Skip to content
The Believer's Library

Biblica® Open Akuapem Twi Contemporary Bible 2020

Amos 3 OAKCB

Show OAKCB only
Verse × ×
1 Hear this word our Father has spoken against you, children of Israel—against the whole family I brought up from Egypt: Muntie saa asɛm a Awurade aka atia mo yi, Israelfo, nea etia abusua a miyii wɔn fii Misraim no nyinaa:
2 Of all the families of the earth, I have known only you; therefore I will hold you accountable for all your sins. “Mo nko ara na mayi mo wɔ mmusua a ɛwɔ asase so nyinaa mu; enti mɛtwe mo aso wɔ mo bɔne nyinaa ho.”
3 Do two walk together, unless they have agreed to meet? Nnipa baanu betumi abɔ mu anantew, wɔ bere a wɔnyɛɛ nokoro ana?
4 Does a lion roar in the forest when he has no prey? Does a young lion cry out from his den if he has caught nothing? Gyata bobɔ mu wɔ ɔdɔtɔ ase wɔ bere a onhuu hanam biara ana? Ɔbobɔ mu wɔ ne tu mu wɔ bere a ɔnkyeree hanam biara ana?
5 Does a bird fall into a snare on the ground when there is no trap for it? Does a snare spring up from the earth when it has caught nothing? Anomaa bɛtɔ afiri mu wɔ fam wɔ baabi a wonsum afiri ana? Afiri huan konkɔn hɔ wɔ bere a enyii aboa ana?
6 If a ram's horn is blown in a city, will the people not tremble? If disaster comes to a city, has our Father not done it? Sɛ wɔhyɛn torobɛnto wɔ kuropɔn mu a nnipa no ho mpopo ana? Sɛ atoyerɛnkyɛm ba kuropɔn bi mu a ɛnyɛ Awurade na ɔyɛe ana?
7 Surely the Sovereign Father does nothing without revealing his secret to his servants the prophets. Ampa ara, Otumfo Awurade nyɛ biribi a ɔnna ne nhyehyɛe adi nkyerɛ nʼAsomafo adiyifo no.
8 The lion has roared—who will not fear? The Sovereign Father has spoken—who can keep from prophesying? Gyata no abobɔ mu, hena na onnsuro? Otumfo Awurade akasa, hena na ɔrenhyɛ ho nkɔm?
9 Proclaim over the strongholds in Ashdod and over the strongholds in the land of Egypt, and say: "Assemble on the mountains of Samaria and see the great uproar within her, and the oppression in her midst." Mompae mu nka nkyerɛ Asdod aban ne Misraim aban: “Mommoaboa mo ho ano wɔ Samaria mmepɔw so; hwɛ basabasayɛ a ɛwɔ no so ne nhyɛso a ɛwɔ ne nkurɔfo mu.”
10 They do not know how to do right, declares our Father—those who hoard up violence and plunder in their strongholds. “Wonnim sɛnea wɔyɛ nea eye,” sɛnea Awurade se ni. “Wɔde nneɛma a wɔafow ne nea wɔawia sie wɔ wɔn aban mu.”
11 So the Sovereign Father says: An enemy will surround the land, topple your defenses, and loot your strongholds. Ɛno nti, sɛɛ na Otumfo Awurade se, “Ɔtamfo bi betwiw afa mo asase no so; Obebubu mo bammɔ agu, na wɔafow mo aban.”
12 This is what our Father says: As a shepherd rescues two legs or a piece of an ear from the lion's mouth, so the children of Israel living in Samaria will be rescued—with a corner of a couch, part of a bed. Nea Awurade se ni: “Sɛnea oguanhwɛfo gye anan abien nnompe anaa aso sin pɛ fi gyata anum no, saa ara na wobegye Israelfo nkwa, wɔn a wɔtete wɔn mpa ntwea so wɔ Samaria, ne wɔn a wɔdeda nkongua pa mu wɔ Damasko no.”
13 Hear, and testify against the house of Jacob, declares the Sovereign Father, the Father of heaven's armies: “Tie eyi, na di adanse tia Yakobfi,” sɛnea Awurade, Asafo Awurade Nyankopɔn se ni.
14 On the day I punish Israel for his rebellions, I will also punish the altars of Bethel; the horns of the altar will be cut off and fall to the ground. “Da a mɛtwe Israel aso wɔ ne nnebɔne ho no, mɛsɛe afɔremuka a ɛwɔ Bet-El; wobetwitwa afɔremuka no mmɛn na abu ahwe fam.
15 I will strike the winter house along with the summer house; the houses of ivory will perish, and the great houses will come to an end, declares our Father. Medwiriw awɔwbere mu ofi ne ahuhurubere mu ofi agu; na afi a wɔde asonse adura ho no wɔbɛsɛe no na afi akɛse no nso wobebubu agu,” sɛnea Awurade se ni.
FHB

Scripture from Father’s Heart Bible™. © 2026 Spirit Media Publishing, the imprint of Spirit Media Inc. All rights reserved. In Divine Voice™ Color, the words spoken by our Father show in blue, the words of the Son in red, and the words of the Spirit in purple.

OAKCB

Biblica® Wonhia Akuapem Twi Nkwa Asɛm™ ho kwamma nhoma Owurayɛ Tumi © 1996, 2020. Biblica, Inc. na wɔde ma. Biblica® Open Akuapem Twi Contemporary Bible™ Copyright © 1996, 2020 by Biblica, Inc. “Biblica” yɛ ahyɛnsode a Biblica Inc. akogye afi United States Patent and Trademark Office de hyɛ wɔn nneɛma ahorow nso. Gye sɛ Biblica Inc. ma wo ho kwan ansa na woatumi de adi dwuma. “Biblica” is a trademark registered in the United States Patent and Trademark Office by Biblica, Inc. Used with permission.
Biblica® Open Akuapem Twi Contemporary Bible 2020 · Creative Commons - Attribution-ShareAlike [CC BY-SA]