Side by side with the Father's Heart Bible™ Ayɛyie dwom. Dawid deɛ.
1Mɛma wo so, me Onyankopɔn, me Ɔhene;mɛkamfo wo din daa daa.
2Ɛda biara, mɛkamfo wo;na mama wo din so daa daa.
3Awurade so, na ɔsɛ nkamfo kɛseɛ;obiara rentumi nsusu ne kɛseyɛ.
4Awoɔ ntoatoasoɔ baako bɛkamfo wo nnwuma akyerɛ ɔfoforɔ;wɔbɛka wo nnwuma akɛseɛ ho asɛm.
5Wɔbɛka wʼanimuonyam ne wo tumi a ɛhran no ho asɛm,na mɛdwene wʼanwanwadwuma ho.
6Wɔbɛka wo nnwuma a ɛyɛ hu no mu tumi ho asɛm;na mapae mu aka wo nneyɛɛ akɛseɛ no akyerɛ.
7Wɔbɛhyɛ wo papayɛ mmorosoɔ no ho fa,na wɔde anigyeɛ ato wo tenenee ho dwom.
8Awurade yɛ ɔdomfoɔ ne mmɔborɔhunufoɔ;ne bo kyɛre fu na nʼadɔeɛ dɔɔso.
9Awurade yɛ ma obiara;na ɔwɔ ahummɔborɔ ma nʼabɔdeɛ nyinaa.
10Ao Awurade, wʼabɔdeɛ nyinaa bɛkamfo wo;na wʼahotefoɔ bɛma wo so.
11Wɔbɛka wʼahennie no animuonyam ho asɛmna wɔaka wo mmaninyɛ ho asɛm,
12sɛ ɛbɛyɛ a nnipa bɛhunu wo nnwuma akɛseɛne wʼahennie animuonyam a ɛhran no.
13Wʼahennie yɛ daa ahennie,na wo tumidie wɔ hɔ ma awoɔ ntoantoasoɔ nyinaa.Awurade di ne bɔhyɛ nyinaa so,na ɔwɔ ɔdɔ ma biribiara a wayɛ.
14Awurade wowa wɔn a wɔhwe asena ɔpagya wɔn a wɔn nnesoa ama wɔakom.
15Ani nyinaa hwɛ wo ɛkwan,na woma wɔn wɔn aduane wɔ ne berɛ mu.
16Wobue wo nsamna woma biribiara a ɛwɔ nkwa no nʼapɛdeɛ.
17Awurade tene wɔ nʼakwan nyinaa mu;na ɔyɛ adɔeɛ ma deɛ wayɛ nyinaa.
18Awurade bɛn wɔn a wɔfrɛ no nyinaa,wɔn a wɔfrɛ no nokorɛ mu nyinaa.
19Ɔyɛ wɔn a wɔsuro no no apɛdeɛ ma wɔn;ɔtie wɔn sufrɛ na ɔgye wɔn.
20Awurade hwɛ wɔn a wɔdɔ no nyinaa so,nanso amumuyɛfoɔ deɛ, ɔbɛsɛe wɔn nyinaa.
21Mʼano bɛkamfo Awurade.Ma abɔdeɛ nyinaa nkamfo ne din kronkron nodaa daa.