblica, Inc. na wɔde ma. Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™ Copyright © 1996, 2020 by Biblica, Inc. “Biblica” yɛ ahyɛnsodeɛ a Biblica Inc. akɔgye afiri United States Patent and Trademark Office de hyɛ wɔn nneɛma ahodoɔ nso. Gye sɛ Biblica Inc. ma wo ho ɛkwan ansa na woatumi de adi dwuma. “Biblica” is a trademark registered in the United States Patent and Trademark Office by Biblica, Inc. Used with permission.
Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020 · Creative Commons - Attribution-ShareAlike [CC BY-SA]