Skip to content
The Believer's Library

Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Isaiah 56 OASCB

Side by side with the Father's Heart Bible™

Afoforɔ Nkwagyeɛ

1Yei ne deɛ Awurade seɛ:“Monkɔ so mmu atɛnteneneena monyɛ deɛ ɛyɛ,ɛfiri sɛ me nkwagyeɛ abɛnna ɛrenkyɛre me tenenee bɛda adi.

2Nhyira nka onipa a ɔyɛ yeinom,onipa a ɔkura mu denden:deɛ ɔkae Homeda na ɔyɛ no kronkron,na ɔkame ne ho firi bɔneyɛ ho.”

3Mma ɔnanani a ɔde ne ho ama Awurade nka sɛ,“Ampa ara Awurade renkane me mfra ne nkurɔfoɔ mu.”Na opiani biara nso nwiinwii sɛ,“Meyɛ duawuiɛ.”

4Sei na Awurade seɛ,“Apiafoɔ a wɔkae me home nna,wɔn a wɔyɛ deɛ ɛsɔ mʼanina wɔkura mʼapam mu denden,

5mɛma wɔn, wɔ mʼasɔredan ne ɛho afasuo no mu,nkaedeɛ ne edin aɛkyɛn mmammarima ne mmammaa;mɛma wɔn edin a ɛbɛtena hɔ afebɔɔ,edin a ɛrentwam.

6Na ananafoɔ a wɔde wɔn ho ama Awuradesɛ wɔbɛsom no,sɛ wɔbɛdɔ Awurade din,na wɔasɔre no,wɔn a wɔkae Homeda na wɔyɛ no kronkron nyinaa,na wɔkura mʼapam mu denden;

7yeinom na mede wɔn bɛba me bepɔ kronkron no sona mama wɔn anigyeɛ wɔ me mpaeɛbɔ efie.Wɔn ɔhyeɛ afɔrebɔdeɛ ne afɔrebɔ ahodoɔ no,mɛgye wɔ mʼafɔrebukyia so;na wɔbɛfrɛ me fie beaeɛ aaman nyinaa bɔ mpaeɛ.”

8Otumfoɔ Awurade,deɛ ɔboaboa Israel atukɔfoɔ ano no ka sɛ:“Mɛkɔ so aboaboa afoforɔ ano aka wɔn hoaka wɔn a maboa wɔn ano dada no ho.”

Onyankopɔn Soboɔ A Ɛtia Amumuyɛfoɔ

9Mommra, mo wiram mmoadoma nyinaa,mommɛdidi, mo kwaeɛm mmoa nyinaa!

10Israel awɛmfoɔ yɛ anifirafoɔ,wɔn mu biara nni nimdeɛ;wɔn nyinaa yɛ nkraman mum,wɔntumi mmobɔ mu;wɔdeda hɔ na wɔsoso daeɛ,nna yɛ wɔn dɛ.

11Wɔyɛ nkraman a wɔpɛ aduane yie;wɔnnidi mmee da.Wɔyɛ nnwanhwɛfoɔ a wɔnni nteaseɛ;wɔn nyinaa fa wɔn ɛkwan,obiara pɛ nʼankasa mfasoɔ.

12“Mommra,” obiara team sɛ, “momma me nsã!Momma yɛnnom nsaden mmoro!Na ɔkyena bɛyɛ sɛ ɛnnɛ,ebia ɛbɛsene ɛnnɛ koraa.”

Biblica® Wɔnhia ɛho kwamma nwoma Asante Twi Nkwa Asɛm™ Owurayɛ Tumi © 1996, 2020. Biblica, Inc. na wɔde ma. Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™ Copyright © 1996, 2020 by Biblica, Inc. “Biblica” yɛ ahyɛnsodeɛ a Biblica Inc. akɔgye afiri United States Patent and Trademark Office de hyɛ wɔn nneɛma ahodoɔ nso. Gye sɛ Biblica Inc. ma wo ho ɛkwan ansa na woatumi de adi dwuma. “Biblica” is a trademark registered in the United States Patent and Trademark Office by Biblica, Inc. Used with permission.
Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020 · Creative Commons - Attribution-ShareAlike [CC BY-SA]