Skip to content
The Believer's Library

Biblica® Open Akuapem Twi Contemporary Bible 2020

Amos 2 OAKCB

Side by side with the Father's Heart Bible™

1Nea Awurade se ni:“Moab ayɛ bɔne bebree ama no atra so,ɛno nti, merennan mʼabufuw.Ɔhyew Edomhene nnompe,maa ɛdan nsõ.

2Mede ogya bɛto Moab mu,na ahyew Keriot aban.Moab bɛhwe ase wɔ huuyɛ,ɔko nteɛteɛmu ne torobɛnto nnyigyei mu.

3Mɛsɛe ne henena makunkum ne mmapɔmma aka ne ho,”sɛnea Awurade se ni.

4Nea Awurade se ni:“Yuda ayɛ bɔne bebree ama no atra so,ɛno nti, merennan mʼabufuw.Wɔapo Awurade mmara nona wɔanni nʼahyɛde soefisɛ atoro anyame noama wɔafom ɔkwan no,anyame a wɔn nenanom dii akyi no.

5Mede ogya bɛto Yuda muna ahyew Yerusalem aban.”

Israel Atemmu

6Nea Awurade se ni:“Israel ayɛ bɔne bebree ama no atra so,ɛno nti, merennan mʼabufuw.Wɔtɔn atreneefo de gye dwetɛ,ne ahiafo de gye mpaboa.

7Wotiatia ahiafo sote sɛnea wɔyɛ fam mfutumana wɔma atɛntrenee bɔ mmɔborɔfo.Agya ne ne ba ne ɔbea baako dade gu me din kronkron no ho fi.

8Wɔdeda afɔremuka biara howɔ wɔn awowa ntama so.Wɔn anyame fi mu no,wɔnom nsa a wɔagye sɛ mmaratode.

9“Mesɛee Amorifo no wɔ wɔn anim,ɛwɔ mu sɛ wɔwoware te sɛ sida.Wɔn ho nso yɛ den sɛ odum.Nanso mesɛee nʼaba wɔ ne soro,ne ne ntin wɔ nʼase.

10Miyii mo fii Misraim,na midii mo anim mfirihyia aduanan wɔ sare sosɛnea mede Amorifo asase bɛma mo.

11Miyiyii mo mmabarima no bi yɛɛ wɔn adiyifo,ne mo mmerante ebinom sɛ Naserefo.Na ɛnte saa ana, Israelfo?”Nea Awurade bisa ni.

12“Nanso momaa Naserefo no nom nsana mohyɛɛ adiyifo no sɛ wɔnnhyɛ nkɔm.

13“Na afei, mɛdwerɛw mosɛnea teaseɛnam a aduan ayɛ no ma mia asase no.

14Ahoɔharefo rentumi nguan.Ahoɔdenfo rennya ahoɔden,na ɔkofo rennya ne ti nnidi mu.

15Agyantowfo rentumi nnyina nea ogyina.Asraafo ahoɔharefo rentumi nguan,na ɔpɔnkɔsotefo rentumi mpere ne nkwa.

16Mpo akofo akokodurufode adagyaw beguan wɔ saa da no,”sɛnea Awurade se ni.

Biblica® Wonhia Akuapem Twi Nkwa Asɛm™ ho kwamma nhoma Owurayɛ Tumi © 1996, 2020. Biblica, Inc. na wɔde ma. Biblica® Open Akuapem Twi Contemporary Bible™ Copyright © 1996, 2020 by Biblica, Inc. “Biblica” yɛ ahyɛnsode a Biblica Inc. akogye afi United States Patent and Trademark Office de hyɛ wɔn nneɛma ahorow nso. Gye sɛ Biblica Inc. ma wo ho kwan ansa na woatumi de adi dwuma. “Biblica” is a trademark registered in the United States Patent and Trademark Office by Biblica, Inc. Used with permission.
Biblica® Open Akuapem Twi Contemporary Bible 2020 · Creative Commons - Attribution-ShareAlike [CC BY-SA]