Skip to content
The Believer's Library

Biblica® Open Akuapem Twi Contemporary Bible 2020

Amos 4 OAKCB

Show OAKCB only
Verse × ×
1 Hear this word, you cows of Bashan who are on the mountain of Samaria, you who oppress the poor, who crush the needy, who say to your masters, "Bring us something to drink!" Muntie asɛm yi, mo Basan “anantwi” a mowɔ Bepɔw Samaria so, mo mmea a mohyɛ ahiafo so, na moka mmɔborɔfo hyɛ na moka kyerɛ mo kununom se, “Mommrɛ yɛn nsa!”
2 The Sovereign Father has sworn by his holiness: "The days are coming upon you when they will drag you away with hooks, and the last of you with fishhooks. Otumfo Awurade de ne kronkronyɛ aka ntam se, “Ampa ara bere no bɛba a wɔde nkaa bɛtwe mo akɔ; mo mu nea otwa to no, wɔde nsumnam darewa bɛtwe no.
3 You will go out through the breaches in the wall, each one straight ahead, and you will be flung out toward Harmon," declares our Father. Mo mu biara bepue akɔ, na mobɛfa ɔfasu mu ntokuru mu, na wɔbɛtow mo akyene Harmon fam,” sɛnea Awurade se ni.
4 "Come to Bethel and rebel; to Gilgal, and rebel all the more! Bring your sacrifices every morning, your tithes every three days. “Monkɔ Bet-El nkɔyɛ bɔne na monkɔ Gilgal na monkɔyɛ bɔne ara. Momfa mo afɔrebɔde mmra anɔpa biara, na momfa mo ntotoso du du mmra mfe abiɛsa biara.
5 Burn leavened bread as a thank offering, announce your freewill offerings, proclaim them aloud—for this is what you love to do, people of Israel!" declares the Sovereign Father. Monhyew mmɔkaw brodo sɛ aseda afɔre; Momfa ayɛyɛde a efi mo pɛ mu nhoahoa mo ho, na momfa ntu mo ho, mo Israelfo, na eyi ne nea mopɛ sɛ moyɛ,” sɛnea Otumfo Awurade se ni.
6 "I gave you empty stomachs in every city and a lack of bread in every place, yet you did not return to me," declares our Father. “Memaa ɔyafunu daa mpan wɔ kuropɔn biara mu na aduan ho yɛɛ den wɔ nkurow so, nanso monnsan mmaa me nkyɛn ɛ,” sɛnea Awurade se ni.
7 "I also withheld the rain from you while there were still three months to the harvest. I would send rain on one city and withhold it from another; one field would be rained on, and the field with no rain would dry up. “Mesan de osu kamee mo, bere a aka asram abiɛsa na otwabere no adu. Memaa osu tɔɔ wɔ kurow baako so na mamma antɔ wɔ kurow foforo so. Afuw baako nyaa osu afuw foforo annya bi na hyewee.
8 So two or three cities would stagger to another city for water but not have enough to drink, yet you did not return to me," declares our Father. Nnipa totɔɔ ntintan kyinii nkurow so pɛɛ nsu nanso wɔannya dodow a ɛbɛso wɔn nom, nanso monnsan mmaa me nkyɛn ɛ,” sɛnea Awurade se ni.
9 "I struck you with blight and mildew; the locust devoured your many gardens and vineyards, your fig trees and your olive trees, yet you did not return to me," declares our Father. “Mpɛn pii no mede nnɔbae yare ba mo mfikyifuw ne mo bobefuw so. Mmoadabi sɛee mo borɔdɔma ne mo ngonnua, nanso monnsan mmaa me nkyɛn ɛ,” sɛnea Awurade se ni.
10 "I sent a plague against you like the one in Egypt; I killed your young men with the sword and carried off your horses. I made the stench of your camp rise into your nostrils, yet you did not return to me," declares our Father. “Mede ɔyaredɔm baa mo so sɛnea mede yɛɛ Misraimfo no, mede afoa kunkum mo mmerante ne apɔnkɔ a mofaa wɔn nnommum mede mo nsra mu hua a ɛbɔn hyɛn mo hwene mu, nanso, monnsan mmaa me nkyɛn ɛ,” sɛnea Awurade se ni.
11 "I overthrew some of you as I overthrew Sodom and Gomorrah, and you were like a stick snatched from the fire, yet you did not return to me," declares our Father. “Mituu mo mu bi guu sɛnea metɔree Sodom ne Gomora ase no. Moyɛɛ sɛ gyentia a wɔatu afi ogya mu. Nanso monnsan mmaa me nkyɛn ɛ,” sɛnea Awurade se ni.
12 "Therefore this is what I will do to you, Israel; and because I will do this to you, prepare to meet your Father, O Israel!" “Enti afei, Israel, nea mede bɛyɛ wo ni, na esiane sɛ mede eyi bɛyɛ wo nti, siesie wo ho, Israel. Hyia wo Nyankopɔn.”
13 For it is he who forms the mountains and creates the wind, who reveals his thoughts to mankind, who turns the dawn to darkness and treads on the heights of the earth—the Father of heaven's armies is his name. Nea ɔyɛ mmepɔw na ɔbɔ mframa na ɔda nʼadwene adi kyerɛ nnipa, nea ɔma adekyee hann dan sum na ɔnantew asase sorɔnsorɔmmea so no. Asafo Awurade Nyankopɔn ne ne din.
FHB

Scripture from Father’s Heart Bible™. © 2026 Spirit Media Publishing, the imprint of Spirit Media Inc. All rights reserved. In Divine Voice™ Color, the words spoken by our Father show in blue, the words of the Son in red, and the words of the Spirit in purple.

OAKCB

Biblica® Wonhia Akuapem Twi Nkwa Asɛm™ ho kwamma nhoma Owurayɛ Tumi © 1996, 2020. Biblica, Inc. na wɔde ma. Biblica® Open Akuapem Twi Contemporary Bible™ Copyright © 1996, 2020 by Biblica, Inc. “Biblica” yɛ ahyɛnsode a Biblica Inc. akogye afi United States Patent and Trademark Office de hyɛ wɔn nneɛma ahorow nso. Gye sɛ Biblica Inc. ma wo ho kwan ansa na woatumi de adi dwuma. “Biblica” is a trademark registered in the United States Patent and Trademark Office by Biblica, Inc. Used with permission.
Biblica® Open Akuapem Twi Contemporary Bible 2020 · Creative Commons - Attribution-ShareAlike [CC BY-SA]