Skip to content
The Believer's Library

Biblica® Open Akuapem Twi Contemporary Bible 2020

Nahum 2 OAKCB

Show OAKCB only
Verse × ×
1 The scatterer has come up against you, Nineveh. Guard the fortress, watch the road, brace yourself, marshal all your strength! Ɔtamfo reba wo so, Ninewe bɔ aban no ho ban, wɛn ɔkwan no, bɔ wo ho so na boa wʼahoɔden nyinaa ano!
2 For our Father is restoring the majesty of Jacob, like the majesty of Israel, though plunderers have stripped them bare and ruined their branches. Awurade de Yakob anuonyam bɛsan ama no te sɛ Israel de no, ɛwɔ mu sɛ, asɛefo no ama ada mpan na wɔasɛe ne bobe mfuw.
3 The shields of his warriors are dyed red, the valiant men are clothed in scarlet; the chariots flash like fire on the day they are made ready, and the spears of cypress are brandished. Asraafo no nkatabo yɛ kɔkɔɔ; akofo no hyehyɛ ɔkɔben akotade. Nnade a wɔde yɛɛ nteaseɛnam no twa yerɛw yerɛw sɛ da a wɔyɛɛ no; mpeaw a wɔapema wɔ nnua so no rehim.
4 The chariots storm through the streets, they rush back and forth in the squares; they look like torches, they dart like lightning. Nteaseɛnam no twiw fa mmɔnten so, na wodi akɔneaba. Wɔte sɛ ogyatɛn a ɛredɛw; wɔbɔ yerɛdɛ te sɛ anyinam.
5 He summons his officers; they stumble as they march; they hurry to the wall, and the protective shield is set in place. Ɔfrɛfrɛɛ nʼakofo a wodi mu, nanso wohintihintiw wɔ ɔkwan mu. Wɔde mmirika kɔ kuropɔn no afasu ho; na wɔyɛ wɔn nkataanim krado.
6 The river gates are thrown open, and the palace collapses. Wobuebue asubɔnten apon no, na ahemfi no dwiriw gu fam.
7 It is decreed: she is stripped bare and carried away, while her servant girls moan like doves, beating their chests. Wɔhyɛ mmaraden sɛ wɔmfa kuropɔn no nnommum na wɔmfa wɔn nkɔ. Ne mfenaa de wɔn nsa gu wɔn koko so su te sɛ mmorɔnoma.
8 Nineveh is like a pool whose waters are draining away. "Stop! Stop!" they cry, but no one turns back. Ninewe te sɛ ɔtare a mu nsu resen kɔ. Wɔteɛ mu se, “Munnyina hɔ! Munnyina hɔ!” Nanso, obiara ansan nʼakyi.
9 Plunder the silver! Plunder the gold! There is no end to the treasure, an abundance of every precious thing. Momfom dwetɛ no! Momfom sikakɔkɔɔ no! Ahonyade a ɛwɔ adekoradan mu nyinaa! Na ahonyade no dɔɔso.
10 Emptiness and desolation and ruin! Hearts melt, knees give way, anguish grips every body, and every face grows pale. Wɔabɔ Ninewe korɔn, wɔayɛ no pasaa! Koma botow, na nkotodwe wosowosow, nnipa ho popo na wɔn anim hoa.
11 Where now is the lions' den, the feeding place of the young lions, where the lion and lioness prowled, and the lion's cubs, with no one to make them afraid? Mprempren he na gyata buw no wɔ, faako a wɔma wɔn mma aduan no, faako a gyatanini ne gyatabere kɔe na wɔn mma nso kɔ a wonsuro?
12 The lion tore enough for his cubs and strangled prey for his lionesses; he filled his lairs with the kill and his dens with torn flesh. Gyata akum nea ɛbɛmee ne mma. Wabobɔ hanam ama gyatabere no. Ɔde nea wakum ahyɛ ne bon ma na ɔde hanam ahyɛ nʼatu amaama.
13 "See, I am against you," declares the Father of heaven's armies. "I will send your chariots up in smoke, and the sword will devour your young lions. I will cut off your prey from the earth, and the voice of your messengers will be heard no more." “Me ne wo nka,” sɛnea Asafo Awurade se ni, “Mɛhyew wo nteaseɛnam na adan wusiw na afoa bekunkum wo gyatamma. Merennyaw wo hanam biara wɔ asase so. Wɔrente wʼasomafo no nne bio.”
FHB

Scripture from Father’s Heart Bible™. © 2026 Spirit Media Publishing, the imprint of Spirit Media Inc. All rights reserved. In Divine Voice™ Color, the words spoken by our Father show in blue, the words of the Son in red, and the words of the Spirit in purple.

OAKCB

Biblica® Wonhia Akuapem Twi Nkwa Asɛm™ ho kwamma nhoma Owurayɛ Tumi © 1996, 2020. Biblica, Inc. na wɔde ma. Biblica® Open Akuapem Twi Contemporary Bible™ Copyright © 1996, 2020 by Biblica, Inc. “Biblica” yɛ ahyɛnsode a Biblica Inc. akogye afi United States Patent and Trademark Office de hyɛ wɔn nneɛma ahorow nso. Gye sɛ Biblica Inc. ma wo ho kwan ansa na woatumi de adi dwuma. “Biblica” is a trademark registered in the United States Patent and Trademark Office by Biblica, Inc. Used with permission.
Biblica® Open Akuapem Twi Contemporary Bible 2020 · Creative Commons - Attribution-ShareAlike [CC BY-SA]