Skip to content
The Believer's Library

Biblica® Open Akuapem Twi Contemporary Bible 2020

Micah 7 OAKCB

Show OAKCB only
Verse × ×
1 How miserable I am! I am like someone who gathers summer fruit, like one who gleans the vineyard after harvest: there is no cluster to eat, no early fig I long for. Mayɛ mmɔbɔ! Mete sɛ otwabere nnuaba tasefo a otwabere akyi mikodi mpɛpɛ wɔ bobeturo mu; minnya bobe kasiaw na madi, borɔdɔma aba a edi kan a mekɔn dɔ nso, saa ara.
2 The faithful have vanished from the land, and there is no one upright among the people; they all lie in wait for blood, each hunting his brother with a net. Wɔapra Onyamefɛrefo nyinaa afi asase so. Anka ɔbaako a ɔteɛ mpo. Nnipa nyinaa tetɛw na wɔhwehwɛ sɛ wɔbɛka mogya agu; wɔde ɔtan sunsum wɔn ho wɔn ho mfiri.
3 Their hands are skilled at evil: the official demands a bribe, the judge accepts a payoff, and the powerful dictate what they want—and so they all conspire together. Nsa abien no nyinaa akokwaw bɔneyɛ mu; ɔsodifo bisa akyɛde, otemmufo gye adanmude, wɔn a tumi wɔ wɔn nsa mu no yɛ nea wɔpɛ, wɔn nyinaa bɔ mu dwene amumɔyɛ ho.
4 The best of them is like a brier, the most upright worse than a thorn hedge. The day your watchmen warned of, the day of your reckoning, has come; now their confusion is near. Nea oye wɔ wɔn mu no te sɛ ohwirem; nea ɔteɛ pa ara no, nsɔeban ye sen no. Wʼatemmuda no aso, da a Onyankopɔn reba wo nsrahwɛ. Eyi ne bere a wɔn ani so bɛyɛ wɔn totɔtotɔ.
5 Put no trust in a neighbor; have no confidence in a close friend; guard what you say even to the one who lies in your arms. Nnye obiara nni; mfa wo werɛ nhyɛ adamfo mu. Mpo, ɔbea a ɔda wo koko mu no to wo tɛkrɛma nnareka wɔ ne ho.
6 For the son treats the father with contempt, the daughter rises against her mother, the daughter-in-law against her mother-in-law; a person's enemies are the members of his own household. Ɔbabarima twiri nʼagya, Ɔbabea sɔre tia ne na, asebea nso tia nʼase onipa atamfo ne nʼankasa ne fifo.
7 But as for me, I will watch for our Father; I will wait for the Father who saves me; my Father will hear me. Me de, mede anidaso hwɛ Awurade, Metwɛn me Nkwagye Nyankopɔn; na me Nyankopɔn betie me.
8 Do not gloat over me, my enemy! Though I have fallen, I will rise; though I sit in darkness, our Father will be my light. Mma wʼani nnye, me tamfo! Mahwe ase de, nanso mɛsɔre. Sum aduru me de, nanso Awurade bɛyɛ me hann.
9 I will bear the indignation of our Father, because I have sinned against him, until he takes up my case and brings me justice. He will bring me out into the light, and I will see his vindication. Sɛ mayɛ bɔne atia no nti, Awurade abufuw bɛba me so, kosi sɛ ɔbɛka mʼasɛm ama me na wada me bembu adi. Ɔde me bɛba hann no mu; na mehu ne trenee.
10 Then my enemy will see it and be covered with shame, she who said to me, "Where is the LORD your God?" My eyes will look on her; now she will be trampled down like mud in the streets. Afei, mʼatamfo behu na wɔn ani bewu, nea osee me sɛ, “Ɛhe na Awurade wo Nyankopɔn no wɔ?” Mʼani behu nʼasehwe; mpo mprempren no, wobetiatia no so te sɛ dontori a ɛwɔ mmɔnten so.
11 The day for rebuilding your walls will come, the day your boundaries will be extended far and wide. Da a wɔbɛto wʼafasu no bɛba, da a wɔbɛtrɛw wʼahye mu.
