Skip to content
The Believer's Library

Biblica® Open Akuapem Twi Contemporary Bible 2020

Isaiah 3 OAKCB

Show OAKCB only
Verse × ×
1 For look—the Father of heaven's armies is about to strip from Jerusalem and from Judah every support and supply: the whole supply of bread and the whole supply of water, Afei hwɛ, Awurade, Asafo Awurade, rebegyae nea ɔde ma wɔ Yerusalem ne Yuda nyinaa: aduan ne nsu a ɔde ma wɔn nyinaa.
2 the warrior and the soldier, the judge and the prophet, the fortune-teller and the elder, Dɔmmarima ne akofo, otemmufo ne odiyifo, nkɔmhyɛni ne ɔpanyin,
3 the commander of fifty and the man of rank, the counselor, the skilled craftsman, and the clever enchanter. aduonum so panyin ne nea ɔwɔ dibea, ɔfotufo, odwumfo nyansafo ne nkaberekyerefo onifirifo.
4 "I will make mere boys their officials, and childish whim will rule over them. “Mede mmerantewa bɛyɛ wɔn nnwuma so mpanyimfo; na mmofra adi wɔn so.”
5 The people will oppress one another, each man against his neighbor; the young will rise up against the old, and the lowly against the honored." Nnipa bɛhyɛ wɔn ho wɔn ho so, ɔbarima betia ɔbarima, ɔyɔnko betia ne yɔnko. Mmabun bɛsɔre atia wɔn mpanyimfo, apapahwekwa betia onuonyamfo.
6 A man will seize his brother in his father's house and say, "You have a coat—you be our leader; take charge of this heap of ruins." Ɔbarima beso ne nuanom mu baako mu wɔ nʼagya fi aka se, “Wowɔ atade, bɛyɛ yɛn dikanfo; wɔ kurow a adan mmubui siw yi so.”
7 But on that day he will cry out, "I am no healer! There is no bread and no coat in my house—you will not make me leader of the people." Nanso da no ɔbɛteɛ mu se, “Minni nea mede bɛyɛ. Minni aduan anaa ntama wɔ me fi; mfa me nyɛ nnipa no so kannifo.”
8 For Jerusalem has stumbled and Judah has fallen, because their words and their deeds are against our Father, defying his glorious presence. Yerusalem retɔ ntintan, Yuda rehwe ase; wɔn nsɛm ne nneyɛe tia Awurade. Wommu nʼanuonyam a ɛwɔ wɔn mu no.
9 The look on their faces testifies against them; they flaunt their sin like Sodom—they do not hide it. How terrible for them, for they have brought disaster on themselves! Sɛnea wɔn anim te no di adanse tia wɔn; wɔda wɔn bɔne adi te sɛ Sodom; wɔmmfa nsie. Nnome nka wɔn! Wɔakɔfa amanehunu aba wɔn ho so.
10 Tell the righteous it will go well with them, for they will eat the fruit of their deeds. Ka kyerɛ atreneefo se ebesi wɔn yiye, efisɛ wobedi wɔn nneyɛe so aba.
11 How terrible for the wicked! It will go badly for him, for what his hands have done will be repaid to him. Nnome nka amumɔyɛfo! Amanehunu wɔ wɔn so! Wobetua wɔn nea wɔn nsa ayɛ no so ka.
12 My people—children are their oppressors, and women rule over them. My people, your guides lead you astray and have swallowed up the path you should walk. Mmabun hyɛ me nkurɔfo so, mmea di wɔn so. Me nkurɔfo, mo akwankyerɛfo ma moyera; wɔma moman fi ɔtempɔn no so.
13 Our Father takes his stand to bring his case; he rises to judge the peoples. Awurade tena ase wɔ nʼasennii. Ɔma ne mu so bu nkurɔfo no atɛn.
