Skip to content
The Believer's Library

Biblica® Open Akuapem Twi Contemporary Bible 2020

Joel 2 OAKCB

Show OAKCB only
Verse × ×
1 Blow the ram's horn in Zion; sound the alarm on my holy mountain! Let all who live in the land tremble, for the day of our Father is coming—it is near: Hyɛn torobɛnto no wɔ Sion; hyɛn abɛn no wɔ me bepɔw kronkron no so. Ma wɔn a wɔte asase no so nyinaa ho mpopo, efisɛ Awurade da no reba, na abɛn koraa.
2 A day of darkness and gloom, a day of clouds and thick darkness. Like dawn spreading across the mountains, a great and mighty army comes—nothing like it has ever been before, and nothing like it will ever come again. Sum ne kusukuukuu da. Omununkum ne sum kabii da. Sɛnea adekyee hann trɛtrɛw wɔ mmepɔw so no, saa ara na asraafo a wɔdɔɔso na wɔyɛ den ba no te. Wonhuu wɔn sɛso bi da, na wɔrenhu ne sɛso nso da.
3 Before them fire devours, and behind them a flame blazes. The land before them is like the garden of Eden, but behind them a desolate wilderness—and nothing escapes them. Ogya rehyew wɔ wɔn anim, ogyatannaa dɛw wɔ wɔn akyi, asase a ɛda wɔn anim no te sɛ Eden turo, nea ɛda wɔn akyi no te sɛ nweatam, hwee nguan wɔn.
4 They look like horses; like war horses they charge. Wɔte sɛ apɔnkɔ. Wohuruhuruw te sɛ apɔnkɔsotefo asraafo.
5 Like the rumbling of chariots they leap over the mountaintops, like the crackling of flame consuming stubble, like a mighty army drawn up for battle. Wɔyɛ gyegyeegye te sɛ nteaseɛnam na wotu fa mmepɔw atifi, wɔte sɛ ogyatannaa a ɛhyew nwuraguanee wɔte sɛ asraafo akantinka a wɔrekɔ ɔsa.
6 Before them peoples writhe in anguish; every face grows pale. Aman ani bɔ wɔn so a, ehu bɔ wɔn; na wɔn anim hoa.
7 Like warriors they charge; like soldiers they scale the wall. Each marches in line, never swerving from its course. Wɔko kɔ wɔn anim te sɛ akofo; wɔforo afasu te sɛ asraafo na wɔn nyinaa kɔ wɔn anim tee, na wɔmman benkum anaa nifa.
8 They do not jostle one another; each keeps to its own path. They burst through the weapons and are not halted. Wontwintwan wɔn ho wɔn ho anan mu; obiara nantew kɔ nʼanim tee. Wobu fa abandennen so, na wɔpem kɔ wɔn anim ara.
9 They rush upon the city; they run along the wall. They climb into the houses; through the windows they enter like a thief. Wɔtow hyɛ kuropɔn no so wotu mmirika fa afasu no so wɔforo kɔ afi mu, wɔfa mfɛnsere mu te sɛ akorɔmfo.
10 Before them the earth quakes, the heavens tremble. The sun and moon grow dark, and the stars no longer shine. Asase wosow wɔ wɔn anim, na ɔsoro hinhim. Owia ne ɔsram duru sum, na nsoromma nhyerɛn bio.
11 Our Father raises his voice at the head of his army; his camp is very great, and mighty are those who carry out his word. The day of our Father is great and utterly terrifying—who can endure it? Awurade bobɔ mu de di nʼasraafo no anim. Nʼakofo no dɔɔso bebree, ahoɔdenfo ne wɔn a wodi nʼahyɛde so. Awurade da no yɛ kɛse na ɛyɛ hu; hena na obetumi agyina ano?
12 "Yet even now," declares our Father, "return to me with all your heart, with fasting, with weeping, and with mourning. “Na afei,” sɛnea Awurade se ni, “San fa wo koma nyinaa bra me nkyɛn, wɔ akɔnkyen, osu ne awerɛhow mu.”
