Skip to content
The Believer's Library

Biblica® Open Akuapem Twi Contemporary Bible 2020

Joel 3 OAKCB

Show OAKCB only
Verse × ×
1 "For look, in those days and at that time, when I restore the fortunes of Judah and Jerusalem, “Saa nna no mu, mede Yuda ne Yerusalem ahonyade bɛsan aba.
2 I will gather all the nations and bring them down to the Valley of Jehoshaphat. There I will judge them on behalf of my people, my inheritance Israel, whom they scattered among the nations; for they divided up my land, Mɛboa aman nyinaa ano, na mede wɔn aba Yehosafat bon mu. Ɛhɔ na mebu wɔn atɛn wɔ nea wɔyɛɛ mʼagyapade, a ɛyɛ Israelfo ho, efisɛ wɔbɔɔ me nkurɔfo hwetee aman so, na wɔkyekyɛɛ mʼasase mu.
3 and they cast lots for my people. They traded a boy for a prostitute, and sold a girl for wine to drink. Wɔbɔɔ me nkurɔfo so ntonto, Wɔtɔn mmerantewa de mu sika bɔɔ aguaman. Wɔtɔn mmeawa nso de gyee nsa, a wɔbɛnom.
4 "Now what do you have against me, Tyre and Sidon, and all the regions of Philistia? Are you repaying me for something I have done? If you are paying me back, I will swiftly and speedily bring what you have done back on your own heads. “Dɛn na mowɔ tia me, Tiro ne Sidon ne mo Filisti amantam nyinaa? Mopɛ sɛ motɔ me so were ana? Sɛ saa na ɛte de a, monhwɛ yiye. Mɛyɛ ntɛm, atua mo biribiara a moayɛ no so ka.
5 For you took my silver and my gold and carried my finest treasures into your temples. Mofaa me dwetɛ ne me sikakɔkɔɔ ne mʼagyapade a ɛsom bo, na mosoa koguu mo abosonnan mu.
6 You sold the people of Judah and Jerusalem to the Greeks, to send them far away from their own land. Motontɔn nnipa a wɔte Yuda ne Yerusalem maa Helafo sɛnea ɛbɛyɛ a, wobefi wɔn asase so akɔ akyirikyiri.
7 "But look, I am rousing them from the place to which you sold them, and I will bring what you have done back on your own heads. “Nanso, mɛsan de wɔn afi faako a mokɔtɔn wɔn no aba, na nea moayɛ no nyinaa, metua mo so ka.
8 I will sell your sons and daughters to the people of Judah, and they will sell them to the Sabeans, to a nation far away—for our Father has spoken." Mɛtontɔn mo mmabarima ne mo mmabea ama Yudafo, na wɔn nso atɔn wɔn ama Arabfo, ɔman a ɛwɔ akyirikyiri no.” Me, Awurade, na makasa.
9 Proclaim this among the nations: Prepare for war! Rouse the warriors! Let all the fighting men draw near and come up. Mompae mu nka eyi wɔ aman so: Munsiesie mo ho mma ɔko! Monkanyan asraafo! Momma mo mmarima akofo no ntwiw mmra, na wɔmmɛko.
10 Beat your plowshares into swords and your pruning hooks into spears; let the weakling say, "I am a warrior." Momfa mo funtumnnade no mmɔ afoa, na momfa mo asosɔw mmɔ mpeaw. Ma nea wɔayɛ mmerɛw nka se, “mewɔ ahoɔden!”
11 Hurry and come, all you surrounding nations, and gather yourselves there. Bring down your warriors, our Father. Monyɛ ntɛm mmra, mo amanaman a moatwa ahyia, mommɛboa mo ho ano wɔ hɔ. Fa wʼakofo bra, Awurade!
12 "Let the nations rouse themselves and come up to the Valley of Jehoshaphat; for there I will sit to judge all the surrounding nations. “Wɔnkanyan aman no; wontu nteɛ nkɔ Yehosafat bon no mu, efisɛ ɛhɔ na mɛtena na mabu aman a atwa ahyia no nyinaa atɛn.
