Skip to content
The Believer's Library

Biblica® Open Akuapem Twi Contemporary Bible 2020

Amos 1 OAKCB

Side by side with the Father's Heart Bible™

1Amos, Tekoa nguanhwɛfo no mu baako nsɛm ni. Onyaa saa anisoadehu yi a ɛfa Israel ho mfe abien ansa na asase wosowee, bere a Usia di hene wɔ Yuda na Yoas babarima Yeroboam nso di hene wɔ Israel no.

2Ɔkae se,“Awurade bobɔ mu fi Sion bepɔw sona ɔde aprannaa nnyigyei nso fi Yerusalem;nguanhwɛfo mmoa adidibea rehyewna Karmel atifi nso kisa.”

Atemmu A Ɛfa Amanamanmufo Ahorow Ho

3Nea Awurade se ni:“Damasko ayɛ bɔne bebree ama no atra soɛno nti, merennan mʼabufuw.Efisɛ ɔde awiporowbea ade a ɛwɔ dade sedwerɛw Gilead.

4Mede ogya bɛto Hasael fina ahyew Ben-Hadad aban no.

5Mebubu Damasko apon,na mɛsɛe ɔhene a ɔwɔ Awen bon no mu none nea okura ahempema wɔ Bet Eden no.Na Aramfo bɛkɔ nnommum mu wɔ Kir,”sɛnea Awurade se ni.

6Nea Awurade se ni:“Gasa ayɛ bɔne bebree ama no atra so,ɛno nti, merennan mʼabufuw no.Ɔfaa ɔman mu no nyinaa nnommumna ɔtɔn wɔn maa Edomfo.

7Mede ogya bɛto Gasa afasu mu,na ahyew nʼaban no.

8Mɛsɛe Asdod hene none nea okura ahempema wɔ Askelon no.Mɛdan me nsa atia Ekron,kosi sɛ Filistini a otwa to no bewu,”sɛnea Asafo Awurade se ni.

9Nea Awurade se ni:“Tiro ayɛ bɔne bebree ama no atra so,ɛno nti, merennan mʼabufuw.Ɔfaa ɔmanmu no nnommumna ɔtɔn wɔn maa Edomfo,a wankae onuadɔ apam.

10Mede ogya bɛto Tiro afasu no mu,na ahyew nʼaban.”

11Nea Awurade se ni:“Edom ayɛ bɔne bebree ama no atra so,ɛno nti, merennan mʼabufuw.Ɔde afoa taataa ne nua,a wannya ayamhyehye biara.Efisɛ ne bo kɔɔ so fuwii,na obiara antumi annwudwo nʼabufuw no ano.

12Mede ogya bɛto Teman mu,na ahyew Bosra aban.”

13Sɛnea Awurade se ni:“Amon ayɛ bɔne bebree ama no atra so,ɛno nti, merennan mʼabufuw.Ɔde afoa paapaee Gilead apemfo yafunu mude trɛw nʼahye mu.

14Mede ogya bɛto Raba afasu muna ahyew nʼabanwɔ ɔko da mu nteɛteɛmune ahum da mfɛtɛ mu.

15Na ne hene ne mmapɔmmabɛbɔ mu akɔ nnommum mu,”sɛnea Awurade se ni.

Biblica® Wonhia Akuapem Twi Nkwa Asɛm™ ho kwamma nhoma Owurayɛ Tumi © 1996, 2020. Biblica, Inc. na wɔde ma. Biblica® Open Akuapem Twi Contemporary Bible™ Copyright © 1996, 2020 by Biblica, Inc. “Biblica” yɛ ahyɛnsode a Biblica Inc. akogye afi United States Patent and Trademark Office de hyɛ wɔn nneɛma ahorow nso. Gye sɛ Biblica Inc. ma wo ho kwan ansa na woatumi de adi dwuma. “Biblica” is a trademark registered in the United States Patent and Trademark Office by Biblica, Inc. Used with permission.
Biblica® Open Akuapem Twi Contemporary Bible 2020 · Creative Commons - Attribution-ShareAlike [CC BY-SA]