13 "Tear your hearts, not your garments. Return to your Father, for he is gracious and compassionate, slow to anger and abounding in covenant love, and he relents from sending disaster. Sunsuan wo koma na ɛnyɛ wo ntade mu. San bra Awurade wo Nyankopɔn nkyɛn, efisɛ, ɔyɛ ɔdomfo, ne yam ye. Ne bo kyɛ fuw na ne dɔ boro so, na ɛnyɛ no anigye sɛ ɔtwe yɛn aso.
14 Who knows? He may turn and relent and leave behind a blessing—a grain offering and a drink offering for your Father." Hena na onim? Ebia ɔbɛsesa nʼadwene na wahu mmɔbɔ na wagyaw nhyira, a ɛyɛ aduan ne ahwiesa afɔrebɔde a mode ma Awurade mo Nyankopɔn no.
15 Blow a shofar in Zion; consecrate a fast; call a sacred assembly. Hyɛn torobɛnto wɔ Sion! Mommɔ akɔnkyen kronkron ho dawuru, momfrɛ nhyiamu kronkron.
16 Gather the people; consecrate the assembly; bring together the elders; gather the children, even the infants nursing at the breast. Let the bridegroom come out of his room, and the bride from her chamber. Mommoaboa nnipa no ano montew nhyiamu no ho na ɛnyɛ kronkron; mommoaboa mpanyimfo, mmofra ne mmea a wɔrema nufu ano. Ma ayeforo ne ayeforokunu mfi wɔn pia mu mmra.
17 Let the priests who minister before our Father weep between the portico and the altar. Let them say, "Spare your people, our Father, and do not make your inheritance an object of scorn, a byword among the nations. Why should they say among the peoples, 'Where is their God?'" Asɔfo a wɔsom wɔ Awurade anim no, nsu wɔ afɔremuka no ne abrannaa no ntam; na wɔnka se, “Awurade fa wo nkurɔfo ho kyɛ wɔn. Mma wʼagyapade nyɛ ahohorade anaa fɛwdi wɔ aman no mu. Adɛn nti na ɛsɛ sɛ wubisa wɔ nnipa no mu se, ‘Wɔn Nyame no wɔ he?’ ”
18 Then our Father became jealous for his land and took pity on his people. Na Awurade bɛtwe ninkunu wɔ nʼasase ho na ne nkurɔfo ayɛ no mmɔbɔ.
19 Our Father answered his people: "Look, I am sending you grain, new wine, and oil, and you will be satisfied with them. Never again will I make you an object of scorn among the nations." Awurade bebua se, “Merebrɛ mo aduan, nsa foforo ne ngo, a ɛbɛso mo ama moamee pintinn. Merenyɛ mo ahohorade mma aman no bio.
20 "I will drive the northern army far from you, pushing it into a parched and desolate land—its front ranks into the Dead Sea and its rear into the Mediterranean Sea. Its stench will rise; its foul smell will go up, for it has done monstrous things. “Mɛpam atifi fam asraafo no afi wo nkyɛn akɔ akyirikyiri, mepia wɔn akɔ asase a awo na ɛyɛ kesee so. Nifa dɔm no bɛmem wɔ Nkyene Po no mu, na kyidɔm no bɛmem wɔ Ntam Po no mu. Na afunu no bɛbɔn na ne nka betu.” Nokware wayɛ nneɛma akɛse!
21 Don't be afraid, land; rejoice and be glad, for our Father has done great things! Munnsuro, me nkurɔfo! Momma mo ani nnye, na monsɛpɛw mo ho. Nokware Awurade ayɛ nneɛma akɛse.
22 Do not be afraid, you animals of the field, for the pastures of the wilderness are turning green; the tree bears its fruit; the fig tree and the vine yield their riches. Munnsuro, mo wuram mmoa! Efisɛ sare so adidibea reyɛ frɔmfrɔm. Nnua no resow wɔn aba; borɔdɔma ne bobe nso resow wɔn aba.
23 Be glad, children of Zion, and rejoice in your Father, for he has given you the autumn rain to show his faithfulness; he sends down for you abundant showers, the autumn and the spring rains, as before. Momma mo ani nnye, mo Sion mma, Munni ahurusi wɔ Awurade mo Nyankopɔn mu, efisɛ watɔ asusowsu ama mo, ne nokwaredi nti. Watɔ osu bebree ama mo wɔ ne bere mu te sɛ kan no.
