Skip to content
The Believer's Library

Biblica® Open Akuapem Twi Contemporary Bible 2020

Amos 5 OAKCB

Show OAKCB only
Verse × ×
1 Hear this word that I raise as a lament over you, house of Israel: Tie asɛm yi, mo Israelfo, saa adwotwa yi fa mo ho:
2 Fallen, never to rise again, is the virgin Israel; she lies abandoned on her own land, with no one to raise her up. “Ɔbabun Israel ahwe ase a ɔrensɔre bio, wɔapo no wɔ nʼankasa asase so, na onni obi a ɔbɛma no so.”
3 For the Sovereign Father says: The city that marches out 1,000 will have one hundred left; the one marching out one hundred will have ten left—for the house of Israel. Nea Otumfo Awurade se ni: “Kuropɔn a ɔde mmarima ahoɔdenfo apem ko ma Israel no, mu ɔha pɛ na wɔbɛka; Kurow a ɔde ahoɔdenfo ɔha no, mu du pɛ na wɔbɛka.”
4 For this is what our Father says to the house of Israel: Seek me and live. Nea Awurade ka kyerɛ Israelfo ni: “Monhwehwɛ me na munnya nkwa;
5 But do not seek Bethel, do not go to Gilgal, do not cross over to Beersheba; for Gilgal will surely go into exile, and Bethel will come to nothing. Monnhwehwɛ Bet-El, monnkɔ Gilgal, na munntu kwan nkɔ Beer-Seba nso. Ampa ara Gilgal bɛkɔ nnommum mu na wɔbɛhwe Bet-El ase koraa.”
6 Seek our Father and live, or he will sweep like fire through the house of Joseph; it will devour, with no one to quench it for Bethel. Monhwehwɛ Awurade na munnya nkwa, anyɛ saa a ɔbɛpra Yosef fi te sɛ ogya; ɛbɛhyew, na Bet-El rennya obi anum no.
7 You who turn justice into bitter poison and throw righteousness to the ground. Mo a moma atemmu yɛ nwen na mototo trenee ase.
8 He who made the Pleiades and Orion, who turns deep darkness into morning and darkens day into night, who summons the waters of the sea and pours them out over the face of the earth—our Father is his name. Nea ɔbɔɔ nsoromma, Akokɔbeatan ne ne mma, nea ɔdan sum yɛ no adekyee na ɔma awia dan adesae. Nea ɔboaboa po mu nsu ano na ohwie gu asase so, ne din ne Awurade.
9 He flashes destruction on the strong, and ruin comes upon the fortress. Ɔsɛe abandennen ntɛm so na obubu kuropɔn a wɔabɔ ho ban nso,
10 They hate the one who reproves in the gate, and they despise the one who speaks the truth. motan nea ɔteɛteɛ wɔ asennii na mubu nea ɔka nokware animtiaa.
11 Therefore, because you trample on the poor and exact from him a tax of grain, you have built houses of cut stone, but you will not live in them; you have planted lovely vineyards, but you will not drink their wine. Mutiatia ohiani so na mohyɛ no gye aduan fi ne nkyɛn. Enti ɛwɔ mu sɛ mode abo a wɔatwa asisi afi akɛse de, nanso morentena mu; ɛwɔ mu sɛ moayɛ bobe nturo a ɛyɛ fɛ de nanso morennom mu nsa.
12 For I know how many are your offenses and how great your sins—you who afflict the righteous and take bribes and push aside the needy in the gate. Na minim mo mmarato dodow ne mo bɔne akɛse no. Mohyɛ atreneefo so na mugye adanmude mubu ahiafo ntɛnkyew wɔ asennii.
13 Therefore the prudent keep silent in such a time, for it is an evil time. Ɛno nti, onyansafo yɛ komm saa mmere yi mu, efisɛ ɛyɛ mmere bɔne.
14 Seek good and not evil, that you may live; and so the Father of heaven's armies will be with you, just as you have claimed. Monhwehwɛ papa, na moanya nkwa na ɛnyɛ bɔne. Na Asafo Awurade Nyankopɔn bɛka wo ho, sɛnea moka sɛ ɔyɛ no.
15 Hate evil and love good, and establish justice in the gate; perhaps the Father of heaven's armies will be gracious to the remnant of Joseph. Munkyi bɔne, na monnɔ papa; Mummu atɛntrenee wɔ asennii. Ebia, Asafo Awurade Nyankopɔn benya ahummɔbɔ ama Yosef nkae no.
