Skip to content
The Believer's Library

Biblica® Open Akuapem Twi Contemporary Bible 2020

Psalms 121 OAKCB

Side by side with the Father's Heart Bible™

Ɔsoroforo dwom.

1Mema mʼani so kyerɛ mmepɔw no,ɛhe na me mmoa fi bɛba?

2Me mmoa fi Awurade,ɔsoro ne asase yɛfo no.

3Ɔremma wo nan nwatiri,nea ɔhwɛ wo no rentɔ nko.

4Ampa ara, nea ɔhwɛ Israel norentɔ nko na ɔrenna.

5Awurade hwɛ wo so;Awurade ne wo nwini wɔ wo nsa nifa so;

6Owia rensɛe wo wɔ adekyee mu,na ɔsram nso rensɛe wo anadwo.

7Awurade bɛbɔ wo ho ban afi ɔsɛe nyinaa ho,ɔbɛhwɛ wo nkwa so;

8Awurade bɛhwɛ wʼadifi ne wo fieba somprempren ne daa.

Biblica® Wonhia Akuapem Twi Nkwa Asɛm™ ho kwamma nhoma Owurayɛ Tumi © 1996, 2020. Biblica, Inc. na wɔde ma. Biblica® Open Akuapem Twi Contemporary Bible™ Copyright © 1996, 2020 by Biblica, Inc. “Biblica” yɛ ahyɛnsode a Biblica Inc. akogye afi United States Patent and Trademark Office de hyɛ wɔn nneɛma ahorow nso. Gye sɛ Biblica Inc. ma wo ho kwan ansa na woatumi de adi dwuma. “Biblica” is a trademark registered in the United States Patent and Trademark Office by Biblica, Inc. Used with permission.
Biblica® Open Akuapem Twi Contemporary Bible 2020 · Creative Commons - Attribution-ShareAlike [CC BY-SA]