Skip to content
The Believer's Library

Biblica® Open Akuapem Twi Contemporary Bible 2020

Micah 6 OAKCB

Show OAKCB only
Verse × ×
1 Hear what our Father says: Stand, plead your case before the mountains; let the hills hear your voice. Muntie asɛm a Awurade reka: “Monsɔre na mommɔ mo nkuro wɔ mmepɔw no anim; momma nkoko nte nea mowɔ ka.
2 Listen, mountains, to our Father's case, and you lasting foundations of the earth; for our Father has a case against his people, and he will contend with Israel. “Na afei, mmepɔw, muntie Awurade sobo; tie, asase nnyinaso a ɛwɔ hɔ daa. Na Awurade wɔ asɛm a etia ne nkurɔfo; ɔrebɔ Israel sobo.
3 My children, what have I done to you? How have I wearied you? Answer me! “Me nkurɔfo, dɛn na mayɛ mo? Mede adesoa bi asoa mo? Mummua me!
4 For I brought you up from the land of Egypt and redeemed you from the house of slavery; I sent before you Moses, Aaron, and Miriam. Miyii mo fii Misraim migyee mo fii nkoasom asase so. Mesomaa Mose bedii mo anim, Aaron ne Miriam nso.
5 My children, remember what Balak king of Moab planned, and what Balaam son of Beor answered him, from Shittim to Gilgal, so you will know the righteous acts of your Father. Me nkurɔfo, monkae afotu a Moabhene Balak mae ne mmuae a Beor babarima Balaam mae. Monkae mo kwan a mutu fii Sitim kɔɔ Gilgal, na munhu Awurade akwantrenee.”
6 What should I bring when I come before our Father? How should I bow before our Father on high? Will I come to him with burnt offerings, with year-old calves? Dɛn na memfa mmra Awurade anim mmɛkotow ɔsorosoro Onyankopɔn no? Memfa nantwimma a wadi afe mmɛbɔ ɔhyew afɔre wɔ nʼanim ana?
7 Will our Father be pleased with thousands of rams, with 10,000 rivers of oil? Will I give my firstborn for my rebellion, the child of my own body for the sin of my soul? Awurade ani bɛsɔ adwennini mpempem ne ngodua mu ngo asuten mpem du ana? Memfa mʼabakan mmɔ me bɔne ho afɔre, anaa me yafunumma, me kra bɔne nti?
8 He has told you what is good; and what does our Father require of you but to do justice, to love kindness, and to walk humbly with your Father? Ɔde nea eye akyerɛ wo, Ao onipa. Na dɛn na Awurade hwehwɛ afi wo hɔ? Yɛ adetrenee ne mmɔborɔhunu, na wo ne wo Nyankopɔn nnantew ahobrɛase mu.
9 The voice of our Father calls to the city—and it is sound wisdom to fear your name—"Listen, tribe, and the one who appointed it! Muntie! Awurade refrɛ kuropɔn no, Wo din suro yɛ nyansahu, “Muntie abaa no ne nea Ɔmaa no tumi no.
10 Are there still treasures of wickedness in the house of the wicked, and the accursed short measure? Mo amumɔyɛfo, menkɔ so mma me werɛ mfi mo ahonya a monam asisi so apɛ, ne nkontompo susukoraa a ɛde nnome ba no ana?
11 Will I declare innocent the one with dishonest scales, with a bag of deceitful weights? Minnyae onipa a okura nsania a wɔamia mu, ne asisi nkaribo na ɔmfa ne ho nni ana?
12 Your rich men are full of violence, your inhabitants speak lies, and their tongues are full of deceit. Adefo a wɔwɔ mo mu no di akakabensɛm; mo nkurɔfo no yɛ atorofo na wɔn tɛkrɛma ka nnaadaasɛm.
13 So I myself have begun to strike you, making you desolate because of your sins. Ɛno nti, mafi ase resɛe mo, Mo bɔne ahorow nti, mɛsɛe mo.
14 You will eat but not be satisfied, and your hunger will stay within you; you will store up but not save, and what you save I will give over to the sword. Mubedidi, nanso moremmee; ɔkɔm bɛkɔ so ade mo. Mobɛboaboa ano, nanso ɛrenkosi hwee, efisɛ mede nea moakora no bɛma afoa.
15 You will sow but not reap; you will press olives but have no oil to use, and press the grapes but not drink the wine. Mubedua nanso morentwa. Mubekyi ngodua mu ngo, nanso morensra bi, mubetiatia bobe so, nanso morennom nsa a mubenya afi mu no bi.
16 For you have kept the statutes of Omri and all the works of the house of Ahab, and you have followed their ways; so I will make you a desolation and your inhabitants a mockery, and you will bear the scorn of my children." Moadi Omri mmara so. Moayɛ nea wɔyɛɛ wɔ Ahab fi. Moasua wɔn nneyɛe no bi, ɛno nti mɛma ɔsɛe aba mo so. Wɔbɛserew mo nkurɔfo; na amanaman bebu mo animtiaa.”
FHB

Scripture from Father’s Heart Bible™. © 2026 Spirit Media Publishing, the imprint of Spirit Media Inc. All rights reserved. In Divine Voice™ Color, the words spoken by our Father show in blue, the words of the Son in red, and the words of the Spirit in purple.

OAKCB

Biblica® Wonhia Akuapem Twi Nkwa Asɛm™ ho kwamma nhoma Owurayɛ Tumi © 1996, 2020. Biblica, Inc. na wɔde ma. Biblica® Open Akuapem Twi Contemporary Bible™ Copyright © 1996, 2020 by Biblica, Inc. “Biblica” yɛ ahyɛnsode a Biblica Inc. akogye afi United States Patent and Trademark Office de hyɛ wɔn nneɛma ahorow nso. Gye sɛ Biblica Inc. ma wo ho kwan ansa na woatumi de adi dwuma. “Biblica” is a trademark registered in the United States Patent and Trademark Office by Biblica, Inc. Used with permission.
Biblica® Open Akuapem Twi Contemporary Bible 2020 · Creative Commons - Attribution-ShareAlike [CC BY-SA]