Skip to content
The Believer's Library

Biblica® Open Akuapem Twi Contemporary Bible 2020

Amos 2 OAKCB

Show OAKCB only
Verse × ×
1 This is what our Father says: For three sins of Moab, and for four, I will not revoke it—he burned the bones of Edom's king to lime. Nea Awurade se ni: “Moab ayɛ bɔne bebree ama no atra so, ɛno nti, merennan mʼabufuw. Ɔhyew Edomhene nnompe, maa ɛdan nsõ.
2 So I will send fire on Moab, and it will devour the strongholds of Kerioth; Moab will die amid the uproar, with shouting and the sound of the shofar. Mede ogya bɛto Moab mu, na ahyew Keriot aban. Moab bɛhwe ase wɔ huuyɛ, ɔko nteɛteɛmu ne torobɛnto nnyigyei mu.
3 I will cut off the ruler from her midst and kill all her officials with him, says our Father. Mɛsɛe ne hene na makunkum ne mmapɔmma aka ne ho,” sɛnea Awurade se ni.
4 This is what our Father says: For three sins of Judah, and for four, I will not revoke it—they rejected our Father's instruction and did not keep his rules, and their lies led them astray, the same lies their ancestors followed. Nea Awurade se ni: “Yuda ayɛ bɔne bebree ama no atra so, ɛno nti, merennan mʼabufuw. Wɔapo Awurade mmara no na wɔanni nʼahyɛde so efisɛ atoro anyame no ama wɔafom ɔkwan no, anyame a wɔn nenanom dii akyi no.
5 So I will send fire on Judah, and it will devour the strongholds of Jerusalem. Mede ogya bɛto Yuda mu na ahyew Yerusalem aban.”
6 This is what our Father says: For three sins of Israel, and four, I won't relent—they sell the righteous for silver, the needy for a pair of sandals. Nea Awurade se ni: “Israel ayɛ bɔne bebree ama no atra so, ɛno nti, merennan mʼabufuw. Wɔtɔn atreneefo de gye dwetɛ, ne ahiafo de gye mpaboa.
7 They trample the heads of the poor into the dust of the earth and push the afflicted off the road. A man and his father go to the same girl, profaning my holy name. Wotiatia ahiafo so te sɛnea wɔyɛ fam mfutuma na wɔma atɛntrenee bɔ mmɔborɔfo. Agya ne ne ba ne ɔbea baako da de gu me din kronkron no ho fi.
8 They stretch out beside every altar on garments taken as collateral, and in the house of their God they drink the wine of those they have fined. Wɔdeda afɔremuka biara ho wɔ wɔn awowa ntama so. Wɔn anyame fi mu no, wɔnom nsa a wɔagye sɛ mmaratode.
9 Yet it was I who destroyed the Amorite before them, as tall as the cedars and as strong as the oaks; I destroyed his fruit above and his roots below. “Mesɛee Amorifo no wɔ wɔn anim, ɛwɔ mu sɛ wɔwoware te sɛ sida. Wɔn ho nso yɛ den sɛ odum. Nanso mesɛee nʼaba wɔ ne soro, ne ne ntin wɔ nʼase.
10 And it was I who brought you up out of the land of Egypt and led you forty years in the wilderness, to take possession of the land of the Amorite. Miyii mo fii Misraim, na midii mo anim mfirihyia aduanan wɔ sare so sɛnea mede Amorifo asase bɛma mo.
11 I raised up some of your sons as prophets and some of your young men as Nazirites. Is this not so, people of Israel? declares our Father. Miyiyii mo mmabarima no bi yɛɛ wɔn adiyifo, ne mo mmerante ebinom sɛ Naserefo. Na ɛnte saa ana, Israelfo?” Nea Awurade bisa ni.
12 But you made the Nazirites drink wine, and you commanded the prophets, saying, "Do not prophesy." “Nanso momaa Naserefo no nom nsa na mohyɛɛ adiyifo no sɛ wɔnnhyɛ nkɔm.
13 Look, I will crush you in your place, as a cart full of sheaves crushes the ground beneath it. “Na afei, mɛdwerɛw mo sɛnea teaseɛnam a aduan ayɛ no ma mia asase no.
14 Even the swift will find no escape, the strong will not hold on to his strength, and the warrior will not save his life. Ahoɔharefo rentumi nguan. Ahoɔdenfo rennya ahoɔden, na ɔkofo rennya ne ti nnidi mu.
15 The archer will not stand his ground, the fleet-footed will not escape, and the horseman will not save his life. Agyantowfo rentumi nnyina nea ogyina. Asraafo ahoɔharefo rentumi nguan, na ɔpɔnkɔsotefo rentumi mpere ne nkwa.
16 Even the bravest of the warriors will flee away naked on that day, declares our Father. Mpo akofo akokodurufo de adagyaw beguan wɔ saa da no,” sɛnea Awurade se ni.
FHB

Scripture from Father’s Heart Bible™. © 2026 Spirit Media Publishing, the imprint of Spirit Media Inc. All rights reserved. In Divine Voice™ Color, the words spoken by our Father show in blue, the words of the Son in red, and the words of the Spirit in purple.

OAKCB

Biblica® Wonhia Akuapem Twi Nkwa Asɛm™ ho kwamma nhoma Owurayɛ Tumi © 1996, 2020. Biblica, Inc. na wɔde ma. Biblica® Open Akuapem Twi Contemporary Bible™ Copyright © 1996, 2020 by Biblica, Inc. “Biblica” yɛ ahyɛnsode a Biblica Inc. akogye afi United States Patent and Trademark Office de hyɛ wɔn nneɛma ahorow nso. Gye sɛ Biblica Inc. ma wo ho kwan ansa na woatumi de adi dwuma. “Biblica” is a trademark registered in the United States Patent and Trademark Office by Biblica, Inc. Used with permission.
Biblica® Open Akuapem Twi Contemporary Bible 2020 · Creative Commons - Attribution-ShareAlike [CC BY-SA]