Skip to content
The Believer's Library

Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Isaiah 3 OASCB

Show OASCB only
Verse × ×
1 For look—the Father of heaven's armies is about to strip from Jerusalem and from Judah every support and supply: the whole supply of bread and the whole supply of water, Afei hwɛ, Awurade, Asafo Awurade, rebɛgyae deɛ ɔde ma wɔ Yerusalem ne Yuda nyinaa: aduane ne nsuo a ɔde ma wɔn nyinaa.
2 the warrior and the soldier, the judge and the prophet, the fortune-teller and the elder, Nnɔmmarima ne akofoɔ, ɔtemmufoɔ ne odiyifoɔ, nkɔmhyɛni ne ɔpanin,
3 the commander of fifty and the man of rank, the counselor, the skilled craftsman, and the clever enchanter. aduonum so panin ne deɛ ɔwɔ diberɛ, ɔfotufoɔ, odwumfoɔ nyansafoɔ ne nkaberɛkyerefoɔ oniferefoɔ.
4 "I will make mere boys their officials, and childish whim will rule over them. “Mede mmerantewaa bɛyɛ wɔn nnwuma so mpanimfoɔ; na mmɔfra adi wɔn so.”
5 The people will oppress one another, each man against his neighbor; the young will rise up against the old, and the lowly against the honored." Nnipa bɛhyɛ wɔn ho wɔn ho so, ɔbarima bɛtia ɔbarima, ɔyɔnko bɛtia ne yɔnko. Mmabunu bɛsɔre atia wɔn mpanimfoɔ, apapahwekwaa bɛtia onimuonyamfoɔ.
6 A man will seize his brother in his father's house and say, "You have a coat—you be our leader; take charge of this heap of ruins." Ɔbarima bɛsɔ ne nuanom baako mu wɔ nʼagya efie aka sɛ, “Wowɔ atadeɛ, bɛyɛ yɛn dikanfoɔ; wɔ kuro a adane mmubuiɛ sie yi so.”
7 But on that day he will cry out, "I am no healer! There is no bread and no coat in my house—you will not make me leader of the people." Nanso, ɛda no ɔbɛteam sɛ, “Menni deɛ mede bɛyɛ. Menni aduane anaa ntoma wɔ me fie; mfa me nyɛ nnipa no so dikanfoɔ.”
8 For Jerusalem has stumbled and Judah has fallen, because their words and their deeds are against our Father, defying his glorious presence. Yerusalem retɔ ntintan, Yuda rehwe ase; wɔn nsɛm ne nneyɛeɛ tia Awurade. Wɔmmu nʼanimuonyam a ɛwɔ wɔn mu.
9 The look on their faces testifies against them; they flaunt their sin like Sodom—they do not hide it. How terrible for them, for they have brought disaster on themselves! Sɛdeɛ wɔn anim teɛ no di adanseɛ tia wɔn; wɔda wɔn bɔne adi te sɛ Sodom; wɔmmfa nsie. Nnome nka wɔn! Wɔakɔfa amanehunu aba wɔn ho so.
10 Tell the righteous it will go well with them, for they will eat the fruit of their deeds. Ka kyerɛ teneneefoɔ sɛ ɛbɛsi wɔn yie, ɛfiri sɛ wɔbɛdi wɔn nneyɛeɛ so aba.
11 How terrible for the wicked! It will go badly for him, for what his hands have done will be repaid to him. Nnome nka amumuyɛfoɔ! Amanehunu wɔ wɔn so! Wɔbɛtua wɔn so ka wɔ deɛ wɔn nsa ayɛ no ho.
12 My people—children are their oppressors, and women rule over them. My people, your guides lead you astray and have swallowed up the path you should walk. Mmabunu hyɛ me nkurɔfoɔ so, mmaa di wɔn so. Ao me nkurɔfoɔ, mo akwankyerɛfoɔ ma mo yera; wɔma mo mane firi kwantempɔn no so.
13 Our Father takes his stand to bring his case; he rises to judge the peoples. Awurade tena ase wɔ nʼasɛnniiɛ. Ɔma ne mu so bu nkurɔfoɔ no atɛn.
