Skip to content
The Believer's Library

Biblica® Open Akuapem Twi Contemporary Bible 2020

Nahum 1 OAKCB

Show OAKCB only
Verse × ×
1 An oracle concerning Nineveh. The book of the vision of Nahum the Elkoshite. Elkosini Nahum anisoadehu nhoma a ɛyɛ nkɔmhyɛ a ɛfa Ninewe ho.
2 Our Father is jealous and avenging; our Father takes vengeance and is filled with wrath. Our Father takes vengeance on his adversaries, and he reserves his wrath for his enemies. Awurade yɛ ninkufo ne aweretɔ Nyankopɔn, Awurade tɔ were, na abufuw ahyɛ no ma. Awurade tɔ nʼatamfo so were, na nʼabufuw tena wɔn so.
3 Our Father is slow to anger and great in power, and he will never leave the guilty unpunished. His way is in the whirlwind and the storm, and the clouds are the dust beneath his feet. Awurade bo kyɛ fuw, na ne tumi so, na ɔtwe ɔfɔdifo aso. Ne kwan wɔ mfɛtɛ ne ahum mu, omununkum yɛ nʼanan ase mfutuma.
4 He rebukes the sea and dries it up; he makes all the rivers run dry. Bashan and Carmel wither, and the blossom of Lebanon fades. Ɔteɛteɛ po na ɔma ɛyow; ɔma nsubɔnten nyinaa yoyow. Basan ne Karmel twintwam, na Lebanon frɔmfrɔmyɛ nso kisa.
5 The mountains quake before him, and the hills melt away. The earth heaves at his presence—the world and all who live in it. Mmepɔw wosow biribiri nʼanim na nkoko nan. Asase, wiase ne wɔn a wɔwɔ mu nyinaa wosow nʼanim.
6 Who can stand before his fury? Who can endure the heat of his anger? His wrath pours out like fire, and the rocks shatter before him. Hena na obetumi agyina nʼabufuw ano? Hena na obetumi atena nʼabufuwhyew mu? Nʼabufuw hwie te sɛ ogya; abotan yam wɔ nʼanim.
7 Our Father is good, a stronghold in the day of trouble; he knows those who take refuge in him. Awurade ye, ɔyɛ ahohia mu guankɔbea. Nʼani wɔ wɔn a wɔde wɔn ho to no so no so.
8 But with an overwhelming flood he will put an end to her place, and he will pursue his enemies into darkness. Nanso, ɔnam nsuyiri nwonwaso so bɛma Ninewe aba awiei. Ɔbɛtaa nʼatamfo akodu sum kabii mu.
9 What do you plot against our Father? He will put a complete end to it; trouble will not rise up a second time. Pɔw biara a wɔbɛbɔ atia Awurade no, ɔbɛsɛe no; ɔhaw biara remma nto so mprenu.
10 For though they are entangled like thorns and soaked in their drink, they will be consumed like dry stubble. Wɔde nsɔe bɛkyekyere wɔn ho, na bere a wɔn nsa abow wɔn no wɔbɛhyew wɔn sɛ nwuraguanee a wɔaboa ano.
11 From you, Nineveh, came one who plots evil against our Father, a counselor of wickedness. Ninewe, wo mu na nea ɔbɔ pɔw bɔne tia Awurade na otu fo bɔne no fi.
12 This is what our Father says: However strong and numerous they are, they will be cut down and disappear. Though I have made you suffer, I will make you suffer no more. Nea Awurade se ni: “Ɛwɔ mu sɛ wɔwɔ nnamfonom a wɔdɔɔso de, nanso wɔbɛsɛe wɔn ama wɔayera. Yuda, ɛwɔ mu sɛ mama ɔhaw aba wo so, nanso merenyɛ saa bio.
13 Now I will break his yoke from your neck and tear away your chains. Afei, mebubu konnua a ɛda wo kɔn mu na matetew nkɔnsɔnkɔnsɔn no mu.”
14 Our Father has commanded about you, Nineveh: your name will have no descendants. I will cut off the carved image and cast idol from your gods' house. I will make your grave—you are contemptible. Ninewe, Awurade aka ɔhyɛ asɛm a ɛfa wo ho: “Worennya asefo a wo din bɛda wɔn so. Mɛsɛe nsɛsode a wɔasen ne ahoni a wɔagu a esisi wʼabosonnan mu no. Mesiesie wo da efisɛ woadan ayɛ atantanne.”
15 Look! There on the mountains, the feet of one who brings good news, who proclaims peace! Celebrate your feasts, Judah; fulfill your vows. For never again will the wicked invade you; they are completely cut off. Hwɛ mmepɔw no so, nea ɔde asɛmpa no ba no anammɔn ɔno na ɔka asomdwoesɛm! Yuda di wʼafahyɛ na di wɔ bɔhyɛ so. Nnipabɔne rentu wo so sa bio; Wɔbɛsɛe wɔn pasaa.
FHB

Scripture from Father’s Heart Bible™. © 2026 Spirit Media Publishing, the imprint of Spirit Media Inc. All rights reserved. In Divine Voice™ Color, the words spoken by our Father show in blue, the words of the Son in red, and the words of the Spirit in purple.

OAKCB

Biblica® Wonhia Akuapem Twi Nkwa Asɛm™ ho kwamma nhoma Owurayɛ Tumi © 1996, 2020. Biblica, Inc. na wɔde ma. Biblica® Open Akuapem Twi Contemporary Bible™ Copyright © 1996, 2020 by Biblica, Inc. “Biblica” yɛ ahyɛnsode a Biblica Inc. akogye afi United States Patent and Trademark Office de hyɛ wɔn nneɛma ahorow nso. Gye sɛ Biblica Inc. ma wo ho kwan ansa na woatumi de adi dwuma. “Biblica” is a trademark registered in the United States Patent and Trademark Office by Biblica, Inc. Used with permission.
Biblica® Open Akuapem Twi Contemporary Bible 2020 · Creative Commons - Attribution-ShareAlike [CC BY-SA]