Skip to content
The Believer's Library

Biblica® Open Akuapem Twi Contemporary Bible 2020

Isaiah 2 OAKCB

Show OAKCB only
Verse × ×
1 The word that Isaiah son of Amoz saw concerning Judah and Jerusalem. Eyi ne nea Amos babarima Yesaia hui, a ɛfa Yuda ne Yerusalem ho.
2 In the last days the mountain of our Father's house will be firmly established as the highest of the mountains, raised above the hills, and all the nations will stream to it. Nna a edi akyi no mu no, Awurade asɔredan bepɔw no betim sɛ mmepɔw no nyinaa ti; ebegye din aboro nkoko nyinaa so na aman nyinaa bɛbɔ yuu akɔ hɔ.
3 Many peoples will come and say, "Come, let us go up to the mountain of God, to his house, so he can teach us his ways and we can walk in his paths." For instruction will go out from Zion, and the word of our Father from Jerusalem. Aman bebree bɛba abɛka se, “Mommra mma yɛnkɔ Awurade bepɔw no so, nkɔ Yakob Nyankopɔn fi. Ɔbɛkyerɛkyerɛ yɛn nʼakwan sɛnea ɛbɛyɛ a yɛbɛnantew nʼatempɔn so.” Mmara no befi Sion aba, na Awurade asɛm afi Yerusalem.
4 He will judge between the nations and settle disputes for many peoples. They will beat their swords into plowshares and their spears into pruning hooks; nation will not lift up sword against nation, nor will they train for war anymore. Obebu amanaman ntam atɛn na obesiesie nnipa bebree ntam asɛm. Wɔde wɔn afoa bɛbobɔ nsɔw na wɔde wɔn mpeaw ayɛ asosɔw. Ɔman bi rentwe ɔman foforo so afoa, na wɔrenyɛ ahoboa biara mma ɔko bio.
5 House of Jacob, come, let us walk in the light of our Father. Mommra. Yakob fifo, momma yɛnnantew Awurade hann mu.
6 For you have abandoned your people, the house of Jacob, because they are filled with influences from the east and with fortune-tellers like the Philistines, and they have made alliances with foreigners. Awurade, woagyaw wo nkurɔfo, Yakob fifo. Gyidihunu a efi apuei fam ahyɛ wɔn ma; wɔhyɛ nkɔm sɛ Filistifo na wɔne abosonsomfo fa ayɔnko.
7 Their land is full of silver and gold, with no end to their treasures; their land is full of horses, with no end to their chariots. Dwetɛ ne sikakɔkɔɔ ahyɛ wɔn asase no so ma; wɔn ademude dɔɔso bebree. Apɔnkɔ ayɛ wɔn asase no so ma; na wɔn nteaseɛnam dodow nni ano.
8 Their land is full of idols; they bow down to the work of their hands, to what their own fingers have made. Ahoni ahyɛ wɔn asase no so ma; wɔkotow sɔre wɔn ankasa nsa ano adwuma, nea wɔn nsateaa ayɛ.
9 So mankind is brought low, and everyone is humbled—do not forgive them. Enti, Awurade bɛbrɛ onipa ase na wama adesamma abotow, mfa wɔn ho nkyɛ wɔn.
10 Go into the rocks and hide in the dust from the dread of our Father and from the splendor of his majesty. Kɔhyɛn abotan no mu, fa wo ho kosie asase no mu esiane Awurade ho hu ne nʼanuonyam kɛseyɛ nti!
11 The proud eyes of mankind will be brought low, and the arrogance of men will be humbled; our Father alone will be exalted in that day. Wɔbɛbrɛ ɔhantanni ase, na wɔde nnipa ahomaso ahwe fam; Awurade nko ara na wɔbɛma no so da no.
12 For the Father of heaven's armies has a day in store against all that is proud and lofty, against all that is lifted up, so that it will be brought low, Asafo Awurade ahyɛ da bi ama ahomasofo nyinaa ne nea ɛma ne ho so nyinaa (wɔbɛbrɛ wɔn ase),
13 against all the cedars of Lebanon, lofty and lifted up, and against all the oaks of Bashan, Lebanon sida nyinaa, atenten ne nea ɛkorɔn, ne Basan odum nnua no,
14 against all the high mountains and against all the lofty hills, mmepɔw atenten nyinaa ne nkoko a ɛwowaree nyinaa,
15 against every high tower and against every fortified wall, ne abantenten a ɛkorɔn ne ɔfasu biara a ɛyɛ den,
16 against all the ships of Tarshish and against every magnificent vessel. aguadi hyɛn biara ne hyɛn kɛse fɛfɛ biara.
17 The arrogance of mankind will be humbled, and the pride of men brought low; our Father alone will be exalted in that day, Wɔbɛbrɛ ɔhantanni ase, na wɔde nnipa ahomaso ahwe fam; Awurade nko ara na wɔbɛma no so da no,
18 and the idols will completely vanish. na ahoni no bɛyera korakora.
19 People will flee into the caves of the rocks and into holes in the ground from the dread of our Father and from the splendor of his majesty, when he rises to shake the earth. Nnipa beguan akɔhyɛ abodan a ɛwɔ abotan mu ne ntokuru a ɛdeda asase mu esiane Awurade ho hu ne nʼanuonyam kɛseyɛ nti, bere a ɔbɛsɔre awosow asase.
20 In that day people will throw away their idols of silver and their idols of gold to the moles and bats, which they made for themselves to worship. Saa da no, nnipa bɛtow wɔn dwetɛ ne sikakɔkɔɔ ahoni a wɔyɛɛ sɛ wɔbɛsom no agu ama akisi ne mpan.
21 They will go into the clefts of the rocks and into the crevices of the cliffs from the dread of our Father and from the splendor of his majesty, when he rises to shake the earth. Wobeguan akɔhyɛ abotan mu ntokuru mu ne abotan mpaapae mu esiane Awurade ho hu ne nʼanuonyam kɛseyɛ nti, bere a ɔbɛsɔre awosow asase.
22 Stop trusting in mere man, who has only breath in his nostrils. What good is he? Munnyae sɛ mode mo ho to nnipa, a wɔwɔ ɔhome kɛkɛ so. Wɔyɛ dɛn koraa?
FHB

Scripture from Father’s Heart Bible™. © 2026 Spirit Media Publishing, the imprint of Spirit Media Inc. All rights reserved. In Divine Voice™ Color, the words spoken by our Father show in blue, the words of the Son in red, and the words of the Spirit in purple.

OAKCB

Biblica® Wonhia Akuapem Twi Nkwa Asɛm™ ho kwamma nhoma Owurayɛ Tumi © 1996, 2020. Biblica, Inc. na wɔde ma. Biblica® Open Akuapem Twi Contemporary Bible™ Copyright © 1996, 2020 by Biblica, Inc. “Biblica” yɛ ahyɛnsode a Biblica Inc. akogye afi United States Patent and Trademark Office de hyɛ wɔn nneɛma ahorow nso. Gye sɛ Biblica Inc. ma wo ho kwan ansa na woatumi de adi dwuma. “Biblica” is a trademark registered in the United States Patent and Trademark Office by Biblica, Inc. Used with permission.
Biblica® Open Akuapem Twi Contemporary Bible 2020 · Creative Commons - Attribution-ShareAlike [CC BY-SA]