Skip to content
The Believer's Library

Biblica® Open Akuapem Twi Contemporary Bible 2020

Psalms 16 OAKCB

Side by side with the Father's Heart Bible™

Dawid mpaebɔ.

1Bɔ me ho ban, me Nyankopɔn,na wo mu na minya guankɔbea.

2Meka kyerɛɛ Awurade se,“MʼAwurade ne wo;minni ade pa biara ka wo ho.”

3Ahotefo a wɔwɔ asase no so de,wɔne anuonyamfo amʼanigye wɔ wɔn mu.

4Wɔn a wodi anyame afoforo akyi no,wɔn awerɛhow bɛdɔɔso.Merengu mogya nsa mma saa anyame nona meremfa mʼano mmɔ wɔn din.

5Awurade, wode me kyɛfa ne me kuruwa ama me;woama me kyɛfa anya bammɔ.

6Mʼahye akɔdeda mmeae a eye ama me;ampa ara mewɔ agyapade a ho yɛ anigye.

7Mɛkamfo Awurade a otu me fo;na anadwo mpo, me koma kyerɛkyerɛ me.

8Mihu Awurade wɔ mʼani so daa nyinaa.Esiane sɛ ɔwɔ me nsa nifa nti, merenhinhim da.

9Ɛno nti, me kra ani gye, na mede me tɛkrɛma di ahurusi;me nipadua nso bɛhome asomdwoe mu,

10efisɛ, worennyaw me awufo mu.Na woremma wo Kronkronni no mporɔw.

11Woakyerɛ me nkwagye kwan,na wobɛma mʼani agye wɔ wʼanim,na anigye a ɛrensa da wɔ wo nifa so.

Biblica® Wonhia Akuapem Twi Nkwa Asɛm™ ho kwamma nhoma Owurayɛ Tumi © 1996, 2020. Biblica, Inc. na wɔde ma. Biblica® Open Akuapem Twi Contemporary Bible™ Copyright © 1996, 2020 by Biblica, Inc. “Biblica” yɛ ahyɛnsode a Biblica Inc. akogye afi United States Patent and Trademark Office de hyɛ wɔn nneɛma ahorow nso. Gye sɛ Biblica Inc. ma wo ho kwan ansa na woatumi de adi dwuma. “Biblica” is a trademark registered in the United States Patent and Trademark Office by Biblica, Inc. Used with permission.
Biblica® Open Akuapem Twi Contemporary Bible 2020 · Creative Commons - Attribution-ShareAlike [CC BY-SA]