Skip to content
The Believer's Library

Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Amos 2 OASCB

Show OASCB only
Verse × ×
1 This is what our Father says: For three sins of Moab, and for four, I will not revoke it—he burned the bones of Edom's king to lime. Deɛ Awurade seɛ nie: “Moab ayɛ bɔne bebree ama no atra so, ɛno enti, merennane mʼabufuo. Ɔhyee Edomhene nnompe, ma ɛdanee nsõ.
2 So I will send fire on Moab, and it will devour the strongholds of Kerioth; Moab will die amid the uproar, with shouting and the sound of the shofar. Mede ogya bɛto Moab mu, na ahye Keriot aban. Moab bɛhwe ase wɔ hooyɛ, ɔko nteateamu ne totorobɛnto nnyegyeeɛ mu.
3 I will cut off the ruler from her midst and kill all her officials with him, says our Father. Mɛsɛe ne sodifoɔ na makunkum ne mmapɔmma aka ne ho,” sɛdeɛ Awurade seɛ nie.
4 This is what our Father says: For three sins of Judah, and for four, I will not revoke it—they rejected our Father's instruction and did not keep his rules, and their lies led them astray, the same lies their ancestors followed. Deɛ Awurade seɛ nie: “Yuda ayɛ bɔne bebree ama no atra so, ɛno enti, merennane mʼabufuo. Wɔapo Awurade mmara no na wɔanni nʼahyɛdeɛ so ɛfiri sɛ atorɔ anyame no ama wɔafom ɛkwan no, anyame a wɔn nananom dii akyire no.
5 So I will send fire on Judah, and it will devour the strongholds of Jerusalem. Mede ogya bɛto Yuda mu na ahye Yerusalem aban.”
6 This is what our Father says: For three sins of Israel, and four, I won't relent—they sell the righteous for silver, the needy for a pair of sandals. Deɛ Awurade seɛ nie: “Israel ayɛ bɔne bebree ama no atra so, ɛno enti, merennane mʼabufuo. Wɔtɔn ateneneefoɔ de gye dwetɛ, ne ahiafoɔ de gye mpaboa.
7 They trample the heads of the poor into the dust of the earth and push the afflicted off the road. A man and his father go to the same girl, profaning my holy name. Wɔtiatia ahiafoɔ so te sɛ deɛ wɔyɛ fam mfuturo na wɔma atɛntenenee bɔ mmɔborɔwafoɔ. Agya ne ne ba ne ɔbaa baako da de gu me din kronkron no ho fi.
8 They stretch out beside every altar on garments taken as collateral, and in the house of their God they drink the wine of those they have fined. Wɔdeda afɔrebukyia biara ho wɔ wɔn awowa ntoma so. Wɔ wɔn anyame efie no mu no wɔnom nsã a wɔagye sɛ mmaratodeɛ.
9 Yet it was I who destroyed the Amorite before them, as tall as the cedars and as strong as the oaks; I destroyed his fruit above and his roots below. “Mesɛee Amorifoɔ no wɔ wɔn anim, ɛwom sɛ wɔware te sɛ ntweneduro. Wɔn ho nso yɛ den sɛ odum. Mesɛee nʼaba wɔ ne soro, ne ne nhini wɔ nʼase.
10 And it was I who brought you up out of the land of Egypt and led you forty years in the wilderness, to take possession of the land of the Amorite. Meyii wo firii Misraim, na medii wʼanim mfirinhyia aduanan wɔ ɛserɛ so sɛdeɛ mede Amorifoɔ asase bɛma wo.
11 I raised up some of your sons as prophets and some of your young men as Nazirites. Is this not so, people of Israel? declares our Father. Meyiyii mo mmammarima no bi yɛɛ wɔn adiyifoɔ, ne mo mmeranteɛ binom sɛ Nasarefoɔ. Na ɛnte saa anaa, Israelfoɔ?” Deɛ Awurade bisa nie.
12 But you made the Nazirites drink wine, and you commanded the prophets, saying, "Do not prophesy." “Nanso momaa Nasarefoɔ no nom nsã na mohyɛɛ adiyifoɔ no sɛ wɔnnhyɛ nkɔm.
13 Look, I will crush you in your place, as a cart full of sheaves crushes the ground beneath it. “Na afei, mɛdwerɛ mo sɛdeɛ teaseɛnam a aduane ayɛ no ma mia asase no.
14 Even the swift will find no escape, the strong will not hold on to his strength, and the warrior will not save his life. Ahoɔherɛfoɔ rentumi nnwane. Ahoɔdenfoɔ rennya ahoɔden, na akofoɔ rennya ne ho ntete.
15 The archer will not stand his ground, the fleet-footed will not escape, and the horseman will not save his life. Agyantofoɔ rentumi nnyina deɛ ɔgyina. Asraafoɔ ahoɔherɛfoɔ rentumi nnwane, na pɔnkɔsotefoɔ rentumi mpere ne nkwa.
16 Even the bravest of the warriors will flee away naked on that day, declares our Father. Mpo akofoɔ akokoɔdurufoɔ de adagya bɛdwane wɔ saa da no,” sɛdeɛ Awurade seɛ nie.
FHB

Scripture from Father’s Heart Bible™. © 2026 Spirit Media Publishing, the imprint of Spirit Media Inc. All rights reserved. In Divine Voice™ Color, the words spoken by our Father show in blue, the words of the Son in red, and the words of the Spirit in purple.

OASCB

Biblica® Wɔnhia ɛho kwamma nwoma Asante Twi Nkwa Asɛm™ Owurayɛ Tumi © 1996, 2020. Biblica, Inc. na wɔde ma. Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™ Copyright © 1996, 2020 by Biblica, Inc. “Biblica” yɛ ahyɛnsodeɛ a Biblica Inc. akɔgye afiri United States Patent and Trademark Office de hyɛ wɔn nneɛma ahodoɔ nso. Gye sɛ Biblica Inc. ma wo ho ɛkwan ansa na woatumi de adi dwuma. “Biblica” is a trademark registered in the United States Patent and Trademark Office by Biblica, Inc. Used with permission.
Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020 · Creative Commons - Attribution-ShareAlike [CC BY-SA]