Skip to content
The Believer's Library

Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Micah 7 OASCB

Side by side with the Father's Heart Bible™

Israel Ahohia

1Mayɛ mmɔbɔ!Mete sɛ aduaba tefoɔ aotwa berɛ akyi mekɔdi mpɛpɛ wɔ bobe turo mu;mennya bobe siaw na madi,borɔdɔma aba a ɛdi ɛkan a me kɔn dɔ nso, saa ara.

2Moapra Nyamefɛrefoɔ nyinaa afiri asase so.Anka ɔbaako a ɔtene mpo.Nnipa nyinaa tetɛ na wɔhwehwɛ sɛ wɔbɛka mogya agu;wɔsunsum wɔn ho wɔn ho mfidie.

3Nsa mmienu no nyinaa akokwa bɔneyɛ mu;sodifoɔ bisa akyɛdeɛ,ɔtemmufoɔ gye adanmudeɛ,wɔn a tumi wɔ wɔn nsa mu no yɛ deɛ wɔpɛ,wɔn nyinaa bɔ mu dwene amumuyɛ ho.

4Deɛ ɔyɛ wɔ wɔn mu no te sɛ hwerɛmo;deɛ ɔtene pa ara no, nkasɛɛ ban yɛ sene no.Wʼatɛmmuda no aso,ɛda a Onyankopɔn reba wo nsrahwɛ.Yei ne ɛberɛ a wɔn ani so bɛyɛ wɔn totɔtotɔ.

5Nnye obiara nni;mfa wo werɛ nhyɛ adamfo mu.Mpo ɔbaa a ɔda wo koko mu noto wo tɛkrɛma nnareka wɔ ne ho.

6Ɔbabarima twiri nʼagya,Ɔbabaa sɔre tia ne maame,asebaa nso tia nʼasena onipa biara atamfoɔ bɛfiri ɔno ankasa ne fiefoɔ mu.

7Me deɛ, mede anidasoɔ hwɛ Awurade,Metwɛn me Nkwagyeɛ Onyankopɔn;na me Onyankopɔn bɛtie me.

Israel Bɛsɔre

8Mma wʼani nnye, me ɔtamfoɔ!Mahwe ase deɛ, nanso mɛsɔre.Esum aduru me deɛ,nanso Awurade bɛyɛ me hann.

9Sɛ mayɛ bɔne atia no enti,Awurade abufuo bɛba me so,kɔsi sɛ ɔbɛka mʼasɛm ama mena wada me bembuo adi.Ɔde me bɛba hann no mu;na mɛhunu ne tenenee.

10Afei, mʼatamfoɔ bɛhununa wɔn ani bɛwu,deɛ ɔsee me sɛ,“Ɛhe na Awurade wo Onyankopɔn no wɔ?”Mʼani bɛhunu nʼahweaseɛ;mpo seesei no, wɔbɛtiatia ne sote sɛ atɛkyɛ a ɛwɔ mmɔntene so.

11Ɛda a wɔbɛto wʼafasuo no bɛba,ɛda a wɔbɛtrɛ wʼahyeɛ mu.

12Ɛda no, nnipa bɛba wo nkyɛnfiri Asiria ne Misraim nkuropɔn mu,mpo wɔbɛfiri Misraim akɔsi Eufrateafiri ɛpo akɔsi ɛpone bepɔ so akɔsi bepɔ so.

13Asase no bɛyɛ amanfo ɛsiane nnipa a wɔtete sone wɔn nneyɛɛ enti.

Mpaeɛbɔ Ne Nkamfoɔ

14Fa wo poma di wo nkurɔfoɔ anim,nnwan a wɔyɛ wʼagyapadeɛ no,a wɔn nko ara tete kwaeɛ muwira frɔmfrɔm adidibea hɔ.Ma wɔn nnidi wɔ Basan ne Gileadsɛ tete nna no mu.

15“Mɛyɛ anwanwadeɛ akyerɛ wo,sɛdeɛ meyɛɛ nna a wofiri Misraim baeɛ mu no.”

16Aman bɛhunu wo na wɔn ani bɛwu,wɔn a tumi nyinaa afiri wɔn nsa no.Wɔde wɔn nsa bɛtuatua wɔn anona wɔn aso bɛsisi.

17Wɔbɛdi dɔteɛ sɛ awɔ,ne mmoa a wɔwea fam.Wɔde ahopopoɔ bɛfiri wɔn abɔn mu aba;wɔde suro bɛdane wɔn ho ama Awurade yɛn Onyankopɔn,na wɔbɛsuro wo.

18Hwan na ɔte sɛ wo,Onyankopɔn a wode bɔne kyɛ?Wo a wode agyanom asefoɔ nkaeɛ amumuyɛ kyɛ wɔn.Wʼabofuo nntena hɔ daana mmom wʼani gye sɛ wobɛda mmɔborɔhunu adi.

19Wobɛhunu yɛn mmɔbɔ bio,wobɛtiatia yɛn bɔne so,na woato yɛn amumuyɛ agu ɛpo bunu mu.

20Wobɛyɛ nokwafoɔ ama Yakobna wahunu Abraham mmɔbɔsɛdeɛ wokaa yɛn agyanom ntamteteete no.

Biblica® Wɔnhia ɛho kwamma nwoma Asante Twi Nkwa Asɛm™ Owurayɛ Tumi © 1996, 2020. Biblica, Inc. na wɔde ma. Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™ Copyright © 1996, 2020 by Biblica, Inc. “Biblica” yɛ ahyɛnsodeɛ a Biblica Inc. akɔgye afiri United States Patent and Trademark Office de hyɛ wɔn nneɛma ahodoɔ nso. Gye sɛ Biblica Inc. ma wo ho ɛkwan ansa na woatumi de adi dwuma. “Biblica” is a trademark registered in the United States Patent and Trademark Office by Biblica, Inc. Used with permission.
Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020 · Creative Commons - Attribution-ShareAlike [CC BY-SA]