Skip to content
The Believer's Library

Biblica® Open Akuapem Twi Contemporary Bible 2020

Joel 3 OAKCB

Side by side with the Father's Heart Bible™

Aman No Atemmu

1“Saa nna no mu,mede Yuda ne Yerusalem ahonyade bɛsan aba.

2Mɛboa aman nyinaa ano,na mede wɔn aba Yehosafat bon mu.Ɛhɔ na mebu wɔn atɛnwɔ nea wɔyɛɛ mʼagyapade, a ɛyɛ Israelfo ho,efisɛ wɔbɔɔ me nkurɔfo hwetee aman so,na wɔkyekyɛɛ mʼasase mu.

3Wɔbɔɔ me nkurɔfo so ntonto,Wɔtɔn mmerantewa de mu sika bɔɔ aguaman.Wɔtɔn mmeawa nso de gyee nsa,a wɔbɛnom.

4“Dɛn na mowɔ tia me, Tiro ne Sidon ne mo Filisti amantam nyinaa? Mopɛ sɛ motɔ me so were ana? Sɛ saa na ɛte de a, monhwɛ yiye. Mɛyɛ ntɛm, atua mo biribiara a moayɛ no so ka. 5Mofaa me dwetɛ ne me sikakɔkɔɔ ne mʼagyapade a ɛsom bo, na mosoa koguu mo abosonnan mu. 6Motontɔn nnipa a wɔte Yuda ne Yerusalem maa Helafo sɛnea ɛbɛyɛ a, wobefi wɔn asase so akɔ akyirikyiri.

7“Nanso, mɛsan de wɔn afi faako a mokɔtɔn wɔn no aba, na nea moayɛ no nyinaa, metua mo so ka. 8Mɛtontɔn mo mmabarima ne mo mmabea ama Yudafo, na wɔn nso atɔn wɔn ama Arabfo, ɔman a ɛwɔ akyirikyiri no.” Me, Awurade, na makasa.

9Mompae mu nka eyi wɔ aman so:Munsiesie mo ho mma ɔko!Monkanyan asraafo!Momma mo mmarima akofo no ntwiw mmra, na wɔmmɛko.

10Momfa mo funtumnnade no mmɔ afoa,na momfa mo asosɔw mmɔ mpeaw.Ma nea wɔayɛ mmerɛw nka se,“mewɔ ahoɔden!”

11Monyɛ ntɛm mmra,mo amanaman a moatwa ahyia,mommɛboa mo ho ano wɔ hɔ.Fa wʼakofo bra, Awurade!

12“Wɔnkanyan aman no;wontu nteɛ nkɔ Yehosafat bon no mu,efisɛ ɛhɔ na mɛtenana mabu aman a atwa ahyia no nyinaa atɛn.

13Munhwim kantankrankyi no,efisɛ otwabere no adu so.Mommra, muntiatia bobe no so,efisɛ nsakyiamoa no ayɛ mana ahina no ayɛ ma abu so.Saa ara na wɔn amumɔyɛ dɔɔso!”

14Nnipadɔm, nnipadɔmwɔ gyinaesi subon no mu!Awurade da no abɛnwɔ gyinaesi subon no mu.

15Owia ne ɔsram beduru sum,na nsoromma renhyerɛn bio.

16Awurade bɛbobɔ mu afi Sion,ne nne gyegyeegye afi Yerusalem,asase ne ɔsoro bɛwosow.Nanso Awurade bɛyɛ guankɔbea ama ne nkurɔfo,ɔbɛyɛ abandennen ama Israelfo.

Onyankopɔn Nkurɔfo Nhyira

17“Afei mubehu sɛ, me Awurade, mo Nyankopɔn,mete Sion, me bepɔw kronkron so.Yerusalem bɛyɛ kronkron;na ananafo rentu wɔn so sa bio.

18“Saa da no, nsa foforo bɛsosɔ afi mmepɔw no mu,na nufusu ateɛ wɔ nkoko so;Nsu bɛba Yuda nsuwansuwa mu,na asuti betue afi Awurade fi,na agugu akasia subon no so nsu.

19Nanso Misraim bɛdan amamfo,na Edom nso bɛyɛ nweatam,esiane awurukasɛm a wɔyɛ de tiaa nnipa a wɔwɔ Yuda nti.Ɛhɔ na wohwiee mogya a enni fɔ gui.

20Nnipa bɛtena Yuda afebɔɔna Yerusalem de, wɔbɛtena hɔ awo ntoatoaso nyinaa mu.

21So merentɔ wɔn mogya a edi bem no so were ana?Mɛtɔ kɛ.”Awurade te Sion!

Biblica® Wonhia Akuapem Twi Nkwa Asɛm™ ho kwamma nhoma Owurayɛ Tumi © 1996, 2020. Biblica, Inc. na wɔde ma. Biblica® Open Akuapem Twi Contemporary Bible™ Copyright © 1996, 2020 by Biblica, Inc. “Biblica” yɛ ahyɛnsode a Biblica Inc. akogye afi United States Patent and Trademark Office de hyɛ wɔn nneɛma ahorow nso. Gye sɛ Biblica Inc. ma wo ho kwan ansa na woatumi de adi dwuma. “Biblica” is a trademark registered in the United States Patent and Trademark Office by Biblica, Inc. Used with permission.
Biblica® Open Akuapem Twi Contemporary Bible 2020 · Creative Commons - Attribution-ShareAlike [CC BY-SA]