Skip to content
The Believer's Library

Biblica® Open Akuapem Twi Contemporary Bible 2020

Joel 1 OAKCB

Show OAKCB only
Verse × ×
1 The word of our Father that came to Joel son of Pethuel. Awurade asɛm a ɛbaa Petuel babarima Yoel so ni.
2 Hear this, you elders; listen, all who live in this land. Has anything like this happened in your days, or in the days of your ancestors? Muntie saa asɛm yi, mo mpanyimfo; muntie, mo a mote asase no so nyinaa. Asɛm bi a ɛte sɛɛ asi mo mmere so anaa mo mpanyimfo mmere so pɛn?
3 Tell your children about it, and let your children tell their children, and their children the next generation. Monka nkyerɛ mo mma, na mo mma nso nka nkyerɛ wɔn mma na wɔn mma nso nka nkyerɛ awo ntoatoaso a edi so no.
4 What the cutting locust spared, the swarming locust ate; what the swarming locust spared, the hopping locust ate; and what the hopping locust spared, the destroying locust ate. Nea mmoadabikuw no gyawee no, mmoadabi akɛse no awe; nea mmoadabi akɛse no gyawee no, mmoadabi nkumaa no awe; nea mmoadabi nkumaa no gyawee no, mmoadabi afoforo awe.
5 Wake up, you drunkards, and weep; wail, all you wine drinkers, over the sweet wine, for it has been cut off from your lips. Mo asabowfo, munnyan, na munsu! Mo a monom bobesa nyinaa, muntwa adwo; muntwa adwo, nsa foforo no nti, efisɛ wɔahuam afi mo ano.
6 "For a nation has invaded my land, mighty and beyond number; its teeth are the teeth of a lion, and it has the fangs of a lioness. Ɔman bi atu mʼasase so sa; dɔm a wɔyɛ den na wontumi nkan wɔn; wɔn se te sɛ gyata se na wɔwɔ gyatabere sebɔmmɔfo.
7 It has devastated my vines and splintered my fig tree; it has stripped off their bark and cast it aside, leaving their branches bare and white." Wasɛe me bobe ne me borɔdɔma nnua. Wawaawae nnua no ho bona, atow agu agyaw ne mman ho fitaa.
8 Wail like a virgin dressed in mourning clothes for the husband of her youth. Di awerɛhow sɛ ababaa a ofura atweaatam na ɔresu ne kunu a ɔwaree no ne mmabaabere mu.
9 The grain offering and the drink offering are cut off from the house of our Father; the priests, the ministers of our Father, mourn. Aduan ne ahwiesa afɔrebɔde, wɔayi afi Awurade fi. Asɔfo no retwa adwo, wɔn a wɔsom wɔ Awurade anim no.
10 The field is devastated, the ground mourns; for the grain is destroyed, the new wine dries up, the oil fails. Mfuw asɛe, asase no so awo wosee aduan no asɛe nsa foforo no ayow ngo nyinaa asa.
11 Be ashamed, you farmers; wail, you grape growers, over the wheat and the barley, for the harvest of the field has perished. Mo ani nwu, mo akuafo, muntwa adwo, mo a mudua bobe; Munsi apini mma awi ne atoko, efisɛ otwabere no asɛe.
12 The vine is dried up, and the fig tree withers; the pomegranate, the palm, and the apple—all the trees of the field are dried up. Surely joy has withered away from all people. Bobe no akisa na borɔdɔma nnua no awuwu. Atoaa nnua, mmedua, aprɛ ne nnua a ɛwɔ mfuw no so nyinaa ahyew. Nokware, anigye a nnipa wɔ no atu ayera.
13 Put on mourning clothes and lament, you priests; wail, you ministers of the altar. Come, spend the night in mourning clothes, you ministers of my Father; for the grain offering and the drink offering are withheld from the house of your Father. Mumfura atweaatam na munni awerɛhow, asɔfo; mo a mosom wɔ afɔremuka anim, muntwa adwo. Mumfura atweaatam mmesi pɛ, mo a mosom wɔ Onyankopɔn anim; efisɛ aduan ne ahwiesa afɔrebɔde no to atwa wɔ Onyankopɔn fi.
14 Declare a fast; call a sacred assembly. Gather the elders and all who live in the land to the house of our Father, and cry out to our Father. Mommɔ mmuadadi kronkron ho dawuru; momfrɛ nhyiamu kronkron. Momfrɛ mpanyimfo ne wɔn a wɔte asase no so nyinaa mmra Awurade mo Nyankopɔn fi na wommesu mfrɛ Awurade.
15 Alas for the day! For the day of our Father is near, and it will come like destruction from the Almighty. A, da no de! Awurade da no abɛn; Ɛbɛba sɛ ɔsɛe a efi Otumfo hɔ.
16 Is not the food cut off right before our eyes—joy and gladness gone from the house of our Father? So aduan ho nkɔɔ wɛn, a yɛani tua, anigye ne ahosɛpɛw to atwa wɔ yɛn Nyankopɔn fi ana?
17 The seeds shrivel in the parched ground; the storehouses are desolate, the granaries are torn down, for the grain has dried up. Aba no wu wɔ asase wosee mu, adekoradan abubu, aburowpata nso so nni mfaso, efisɛ nnuan no ahyew.
18 How the animals groan! The herds of cattle wander in confusion because they have no pasture; even the flocks of sheep suffer. Sɛnea anantwi su! na anantwikuw kyinkyin kwa. Nguankuw mpo rebrɛ efisɛ wonni didibea.
19 To you, our Father, I call, for fire has devoured the pastures of the wilderness, and flame has burned all the trees of the field. Awurade, wo na misu frɛ wo, efisɛ ogya ahyew sare so adidibea, na ogyatannaa ahyew mfuw no so nnua nyinaa.
20 Even the wild animals cry out to you, for the streams have dried up, and fire has devoured the pastures of the wilderness. Wuram mmoa mpo pere hwehwɛ wo. Nsuwansuwa ayoyow, na ogya ahyew sare so adidibea.
FHB

Scripture from Father’s Heart Bible™. © 2026 Spirit Media Publishing, the imprint of Spirit Media Inc. All rights reserved. In Divine Voice™ Color, the words spoken by our Father show in blue, the words of the Son in red, and the words of the Spirit in purple.

OAKCB

Biblica® Wonhia Akuapem Twi Nkwa Asɛm™ ho kwamma nhoma Owurayɛ Tumi © 1996, 2020. Biblica, Inc. na wɔde ma. Biblica® Open Akuapem Twi Contemporary Bible™ Copyright © 1996, 2020 by Biblica, Inc. “Biblica” yɛ ahyɛnsode a Biblica Inc. akogye afi United States Patent and Trademark Office de hyɛ wɔn nneɛma ahorow nso. Gye sɛ Biblica Inc. ma wo ho kwan ansa na woatumi de adi dwuma. “Biblica” is a trademark registered in the United States Patent and Trademark Office by Biblica, Inc. Used with permission.
Biblica® Open Akuapem Twi Contemporary Bible 2020 · Creative Commons - Attribution-ShareAlike [CC BY-SA]