14 Our Father enters into judgment with the elders and officials of his people: "It is you who have devoured the vineyard; the plunder of the poor is in your houses. Awurade bu atɛn de tia ne nkurɔfo mpanyimfo ne akannifo se, “Mo na moasɛe me bobeturo; apoobɔde a efi ahiafo nkyɛn wɔ mo afi mu.
15 What do you mean by crushing my people and grinding the faces of the poor?" declares the Father of heaven's armies. Ase ne dɛn nti na modwerɛw me nkurɔfo na mode ahiafo anim twitwiw fam?” Sɛnea Asafo Awurade se ni.
16 Our Father said: "Because the daughters of Zion are proud—walking with outstretched necks and flirting eyes, mincing along with quick little steps, jingling the anklets on their feet, Awurade kasa se, “Sion mmabea yɛ ahantan; wɔnantew toto wɔn kɔn, wɔdeda wɔn ani akyi, wotutu wɔn anammɔn ntiantia, na wɔn anan ase nkaa gyigye.
17 therefore the Sovereign Father will strike the heads of the daughters of Zion with scabs, and our Father will lay bare their foreheads." Enti Awurade bɛma tikuru abegu Sion mmea ti ho. Awurade bɛma wɔn ti so apa.”
18 On that day the Sovereign Father will strip away their finery: the anklets, the headbands, the crescent ornaments, Da no Awurade beyiyi wɔn afɛfɛde: nkaa, ntamabamma ne kɔnmuade,
19 the earrings, the bracelets, the veils, asokaa, nkapo ne nkataanim,
20 the headdresses, the ankle chains, the sashes, the perfume flasks, the charms, Wɔn mmotiri, anan ase ntweaban, nkyekyeremu, nnuhuam ntoa ne nkabere,
21 the signet rings, the nose rings, nsɔwano mpɛtea ne hwenem nkaa,
22 the festival robes, the capes, the cloaks, the purses, ntade atenten pa, nguguso tiaa a enni nsa, ntade yuu ne sika nkotoku;
23 the hand mirrors, the fine linen garments, the turbans, and the shawls. nhwehwɛ, sirikyi ntade, tinwi so nkaa ne mmati so nguguso.
24 Then, instead of perfume there will be a stench; instead of a sash, a rope; instead of elegantly styled hair, baldness; instead of fine robes, a wrapping of coarse cloth; branding instead of beauty. Nkabɔne besi nea ɛyɛ huam anan mu; ntampehama besi nkatakɔnmu anan mu; ti a ɛso apa besi tinwi a wɔasiesie anan mu; atweaatam besi ntama pa anan mu; honam ani atwaatwa besi ahoɔfɛ anan mu.
25 Your men will fall by the sword, your warriors in the battle. Wo mmarima bɛtotɔ afoa ano, wʼakofo wɔ ɔko mu.
26 Her gates will mourn and lament; stripped bare, she will sit on the ground. Sion apon betwa adwo, adi awerɛhow; onnibi, ɔbɛtena fam.
FHB

Scripture from Father’s Heart Bible™. © 2026 Spirit Media Publishing, the imprint of Spirit Media Inc. All rights reserved. In Divine Voice™ Color, the words spoken by our Father show in blue, the words of the Son in red, and the words of the Spirit in purple.

OAKCB

Biblica® Wonhia Akuapem Twi Nkwa Asɛm™ ho kwamma nhoma Owurayɛ Tumi © 1996, 2020. Biblica, Inc. na wɔde ma. Biblica® Open Akuapem Twi Contemporary Bible™ Copyright © 1996, 2020 by Biblica, Inc. “Biblica” yɛ ahyɛnsode a Biblica Inc. akogye afi United States Patent and Trademark Office de hyɛ wɔn nneɛma ahorow nso. Gye sɛ Biblica Inc. ma wo ho kwan ansa na woatumi de adi dwuma. “Biblica” is a trademark registered in the United States Patent and Trademark Office by Biblica, Inc. Used with permission.
Biblica® Open Akuapem Twi Contemporary Bible 2020 · Creative Commons - Attribution-ShareAlike [CC BY-SA]