16 So the Father of heaven's armies says: In every square, wailing; in every street, they cry, "Alas! Alas!" They call the farmer to mourning, and those skilled in lament to wailing. Enti nea Awurade, Asafo Awurade Nyankopɔn se ni: “Adwotwa bɛba mmorɔn nyinaa so na ɔyaw ne apinisi bɛba mmɔnten so. Wɔbɛfrɛ akuafo ama wɔabesu na agyamfo abetwa adwo.
17 In all the vineyards there will be wailing, for I will pass through your midst, says our Father. Wobetwa adwo wɔ bobeturo nyinaa mu, efisɛ mɛnantew mo mu,” sɛnea Awurade se ni.
18 Woe to you who long for the day of our Father! Why would you want the day of our Father? It is darkness, not light. Nnome nka wɔn a wɔpɛ sɛ Awurade da no ba! Dɛn nti na mopɛ sɛ Awurade da no ba? Saa da no bɛyɛ sum, na ɛnyɛ hann.
19 It will be as if a man fled from a lion only to meet a bear, or went into his house and rested his hand on the wall only to be bitten by a snake. Ɛbɛyɛ te sɛ onipa a oguan fi gyata anim na okohyia sisi, sɛnea owura ne fi de ne nsa to ɔfasu so, na ɔwɔ ka no.
20 Will not the day of our Father be darkness, not light—pitch-dark, with no brightness in it? Na Awurade da no bɛyɛ sum; ɛrenyɛ hann, ɛbɛyɛ sum kabii a hann nsinsan biara nni mu.
21 I hate, I despise your festivals; I take no delight in your solemn assemblies. “Mikyi na mepo mo nyamesom mu aponto; mʼani nnye mo afahyɛ nhyiamu ho.
22 Even if you offer me burnt offerings and your grain offerings, I will not accept them; and the peace offerings of your fattened animals I will not even look at. Ɛwɔ mu sɛ mode ɔhyew afɔre ne aduan afɔre brɛ me de, nanso merennye. Mode asomdwoe afɔre brɛ me nanso mʼani rensɔ.
23 Take away from me the noise of your songs; I will not listen to the music of your harps. Momfa mo nnwonto gyegyeegye no mfi me so! Merentie mo asankuten so nnwom.
24 But let justice roll down like waters, and righteousness like an ever-flowing stream. Mmom, momma atɛntrenee nteɛ sɛ asubɔnten, na trenee nyɛ sɛ asuten a ɛrenyow da!
25 Did you bring me sacrifices and offerings those forty years in the wilderness, house of Israel? “Israelfo, ɛnyɛ me na mode afɔrebɔde ne ayɛyɛde brɛɛ me mfe aduanan wɔ sare so ana?
26 You have lifted up Sikkuth your king and Kiyyun your star-god, the images you made for yourselves. Mode mo ho nyinaa ato Molok nyame, ne mo honi Rɛfan so; wɔyɛ ahoni a moayɛ sɛ mobɛsom wɔn.
27 So I will send you into exile beyond Damascus, says our Father—the Father of heaven's armies is his name. Ɛno nti, metwa mo asu akɔ Damasko nohɔ,” sɛnea Awurade a ne din ne Asafo Onyankopɔn se ni.
FHB

Scripture from Father’s Heart Bible™. © 2026 Spirit Media Publishing, the imprint of Spirit Media Inc. All rights reserved. In Divine Voice™ Color, the words spoken by our Father show in blue, the words of the Son in red, and the words of the Spirit in purple.

OAKCB

Biblica® Wonhia Akuapem Twi Nkwa Asɛm™ ho kwamma nhoma Owurayɛ Tumi © 1996, 2020. Biblica, Inc. na wɔde ma. Biblica® Open Akuapem Twi Contemporary Bible™ Copyright © 1996, 2020 by Biblica, Inc. “Biblica” yɛ ahyɛnsode a Biblica Inc. akogye afi United States Patent and Trademark Office de hyɛ wɔn nneɛma ahorow nso. Gye sɛ Biblica Inc. ma wo ho kwan ansa na woatumi de adi dwuma. “Biblica” is a trademark registered in the United States Patent and Trademark Office by Biblica, Inc. Used with permission.
Biblica® Open Akuapem Twi Contemporary Bible 2020 · Creative Commons - Attribution-ShareAlike [CC BY-SA]