Side by side with the Father's Heart Bible™ Awurade Bepɔw No
1Eyi ne nea Amos babarima Yesaia hui, a ɛfa Yuda ne Yerusalem ho.
2Nna a edi akyi no mu no,Awurade asɔredan bepɔw no betimsɛ mmepɔw no nyinaa ti;ebegye din aboro nkoko nyinaa sona aman nyinaa bɛbɔ yuu akɔ hɔ.
3Aman bebree bɛba abɛka se,“Mommra mma yɛnkɔ Awurade bepɔw no so,nkɔ Yakob Nyankopɔn fi.Ɔbɛkyerɛkyerɛ yɛn nʼakwansɛnea ɛbɛyɛ a yɛbɛnantew nʼatempɔn so.”Mmara no befi Sion aba,na Awurade asɛm afi Yerusalem.
4Obebu amanaman ntam atɛnna obesiesie nnipa bebree ntam asɛm.Wɔde wɔn afoa bɛbobɔ nsɔwna wɔde wɔn mpeaw ayɛ asosɔw.Ɔman bi rentwe ɔman foforo so afoa,na wɔrenyɛ ahoboa biara mma ɔko bio.
5Mommra. Yakob fifo,momma yɛnnantew Awurade hann mu.
Awurade Da No
6Awurade, woagyaw wo nkurɔfo,Yakob fifo.Gyidihunu a efi apuei fam ahyɛ wɔn ma;wɔhyɛ nkɔm sɛ Filistifona wɔne abosonsomfo fa ayɔnko.
7Dwetɛ ne sikakɔkɔɔ ahyɛ wɔn asase no so ma;wɔn ademude dɔɔso bebree.Apɔnkɔ ayɛ wɔn asase no so ma;na wɔn nteaseɛnam dodow nni ano.
8Ahoni ahyɛ wɔn asase no so ma;wɔkotow sɔre wɔn ankasa nsa ano adwuma,nea wɔn nsateaa ayɛ.
9Enti, Awurade bɛbrɛ onipa asena wama adesamma abotow,mfa wɔn ho nkyɛ wɔn.
10Kɔhyɛn abotan no mu,fa wo ho kosie asase no mu esiane Awurade ho hune nʼanuonyam kɛseyɛ nti!
11Wɔbɛbrɛ ɔhantanni ase,na wɔde nnipa ahomaso ahwe fam;Awurade nko ara na wɔbɛma no so da no.
12Asafo Awurade ahyɛ da biama ahomasofo nyinaane nea ɛma ne ho so nyinaa(wɔbɛbrɛ wɔn ase),
13Lebanon sida nyinaa, atenten ne nea ɛkorɔn,ne Basan odum nnua no,
14mmepɔw atenten nyinaane nkoko a ɛwowaree nyinaa,
15ne abantenten a ɛkorɔnne ɔfasu biara a ɛyɛ den,
16aguadi hyɛn biarane hyɛn kɛse fɛfɛ biara.
17Wɔbɛbrɛ ɔhantanni ase,na wɔde nnipa ahomaso ahwe fam;Awurade nko ara na wɔbɛma no so da no,
18na ahoni no bɛyera korakora.
19Nnipa beguan akɔhyɛ abodan a ɛwɔ abotan mune ntokuru a ɛdeda asase muesiane Awurade ho hune nʼanuonyam kɛseyɛ nti,bere a ɔbɛsɔre awosow asase.
20Saa da no, nnipa bɛtowwɔn dwetɛ ne sikakɔkɔɔ ahonia wɔyɛɛ sɛ wɔbɛsom noagu ama akisi ne mpan.
21Wobeguan akɔhyɛ abotan mu ntokuru mune abotan mpaapae muesiane Awurade ho hune nʼanuonyam kɛseyɛ nti,bere a ɔbɛsɔre awosow asase.
22Munnyae sɛ mode mo ho to nnipa,a wɔwɔ ɔhome kɛkɛ so.Wɔyɛ dɛn koraa?