14 Our Father enters into judgment with the elders and officials of his people: "It is you who have devoured the vineyard; the plunder of the poor is in your houses. Awurade bu atɛn de tia ne nkurɔfoɔ mpanimfoɔ ne akannifoɔ sɛ, “Mo na moasɛe me bobe turo; apoobɔdeɛ a ɛfiri ahiafoɔ nkyɛn wɔ mo afie mu.
15 What do you mean by crushing my people and grinding the faces of the poor?" declares the Father of heaven's armies. Aseɛ ne sɛn enti na modwɛre me nkurɔfoɔ na mode ahiafoɔ anim twitwiri fam?” Sɛdeɛ Asafo Awurade seɛ nie.
16 Our Father said: "Because the daughters of Zion are proud—walking with outstretched necks and flirting eyes, mincing along with quick little steps, jingling the anklets on their feet, Awurade kasa sɛ, “Sion mmammaa yɛ ahantan; wɔnante toto wɔn kɔn, wɔdeda wɔn ani akyi, wɔtutu wɔn anammɔn ntiawa ntiawa, na wɔn nan ase nkawa gyegye.
17 therefore the Sovereign Father will strike the heads of the daughters of Zion with scabs, and our Father will lay bare their foreheads." Enti Awurade bɛma tikuro abɛgu Sion mmaa tiri ho. Awurade bɛma wɔn tiri so apa.”
18 On that day the Sovereign Father will strip away their finery: the anklets, the headbands, the crescent ornaments, Ɛda no Awurade bɛyiyi wɔn afɛfɛdeɛ: nkawa, ntomaban ne kɔnmuadeɛ,
19 the earrings, the bracelets, the veils, nsomuadeɛ, nkapo ne nkatanimu,
20 the headdresses, the ankle chains, the sashes, the perfume flasks, the charms, Wɔn mmɔtire, ananse ntweaban, abɔwomu, nnuhwam ntoa ne nkaberɛ,
21 the signet rings, the nose rings, ntimsoɔ mpɛtea ne hwenemu nkawa,
22 the festival robes, the capes, the cloaks, the purses, ntadetenten pa, ngugusoɔ tiawa a ɛnni nsa, ntadeɛ yuu ne sika nkotokuo;
23 the hand mirrors, the fine linen garments, the turbans, and the shawls. nhwehwɛ, serekye ntadeɛ, tirinwi so nkawa ne abatiri so ngugusoɔ.
24 Then, instead of perfume there will be a stench; instead of a sash, a rope; instead of elegantly styled hair, baldness; instead of fine robes, a wrapping of coarse cloth; branding instead of beauty. Nkabɔne bɛsi deɛ ɛyɛ hwam anan mu; ntampehoma bɛsi nkatakɔnmu anan mu; tire a ɛso apa bɛsi tirinwi a wɔasiesie anan mu; ayitoma bɛsi ntoma pa anan mu; honam ani atwaatwa bɛsi ahoɔfɛ anan mu.
25 Your men will fall by the sword, your warriors in the battle. Wo mmarima bɛtotɔ akofena ano, wʼakofoɔ bɛtotɔ wɔ ɔko mu.
26 Her gates will mourn and lament; stripped bare, she will sit on the ground. Sion apono bɛtwa adwo, adi awerɛhoɔ; na deɛ ɔnnibie bɛtena fam asu.
FHB

Scripture from Father’s Heart Bible™. © 2026 Spirit Media Publishing, the imprint of Spirit Media Inc. All rights reserved. In Divine Voice™ Color, the words spoken by our Father show in blue, the words of the Son in red, and the words of the Spirit in purple.

OASCB

Biblica® Wɔnhia ɛho kwamma nwoma Asante Twi Nkwa Asɛm™ Owurayɛ Tumi © 1996, 2020. Biblica, Inc. na wɔde ma. Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™ Copyright © 1996, 2020 by Biblica, Inc. “Biblica” yɛ ahyɛnsodeɛ a Biblica Inc. akɔgye afiri United States Patent and Trademark Office de hyɛ wɔn nneɛma ahodoɔ nso. Gye sɛ Biblica Inc. ma wo ho ɛkwan ansa na woatumi de adi dwuma. “Biblica” is a trademark registered in the United States Patent and Trademark Office by Biblica, Inc. Used with permission.
Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020 · Creative Commons - Attribution-ShareAlike [CC BY-SA]