Skip to content
The Believer's Library

Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Amos 3 OASCB

Show OASCB only
Verse × ×
1 Hear this word our Father has spoken against you, children of Israel—against the whole family I brought up from Egypt: Montie saa asɛm a Awurade aka atia mo yi, Ao, Israelfoɔ, deɛ ɛtia abusua a meyii wɔn firii Misraim no nyinaa:
2 Of all the families of the earth, I have known only you; therefore I will hold you accountable for all your sins. “Mo nko ara na mayi mo wɔ mmusua a ɛwɔ asase so nyinaa mu; enti mɛtwe mo aso wɔ mo bɔne nyinaa ho.”
3 Do two walk together, unless they have agreed to meet? Nnipa baanu bɛtumi abom anante, wɔ ɛberɛ a wɔnyɛɛ anokorɔ anaa?
4 Does a lion roar in the forest when he has no prey? Does a young lion cry out from his den if he has caught nothing? Gyata bobom wɔ dɔtɔ ase wɔ ɛberɛ a ɔnhunuu ahaboa biara anaa? Ɔpɔ so wɔ ne buo mu wɔ ɛberɛ a ɔnkyeree ahaboa biara anaa?
5 Does a bird fall into a snare on the ground when there is no trap for it? Does a snare spring up from the earth when it has caught nothing? Anomaa bɛtɔ afidie mu wɔ fam wɔ baabi a wɔnnsum afidie anaa? Afidie hwan wɔ ɛberɛ a ɛnyii aboa anaa?
6 If a ram's horn is blown in a city, will the people not tremble? If disaster comes to a city, has our Father not done it? Sɛ wɔhyɛn totorobɛnto wɔ kuropɔn mu a nnipa no ho mpopo anaa? Sɛ atoyerɛnkyɛm ba kuropɔn bi mu a ɛnyɛ Awurade na ɔyɛeɛ anaa?
7 Surely the Sovereign Father does nothing without revealing his secret to his servants the prophets. Ampa ara, Otumfoɔ Awurade nnyɛ biribi a ɔnna ne nhyehyeɛ adi nkyerɛ nʼAsomafoɔ adiyifoɔ no.
8 The lion has roared—who will not fear? The Sovereign Father has spoken—who can keep from prophesying? Gyata no abobom, hwan na ɔnnsuro? Otumfoɔ Awurade akasa, hwan na ɔrenhyɛ ho nkɔm?
9 Proclaim over the strongholds in Ashdod and over the strongholds in the land of Egypt, and say: "Assemble on the mountains of Samaria and see the great uproar within her, and the oppression in her midst." Mompae mu nka nkyerɛ Asdod aban ne Misraim aban: “Mommoaboa mo ho ano wɔ Samaria mmepɔ so; hwɛ basabasayɛ a ɛwɔ ne so ne nhyɛsoɔ a ɛwɔ ne nkurɔfoɔ mu.”
10 They do not know how to do right, declares our Father—those who hoard up violence and plunder in their strongholds. “Wɔnnim sɛdeɛ wɔyɛ deɛ ɛyɛ,” sɛdeɛ Awurade seɛ nie. Wɔde nneɛma a wɔafo ne deɛ wɔawia sie wɔ wɔn aban mu.
11 So the Sovereign Father says: An enemy will surround the land, topple your defenses, and loot your strongholds. Ɛno enti, yei ne deɛ Otumfoɔ Awurade seɛ, “Ɔtamfoɔ bi bɛtwi afa asase no so; Ɔbɛbubu wʼabanbɔeɛ agu, na wafo wʼaban.”
12 This is what our Father says: As a shepherd rescues two legs or a piece of an ear from the lion's mouth, so the children of Israel living in Samaria will be rescued—with a corner of a couch, part of a bed. Deɛ Awurade seɛ nie: “Sɛdeɛ odwanhwɛfoɔ gye nnyawa mmienu nnompe anaa aso sin firi gyata anom no, saa ara na wɔbɛgye Israelfoɔ nkwa, wɔn a wɔtete wɔn mpa twea so wɔ Samaria, ne wɔn a wɔdeda nkonwa pa mu wɔ Damasko.”
13 Hear, and testify against the house of Jacob, declares the Sovereign Father, the Father of heaven's armies: “Tie yei, na di adanseɛ tia Yakob efie,” sɛdeɛ Awurade, Asafo Awurade Onyankopɔn seɛ nie.
14 On the day I punish Israel for his rebellions, I will also punish the altars of Bethel; the horns of the altar will be cut off and fall to the ground. “Ɛda a mɛtwe Israel aso wɔ ne nnebɔne ho no, mɛsɛe afɔrebukyia a ɛwɔ Bet-El; wɔbɛtwitwa afɔrebukyia no mmɛn na abu ahwe fam.
15 I will strike the winter house along with the summer house; the houses of ivory will perish, and the great houses will come to an end, declares our Father. Mɛdwiri awɔberɛ efie ne ahuhuro berɛ efie agu; na afie a wɔde asonse adura ho no wɔbɛsɛe no na afie akɛseɛ no nso wɔbɛbubu agu,” sɛdeɛ Awurade seɛ nie.
FHB

Scripture from Father’s Heart Bible™. © 2026 Spirit Media Publishing, the imprint of Spirit Media Inc. All rights reserved. In Divine Voice™ Color, the words spoken by our Father show in blue, the words of the Son in red, and the words of the Spirit in purple.

OASCB

Biblica® Wɔnhia ɛho kwamma nwoma Asante Twi Nkwa Asɛm™ Owurayɛ Tumi © 1996, 2020. Biblica, Inc. na wɔde ma. Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™ Copyright © 1996, 2020 by Biblica, Inc. “Biblica” yɛ ahyɛnsodeɛ a Biblica Inc. akɔgye afiri United States Patent and Trademark Office de hyɛ wɔn nneɛma ahodoɔ nso. Gye sɛ Biblica Inc. ma wo ho ɛkwan ansa na woatumi de adi dwuma. “Biblica” is a trademark registered in the United States Patent and Trademark Office by Biblica, Inc. Used with permission.
Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020 · Creative Commons - Attribution-ShareAlike [CC BY-SA]