13 Swing the sickle, for the harvest is ripe. Come, trample, for the winepress is full and the vats overflow—for their wickedness is great." Munhwim kantankrankyi no, efisɛ otwabere no adu so. Mommra, muntiatia bobe no so, efisɛ nsakyiamoa no ayɛ ma na ahina no ayɛ ma abu so. Saa ara na wɔn amumɔyɛ dɔɔso!”
14 Multitudes, multitudes in the valley of decision! For the day of our Father is near in the valley of decision. Nnipadɔm, nnipadɔm wɔ gyinaesi subon no mu! Awurade da no abɛn wɔ gyinaesi subon no mu.
15 The sun and the moon grow dark, and the stars hold back their light. Owia ne ɔsram beduru sum, na nsoromma renhyerɛn bio.
16 Our Father roars from Zion and raises his voice from Jerusalem; the heavens and the earth tremble. But our Father is a refuge for his people, a stronghold for the children of Israel. Awurade bɛbobɔ mu afi Sion, ne nne gyegyeegye afi Yerusalem, asase ne ɔsoro bɛwosow. Nanso Awurade bɛyɛ guankɔbea ama ne nkurɔfo, ɔbɛyɛ abandennen ama Israelfo.
17 "Then you will know that I am your Father, living in Zion, my holy mountain. Jerusalem will be holy, and foreigners will never pass through it again. “Afei mubehu sɛ, me Awurade, mo Nyankopɔn, mete Sion, me bepɔw kronkron so. Yerusalem bɛyɛ kronkron; na ananafo rentu wɔn so sa bio.
18 "And in that day the mountains will drip with sweet wine, the hills will flow with milk, and all the streambeds of Judah will run with water. A spring will flow from my house and water the Valley of Acacias. “Saa da no, nsa foforo bɛsosɔ afi mmepɔw no mu, na nufusu ateɛ wɔ nkoko so; Nsu bɛba Yuda nsuwansuwa mu, na asuti betue afi Awurade fi, na agugu akasia subon no so nsu.
19 Egypt will become a wasteland and Edom a desolate wilderness, because of the violence done to the people of Judah, in whose land they shed innocent blood. Nanso Misraim bɛdan amamfo, na Edom nso bɛyɛ nweatam, esiane awurukasɛm a wɔyɛ de tiaa nnipa a wɔwɔ Yuda nti. Ɛhɔ na wohwiee mogya a enni fɔ gui.
20 But Judah will be inhabited forever, and Jerusalem through all generations. Nnipa bɛtena Yuda afebɔɔ na Yerusalem de, wɔbɛtena hɔ awo ntoatoaso nyinaa mu.
21 I will cleanse the guilt of the blood shed against them—which I have not yet cleansed—for our Father dwells in Zion." So merentɔ wɔn mogya a edi bem no so were ana? Mɛtɔ kɛ.” Awurade te Sion!
FHB

Scripture from Father’s Heart Bible™. © 2026 Spirit Media Publishing, the imprint of Spirit Media Inc. All rights reserved. In Divine Voice™ Color, the words spoken by our Father show in blue, the words of the Son in red, and the words of the Spirit in purple.

OAKCB

Biblica® Wonhia Akuapem Twi Nkwa Asɛm™ ho kwamma nhoma Owurayɛ Tumi © 1996, 2020. Biblica, Inc. na wɔde ma. Biblica® Open Akuapem Twi Contemporary Bible™ Copyright © 1996, 2020 by Biblica, Inc. “Biblica” yɛ ahyɛnsode a Biblica Inc. akogye afi United States Patent and Trademark Office de hyɛ wɔn nneɛma ahorow nso. Gye sɛ Biblica Inc. ma wo ho kwan ansa na woatumi de adi dwuma. “Biblica” is a trademark registered in the United States Patent and Trademark Office by Biblica, Inc. Used with permission.
Biblica® Open Akuapem Twi Contemporary Bible 2020 · Creative Commons - Attribution-ShareAlike [CC BY-SA]