12 In that day they will come to you from Assyria and the cities of Egypt, from Egypt to the River, from sea to sea and mountain to mountain. Da no, nnipa bɛba wo nkyɛn afi Asiria ne Misraim nkuropɔn mu, mpo wobefi Misraim akosi Eufrate afi po akosi po ne bepɔw so akosi bepɔw so.
13 But the earth will become desolate because of those who live in it, as the fruit of their deeds. Asase no bɛyɛ amamfo, esiane nnipa a wɔtete so ne wɔn nneyɛe nti.
14 Shepherd your people with your staff, the flock of your inheritance, who live alone in a forest in the midst of fertile pasture. Let them graze in Bashan and Gilead as they did long ago. Fa wo pema di wo nkurɔfo anim, nguan a wɔyɛ wʼagyapade no, a wɔn nko ara tete kwae mu, wura frɔmfrɔm adidibea hɔ. Ma wonnidi wɔ Basan ne Gilead sɛ tete nna no mu.
15 As in the days when you came out of the land of Egypt, I will show them wonders. “Mɛyɛ anwonwade akyerɛ wo, sɛnea meyɛɛ nna a wufi Misraim bae mu no.”
16 The nations will see and be ashamed of all their might; they will put their hands over their mouths, and their ears will go deaf. Aman behu wo na wɔn ani bewu, wɔn a tumi nyinaa afi wɔn nsa no. Wɔde wɔn nsa betuatua wɔn ano na wɔn aso besisiw.
17 They will lick the dust like a serpent, like creatures that crawl on the ground. They will come trembling from their strongholds; they will turn to our Father in dread, and they will be afraid of you. Wobedi dɔte sɛ awɔ, ne mmoa a wɔwea wɔ fam. Wɔde ahopopo befi wɔn abon mu aba; wɔde osuro bɛdan wɔn ho ama Awurade yɛn Nyankopɔn, na wobesuro wo.
18 Who is like our Father, who pardons sin and passes over the rebellion of the remnant of his inheritance? He does not hold on to his anger forever, because his heart delights in covenant love. Hena na ɔte sɛ wo, Onyankopɔn a wode bɔne kyɛ? Wo a wode agyanom asefo nkae amumɔyɛ kyɛ wɔn. Wʼabufuw ntena hɔ daa, na mmom wʼani gye sɛ wobɛda mmɔborɔhunu adi.
19 He will again have compassion on us; he will tread our wrongdoing underfoot. You will hurl all our sins into the depths of the sea. Wubehu yɛn mmɔbɔ bio, wubetiatia yɛn bɔne so, na woatow yɛn amumɔyɛ agu po bun mu.
20 You will be faithful to Jacob and show covenant love to Abraham, as you swore to our ancestors long ago. Wobɛyɛ ɔnokwafo ama Yakob na woahu Abraham mmɔbɔ sɛnea wokaa yɛn agyanom ntam teteete no.
FHB

Scripture from Father’s Heart Bible™. © 2026 Spirit Media Publishing, the imprint of Spirit Media Inc. All rights reserved. In Divine Voice™ Color, the words spoken by our Father show in blue, the words of the Son in red, and the words of the Spirit in purple.

OAKCB

Biblica® Wonhia Akuapem Twi Nkwa Asɛm™ ho kwamma nhoma Owurayɛ Tumi © 1996, 2020. Biblica, Inc. na wɔde ma. Biblica® Open Akuapem Twi Contemporary Bible™ Copyright © 1996, 2020 by Biblica, Inc. “Biblica” yɛ ahyɛnsode a Biblica Inc. akogye afi United States Patent and Trademark Office de hyɛ wɔn nneɛma ahorow nso. Gye sɛ Biblica Inc. ma wo ho kwan ansa na woatumi de adi dwuma. “Biblica” is a trademark registered in the United States Patent and Trademark Office by Biblica, Inc. Used with permission.
Biblica® Open Akuapem Twi Contemporary Bible 2020 · Creative Commons - Attribution-ShareAlike [CC BY-SA]