Skip to content
The Believer's Library

Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Isaiah 2 OASCB

Show OASCB only
Verse × ×
1 The word that Isaiah son of Amoz saw concerning Judah and Jerusalem. Yei ne deɛ Amos babarima Yesaia hunuiɛ, a ɛfa Yuda ne Yerusalem ho.
2 In the last days the mountain of our Father's house will be firmly established as the highest of the mountains, raised above the hills, and all the nations will stream to it. Nna a ɛdi akyire no mu no, Awurade asɔredan bepɔ no bɛtim sɛ mmepɔ no nyinaa ti; ɛbɛgye edin aboro nkokoɔ nyinaa so na aman nyinaa bɛbɔ yuu akɔ hɔ.
3 Many peoples will come and say, "Come, let us go up to the mountain of God, to his house, so he can teach us his ways and we can walk in his paths." For instruction will go out from Zion, and the word of our Father from Jerusalem. Nnipa bebree bɛba abɛka sɛ, “Mommra mma yɛnkɔ Awurade bepɔ no so, nkɔ Yakob Onyankopɔn efie. Ɔbɛkyerɛkyerɛ yɛn nʼakwan sɛdeɛ ɛbɛyɛ a yɛbɛnante nʼakwantempɔn so.” Mmara no bɛfiri Sion aba na Awurade asɛm afiri Yerusalem.
4 He will judge between the nations and settle disputes for many peoples. They will beat their swords into plowshares and their spears into pruning hooks; nation will not lift up sword against nation, nor will they train for war anymore. Ɔbɛbu amanaman ntam atɛn na ɔbɛsiesie nnipa bebree ntam asɛm; wɔde wɔn akofena bɛbobɔ nsɔ na wɔde wɔn mpea ayɛ nsɔsɔ. Ɔman bi rentwe ɔman foforɔ so akofena, na wɔrenyɛ ahoboa biara mma ɔko bio.
5 House of Jacob, come, let us walk in the light of our Father. Mommra, Ao Yakob fiefoɔ, momma yɛnnante Awurade hann mu.
6 For you have abandoned your people, the house of Jacob, because they are filled with influences from the east and with fortune-tellers like the Philistines, and they have made alliances with foreigners. Awurade, Woagya wo nkurɔfoɔ, Yakob fiefoɔ. Gyedihunu a ɛfiri apueeɛ fam ahyɛ wɔn ma; wɔhyɛ nkɔm sɛ Filistifoɔ na wɔ ne abosonsomfoɔ di hwebom.
7 Their land is full of silver and gold, with no end to their treasures; their land is full of horses, with no end to their chariots. Dwetɛ ne sikakɔkɔɔ ahyɛ wɔn asase no so ma; wɔn ademudeɛ dɔɔso bebree. Apɔnkɔ ayɛ wɔn asase no so ma; na wɔn nteaseɛnam dodoɔ nni ano.
8 Their land is full of idols; they bow down to the work of their hands, to what their own fingers have made. Ahoni ahyɛ wɔn asase no so ma; wɔkoto sɔre wɔn ankasa nsa ano adwuma, deɛ wɔn nsateaa ayɛ.
9 So mankind is brought low, and everyone is humbled—do not forgive them. Enti, Awurade bɛbrɛ onipa ase na wama adasamma aboto. Ɔmmfa wɔn ho nkyɛ wɔn.
10 Go into the rocks and hide in the dust from the dread of our Father and from the splendor of his majesty. Kɔhyɛne abotan no mu, fa wo ho kɔsie asase no mu ɛsiane Awurade ho hu ne nʼanimuonyam kɛseyɛ nti!
11 The proud eyes of mankind will be brought low, and the arrogance of men will be humbled; our Father alone will be exalted in that day. Wɔbɛbrɛ ɔhantanni ase, na wɔde nnipa ahomasoɔ ahwe fam; Awurade nko ara na wɔbɛma no so da no.
12 For the Father of heaven's armies has a day in store against all that is proud and lofty, against all that is lifted up, so that it will be brought low, Asafo Awurade ahyɛ da bi ama ahomasofoɔ nyinaa ne deɛ ɛma ne ho so nyinaa (wɔbɛbrɛ wɔn ase),
13 against all the cedars of Lebanon, lofty and lifted up, and against all the oaks of Bashan, Lebanon ntweneduro nyinaa, atentene ne deɛ ɛkrɔn, ne Basan odum nnua no,
14 against all the high mountains and against all the lofty hills, mmepɔ atentene nyinaa ne nkokoɔ a ɛwowareɛ nyinaa,
15 against every high tower and against every fortified wall, ne abantenten a ɛkorɔn ne ɔfasuo biara a ɛyɛ den,
16 against all the ships of Tarshish and against every magnificent vessel. adwadie hyɛn biara ne ɛhyɛn kɛseɛ fɛfɛ biara.
17 The arrogance of mankind will be humbled, and the pride of men brought low; our Father alone will be exalted in that day, Wɔbɛbrɛ ɔhantanni ase, na wɔde nnipa ahomasoɔ ahwe fam; Awurade nko ara na wɔbɛma no so da no,
18 and the idols will completely vanish. na ahoni no bɛyera korakora.
19 People will flee into the caves of the rocks and into holes in the ground from the dread of our Father and from the splendor of his majesty, when he rises to shake the earth. Nnipa bɛdwane akɔhyɛ abodan a ɛwɔ abotan mu ne ntokuro a ɛdeda asase mu ɛsiane Awurade ho hu ne nʼanimuonyam kɛseyɛ enti, ɛberɛ a ɔbɛsɔre awoso asase.
20 In that day people will throw away their idols of silver and their idols of gold to the moles and bats, which they made for themselves to worship. Saa ɛda no, nnipa bɛto wɔn dwetɛ ne sikakɔkɔɔ ahoni a wɔyɛɛ sɛ wɔbɛsom no agu ama akusie ne mpan.
21 They will go into the clefts of the rocks and into the crevices of the cliffs from the dread of our Father and from the splendor of his majesty, when he rises to shake the earth. Wɔbɛdwane akɔhyɛne abotan mu ntokuro mu ne abotan mpaapaeɛ mu ɛsiane Awurade ho hu ne nʼanimuonyam kɛseyɛ enti, ɛberɛ a ɔbɛsɔre awoso asase.
22 Stop trusting in mere man, who has only breath in his nostrils. What good is he? Monnyae sɛ mode mo ho to nnipa, a wɔwɔ ahome kɛkɛ so. Wɔyɛ ɛdeɛn koraa?
FHB

Scripture from Father’s Heart Bible™. © 2026 Spirit Media Publishing, the imprint of Spirit Media Inc. All rights reserved. In Divine Voice™ Color, the words spoken by our Father show in blue, the words of the Son in red, and the words of the Spirit in purple.

OASCB

Biblica® Wɔnhia ɛho kwamma nwoma Asante Twi Nkwa Asɛm™ Owurayɛ Tumi © 1996, 2020. Biblica, Inc. na wɔde ma. Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™ Copyright © 1996, 2020 by Biblica, Inc. “Biblica” yɛ ahyɛnsodeɛ a Biblica Inc. akɔgye afiri United States Patent and Trademark Office de hyɛ wɔn nneɛma ahodoɔ nso. Gye sɛ Biblica Inc. ma wo ho ɛkwan ansa na woatumi de adi dwuma. “Biblica” is a trademark registered in the United States Patent and Trademark Office by Biblica, Inc. Used with permission.
Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020 · Creative Commons - Attribution-ShareAlike [CC BY-SA]