Skip to content
The Believer's Library

Biblica® Open Akuapem Twi Contemporary Bible 2020

Isaiah 1 OAKCB

Show OAKCB only
Verse × ×
1 The vision of Isaiah son of Amoz concerning Judah and Jerusalem in the days of Uzziah, Jotham, Ahaz, and Hezekiah, kings of Judah. Saa anisoadehu a ɛfa Yuda ne Yerusalem ho no baa Amos babarima Yesaia so wɔ Yuda ahemfo Usia, Yotam, Ahas ne Hesekia mmere so.
2 Hear, heavens, and listen, earth, for our Heavenly Father has spoken: "Children I reared and brought up, but they have rebelled against me. Ɔsoro, muntie! Asase, yɛ aso! Na Awurade akasa: “Matetew mma ama wɔanyinyin, nanso wɔatew me so atua.
3 "The ox knows its owner, and the donkey its master's manger, but Israel does not know, my people do not understand. Nantwi nim ne wura, afurum nso nim ne wura mmoa adididaka, nanso Israel nnim, me nkurɔfo nte ase.”
4 Ah, sinful nation, a people weighed down with guilt, offspring of evildoers, children who act corruptly! They have forsaken our Father, they have spurned the Holy One of Israel—our Father—they have turned their backs and walked away. Nnome nka, amumɔyɛ man, ɔman a wɔn afɔdi so, nnebɔneyɛfo kuw, mma a porɔwee ahyɛ wɔn ma! Wɔatwe wɔn ho afi Awurade ho; wɔapo Israel Kronkronni no, wɔadan wɔn akyi akyerɛ no.
5 Why will you be beaten any longer? Why do you keep on rebelling? The whole head is sick, and the whole heart is faint. Adɛn nti na mopɛ sɛ wɔkɔ so boro mo? Adɛn nti na moda so tew atua? Wɔapira mo ti, na mo koma nso di yaw.
6 From the sole of the foot to the top of the head there is no healthy spot—only wounds, welts, and open sores, not cleaned or bandaged or soothed with oil. Efi mo nan ase kosi mo ti so, ahomeka biara nni mu, apirakuru ne ahonhon nko ara akuru a anim deda hɔ na wɔnhohoro so anaa wɔnkyekyeree anaa wɔmfaa ngo nsrasraa so ɛ.
7 Your land is desolate, your cities burned with fire; in your very presence foreigners devour your fields—a desolation, overthrown by strangers. Mo man ada mpan, wɔde ogya ahyehyew mo nkuropɔn; ananafo regye mo mfuw a mo ani tua, na asɛe sɛnea ɛyɛɛ bere a ahɔho tuu mo gui no.
8 And the daughter of Zion is left like a shelter in a vineyard, like a hut in a cucumber field, like a city under siege. Wɔagyaw Ɔbabea Sion te sɛ bobeturo mu sese te sɛ akuraa a esi ɛfere afuw mu, te sɛ kuropɔn a atamfo atwa ho ahyia.
9 If the Father of heaven's armies had not left us a few survivors, we would have become like Sodom, we would have been like Gomorrah. Sɛ Asafo Awurade annyaw yɛn asefo a, anka yɛayɛ sɛ Sodom, na yɛadan ayɛ sɛ Gomora.
10 Hear the word of our Father, you rulers of Sodom! Listen to the instruction of our Father, you people of Gomorrah! Muntie Awurade asɛm, mo Sodom sodifo; muntie yɛn Nyankopɔn mmara, mo Gomorafo!
11 What are your endless sacrifices to me?" says our Father. "I have had my fill of burnt offerings of rams and the fat of fattened animals; I take no delight in the blood of bulls and lambs and goats. “Mo afɔrebɔ ahorow bebree no, dɛn na ɛyɛ ma me?” Sɛnea Awurade se ni. “Mewɔ ɔhyew afɔrebɔde ma ɛboro so, nea ɛyɛ adwennini ne mmoa a wɔadɔ srade; mʼani nnye anantwinini, nguantenmma ne mpapo mogya ho.
12 When you come to appear before me, who asked this of you—this trampling of my courts? Sɛ moba mʼanim a hena na obisa eyi fi mo hɔ, sɛ mutiatia me fi yi?
13 Stop bringing meaningless offerings! Your incense is detestable to me. New moons, Sabbaths, the calling of assemblies—I cannot stand wickedness mixed with your solemn gatherings. Munnyae afɔrebɔde a ɛmfra a mode ba no! Mo aduhuam yɛ me tan. Ɔsram foforo, homenna ne nhyiamu ahorow, mo nhyiamu hunu no afono me.
14 Your new moons and your appointed feasts my soul hates; they have become a burden to me—I am weary of carrying them. Mo ɔsram foforo afahyɛ ne mo aponto a moahyehyɛ, me kra kyi. Ayɛ adesoa ama me; masoa abrɛ.
15 When you stretch out your hands in prayer, I will hide my eyes from you; even when you offer many prayers, I will not be listening. Your hands are full of blood. Sɛ momema mo nsa so bɔ mpae a, meyi mʼani ato nkyɛn. Sɛ mobɔ mpae bebree mpo a merentie. “Mogya bebree agu mo nsa ho fi.
16 Wash yourselves; make yourselves clean. Take your evil deeds out of my sight; stop doing wrong. “Munnwira mo ho na mo ho ntew. Munnyi mo nnebɔne mfi mʼani so! Munnyae bɔneyɛ,