24 The threshing floors will be full of grain; the vats will overflow with new wine and oil. Aduan bɛyɛ awiporowbea hɔ ma, nsa foforo ne ngo bebu so wɔ kyi amoa mu.
25 I will repay you for the years the locusts have eaten—the swarming locust, the young locust, the destroying locust, and the cutting locust—my great army that I sent among you. “Mɛhyɛ mo anan mu, nea mohweree mfe dodow a mmoadabi bɛsɛee mo nneɛma, mmoadabi akɛse ne nkumaa, ne wɔn a aka no nyinaa, me dɔm a mesomaa wɔn baa mo so no.
26 You will eat your fill and be satisfied, and you will praise the name of your Father, who has dealt wondrously with you; and never again will my people be put to shame. Mubedidi amee, na mubeyi Awurade mo Nyankopɔn din ayɛ. Ɔno na wayɛ anwonwade ama mo; me nkurɔfo ani renwu bio.
27 Then you will know that I am in the midst of Israel, and that I am your Father, and there is no other; and never again will my people be put to shame. Afei, mubehu sɛ, mewɔ Israel, mubehu sɛ mene Awurade, mo Nyankopɔn, na obiara nni hɔ sɛ me; Me nkurɔfo ani renwu bio da.”
28 "And afterward, I will pour out my Spirit on all flesh. Your sons and your daughters will prophesy, your old men will dream dreams, your young men will see visions. “Na akyiri no, mehwie me honhom agu nnipa nyinaa so, mo mmabarima ne mo mmabea bɛhyɛ nkɔm, mo nkwakoraa bɛsoso adae, mo mmerante benya anisoadehu.
29 Even on the male servants and the female servants in those days I will pour out my Spirit. Saa mmere no mu no, mehwie me Honhom agu mʼasomfo so, mmarima ne mmea.
30 I will show wonders in the heavens and on the earth—blood and fire and columns of smoke. Mɛyɛ anwonwade wɔ ɔsoro ne asase so, mede mogya, ogya ne wusiw kumɔnn.
31 The sun will be turned to darkness and the moon to blood before the great and awesome day of our Father comes." Ansa na Awurade da kɛse no bɛba no, owia beduru sum na ɔsram nso ayɛ sɛ mogya.
32 And this will happen: everyone who calls on the name of the Lord will be saved; for on Mount Zion and in Jerusalem there will be deliverance, as our Father has said, among the survivors whom our Father calls. Na obiara a ɔbɔ Awurade din no, wobegye no nkwa. Efisɛ nkwagye bɛba ama wɔn a wɔanya wɔn ti adidi mu a Awurade afrɛ wɔn wɔ Sion bepɔw so ne Yerusalem nyinaa,” sɛnea Awurade aka no.
FHB

Scripture from Father’s Heart Bible™. © 2026 Spirit Media Publishing, the imprint of Spirit Media Inc. All rights reserved. In Divine Voice™ Color, the words spoken by our Father show in blue, the words of the Son in red, and the words of the Spirit in purple.

OAKCB

Biblica® Wonhia Akuapem Twi Nkwa Asɛm™ ho kwamma nhoma Owurayɛ Tumi © 1996, 2020. Biblica, Inc. na wɔde ma. Biblica® Open Akuapem Twi Contemporary Bible™ Copyright © 1996, 2020 by Biblica, Inc. “Biblica” yɛ ahyɛnsode a Biblica Inc. akogye afi United States Patent and Trademark Office de hyɛ wɔn nneɛma ahorow nso. Gye sɛ Biblica Inc. ma wo ho kwan ansa na woatumi de adi dwuma. “Biblica” is a trademark registered in the United States Patent and Trademark Office by Biblica, Inc. Used with permission.
Biblica® Open Akuapem Twi Contemporary Bible 2020 · Creative Commons - Attribution-ShareAlike [CC BY-SA]