Skip to content
The Believer's Library

Biblica® Open Akuapem Twi Contemporary Bible 2020

Psalms 122 OAKCB

Side by side with the Father's Heart Bible™

Ɔsoroforo dwom. Dawid de.

1Me ne wɔn a wosee me sɛ,“Ma yɛnkɔ Awurade fi” no ani gyei.

2Yegyinagyina wʼaponkɛse ano,Yerusalem.

3Wɔakyekyere Yerusalem yiye sɛ kuropɔnwahyehyɛ mu nneɛma fɛfɛ.

4Ɛhɔ na mmusuakuw no kɔ,Awurade mmusuakuw no,Wɔkɔkamfo Awurade din,sɛnea nhyehyɛe a wɔde ama Israel no te.

5Ɛhɔ na atemmu nhengua no sisi,Dawid fi nhengua no.

6Monsrɛ asomdwoe mma Yerusalem se,“Ma wɔn a wɔdɔ wo no nnya bammɔ.

7Ma asomdwoe mmra wʼafasu muna bammɔ mmra wʼaban mu.”

8Me nuanom ne me nnamfonom nti,mɛka se, “Asomdwoe ntena wo mu.”

9Awurade yɛn Nyankopɔn fi nti,mɛhwehwɛ wo yiyeyɛ.

Biblica® Wonhia Akuapem Twi Nkwa Asɛm™ ho kwamma nhoma Owurayɛ Tumi © 1996, 2020. Biblica, Inc. na wɔde ma. Biblica® Open Akuapem Twi Contemporary Bible™ Copyright © 1996, 2020 by Biblica, Inc. “Biblica” yɛ ahyɛnsode a Biblica Inc. akogye afi United States Patent and Trademark Office de hyɛ wɔn nneɛma ahorow nso. Gye sɛ Biblica Inc. ma wo ho kwan ansa na woatumi de adi dwuma. “Biblica” is a trademark registered in the United States Patent and Trademark Office by Biblica, Inc. Used with permission.
Biblica® Open Akuapem Twi Contemporary Bible 2020 · Creative Commons - Attribution-ShareAlike [CC BY-SA]