17 Learn to do good; seek justice, set the oppressor right. Defend the orphan, stand up for the widow. Monyɛ papa! Monhwehwɛ atɛntrenee. Monhyɛ wɔn a wɔhyɛ wɔn so nkuran Munni mma ayisaa, monka akunafo nsɛm mma wɔn.
18 Come now, let us settle this together," says our Father. "Though your sins are like scarlet, they will be as white as snow; though they are red as crimson, they will become like wool. “Afei mommra na yennwen mmɔ mu,” sɛnea Awurade se ni. “Sɛ mo bɔne te sɛ ɔkɔben a, ɛbɛyɛ fitaa sɛ sukyerɛmma; mpo sɛ ɛyɛ kɔkɔɔ te sɛ mogya a ɛbɛyɛ fitaa sɛ asaawa mfuturu.
19 If you are willing and obedient, you will eat the good things of the land; Sɛ mopene so na moyɛ osetie a, mubedi asase no so nnepa.
20 but if you refuse and rebel, you will be devoured by the sword. For the mouth of our Father has spoken." Na sɛ moampene na motew atua a, afoa bedi mo nam.” Awurade na wakasa.
21 How the faithful city has become a prostitute! She was once full of justice; righteousness used to dwell in her—but now murderers. Hwɛ sɛnea kuropɔn nokwafo no adan oguamanfo. Bere bi, na atɛntrenee ahyɛ no ma na anka trenee te ne mu, nanso mprempren, awudifo ahyɛ mu ma!
22 Your silver has become worthless slag, your choice wine diluted with water. Wo dwetɛ adan ade a so nni mfaso, wɔde nsu afra wo nsa papa mu.
23 Your rulers are rebels, partners with thieves; they all love a bribe and chase after gifts. They do not defend the orphan, and the widow gets no hearing from them. Wo sodifo yɛ atuatewfo, akorɔmfo yɔnkonom; wɔn nyinaa pɛ adanmude, na wɔpere akyɛde ho. Wonni mma ayisaa; na akunafo nsɛm nkɔ wɔn anim.
24 Therefore this is the declaration of the Sovereign Father, the Father of heaven's armies, the Mighty One of Israel—our Father: Ah, I will get relief from my adversaries and bring justice against my foes. Enti, Awurade, Asafo Awurade, nea ɔyɛ Ɔkɛse ma Israel no ka se, “Aa, menya ahomegye afi mʼatamfo hɔ na matɔ wɔn so were.
25 I will turn my hand against you; I will smelt away your slag as with lye and remove all your impurities. Mɛma me nsa so, atia mo; mɛhohoro mo ho fi korakora na mayi mo ho nkekae nyinaa.
26 I will restore your judges as in days of old, your counselors as at the beginning. Afterward you will be called the City of Righteousness, the Faithful City. Mɛma mo atemmufo bio sɛ kan no, ne mo afotufo sɛnea na ɛte, mfiase no. Eyi akyi no, wɔbɛfrɛ wo Kuropɔn Trenee, Kuropɔn Nokwafo.”
27 Zion will be redeemed by justice, and those in her who repent, by righteousness. Wɔde atɛntrenee begye Sion bio, na wɔn a wonu wɔn ho no, wɔde trenee begye wɔn.
28 But rebels and sinners will be broken together, and those who forsake our Father will be consumed. Nanso atuatewfo ne nnebɔneyɛfo de, wɔbɛdwerɛw wɔn abɔ mu, na wɔn a wɔpa Awurade akyi bɛyera.
29 You will be ashamed of the sacred oaks you delighted in; you will blush over the gardens you have chosen. “Mo ani bewu, esiane odum anyame a munyaa wɔn mu anigye no; wobegu mo anim ase, esiane nturo a mosom abosom wɔ mu no nti.
30 For you will be like an oak whose leaves wither, like a garden without water. Mobɛyɛ sɛ odum a ne nhaban apo, ne turo a ennya nsu.
31 The strong man will become tinder and his work a spark; both will burn together, with no one to put them out. Ɔhoɔdenfo bɛyɛ sɛ ade a ɛhyew ntɛm nʼadwuma bɛyɛ sɛ ogya a aturuw; abien no bɛhyew abɔ mu, a obiara rentumi nnum.”
FHB

Scripture from Father’s Heart Bible™. © 2026 Spirit Media Publishing, the imprint of Spirit Media Inc. All rights reserved. In Divine Voice™ Color, the words spoken by our Father show in blue, the words of the Son in red, and the words of the Spirit in purple.

OAKCB

Biblica® Wonhia Akuapem Twi Nkwa Asɛm™ ho kwamma nhoma Owurayɛ Tumi © 1996, 2020. Biblica, Inc. na wɔde ma. Biblica® Open Akuapem Twi Contemporary Bible™ Copyright © 1996, 2020 by Biblica, Inc. “Biblica” yɛ ahyɛnsode a Biblica Inc. akogye afi United States Patent and Trademark Office de hyɛ wɔn nneɛma ahorow nso. Gye sɛ Biblica Inc. ma wo ho kwan ansa na woatumi de adi dwuma. “Biblica” is a trademark registered in the United States Patent and Trademark Office by Biblica, Inc. Used with permission.
Biblica® Open Akuapem Twi Contemporary Bible 2020 · Creative Commons - Attribution-ShareAlike [CC BY-SA]