Skip to content
The Believer's Library

Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Hosea 14 OASCB

Side by side with the Father's Heart Bible™

Ahonu De Nhyira Ba

1Ao Israel, sane wʼakyi kɔ Awurade wo Onyankopɔn nkyɛn.Wʼahweaseɛ firi wo bɔne!

2Fa wo nsɛm a wowɔsane kɔ Awurade nkyɛn.Ka kyerɛ no sɛ,“Fa yɛn bɔne nyinaa kyɛ yɛn,na fa ahummɔborɔ gye yɛn,na yɛatumi ayi wo ayɛ.

3Asiria rentumi nnye yɛn;yɛrentena akofoɔ apɔnkɔ so.Yɛrenka bio da sɛ, ‘Yɛn anyame’nkyerɛ deɛ yɛn ara de yɛn nsa ayɛ,na wo mu na nwisiaa nya ahummɔborɔ.”

4“Mɛsa wɔn asobrakyeɛ yadeɛ.Mɛfiri mʼakoma mu adɔ wɔn,ɛfiri sɛ mʼabufuo nni wɔn so bio.

5Mɛyɛ sɛ obosuo ama Israel.Ɔbɛfefɛ ayɛ frɔmm te sɛ sukooko.Te sɛ Lebanon ntweneduro noɔde ne nhini bɛtim fam;

6ne mman bɛdennan.Nʼahoɔfɛ bɛyɛ sɛ ngo dua,na ne hwa ayɛ sɛ Lebanon ntweneduro.

7Nnipa bɛtena ne nwunu ase bio.Ɔbɛnyini ayɛ frɔmm te sɛ aburoo.Ɔbɛfefɛ ayɛ frɔmm te sɛ bobe,na ne din a ahyeta bɛyɛ sɛ nsã a ɛfiri Lebanon.

8Ao, Efraim ɛdeɛn na me ne ahoni wɔ yɛ bio?Mɛgye no so na mʼani aku ne ho.Mete sɛ dua a nʼahahan mpo;sɛ wobɛso aba a, ɛgyina me so.”

9Hwan ne onyansafoɔ? Ɔbɛhunu yeinom mu.Hwan na ɔwɔ nhunumu? Ɔbɛte yeinom ase.Awurade akwan tene.Ateneneefoɔ nante so,nanso asoɔdenfoɔ sunti so.

Biblica® Wɔnhia ɛho kwamma nwoma Asante Twi Nkwa Asɛm™ Owurayɛ Tumi © 1996, 2020. Biblica, Inc. na wɔde ma. Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™ Copyright © 1996, 2020 by Biblica, Inc. “Biblica” yɛ ahyɛnsodeɛ a Biblica Inc. akɔgye afiri United States Patent and Trademark Office de hyɛ wɔn nneɛma ahodoɔ nso. Gye sɛ Biblica Inc. ma wo ho ɛkwan ansa na woatumi de adi dwuma. “Biblica” is a trademark registered in the United States Patent and Trademark Office by Biblica, Inc. Used with permission.
Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020 · Creative Commons - Attribution-ShareAlike [CC BY-SA]