Skip to content
The Believer's Library

Biblica® Open Akuapem Twi Contemporary Bible 2020

Psalms 120 OAKCB

Side by side with the Father's Heart Bible™

Ɔsoroforo dwom.

1Misu frɛ Awurade wɔ mʼahohiahia mu,na ogye me so.

2Awurade, gye me fi atoro ano,ne nnaadaa tɛkrɛma nsam.

3Dɛn na ɔbɛyɛ wo,na dɛn na ɛka ho bio, wo nnaadaa tɛkrɛma?

4Ɔde asraafo bɛmma a ano yɛ nnamne nnyansramma bɛtwe wʼaso.

5Nnome nka me sɛ metena Mesek,na mete Kedar ntamadan mu!

6Matena wɔn a wokyi asomdwoemu akyɛ dodo.

7Meyɛ asomdwoe nipa;nanso sɛ mekasa a, wɔde yɛ ɔko.

Biblica® Wonhia Akuapem Twi Nkwa Asɛm™ ho kwamma nhoma Owurayɛ Tumi © 1996, 2020. Biblica, Inc. na wɔde ma. Biblica® Open Akuapem Twi Contemporary Bible™ Copyright © 1996, 2020 by Biblica, Inc. “Biblica” yɛ ahyɛnsode a Biblica Inc. akogye afi United States Patent and Trademark Office de hyɛ wɔn nneɛma ahorow nso. Gye sɛ Biblica Inc. ma wo ho kwan ansa na woatumi de adi dwuma. “Biblica” is a trademark registered in the United States Patent and Trademark Office by Biblica, Inc. Used with permission.
Biblica® Open Akuapem Twi Contemporary Bible 2020 · Creative Commons - Attribution-ShareAlike [CC BY-SA]