Skip to content
The Believer's Library

Biblica® Open Akuapem Twi Contemporary Bible 2020

Micah 5 OAKCB

Show OAKCB only
Verse × ×
1 Marshal your forces, daughter of troops! A siege has been laid against us. With a rod they strike the judge of Israel on the cheek. Mommoaboa mo asraafo ano, akofo kuropɔn, efisɛ atamfo atwa yɛn ho ahyia. Wɔde abaa bɛbɔ nea odi Israel so no wɔ nʼafono so.
2 But you, Bethlehem Ephrathah, though you are small among the clans of Judah, from you will come forth for me one who will be ruler over Israel, whose origins are from ancient times, from the days of eternity. “Nanso wo, Betlehem Efrata, ɛwɔ mu sɛ woyɛ ketewa wɔ Yuda mmusua mu de, nanso wo mu na obi befi ama me a obedi Israel so, na nʼase fi teteete.”
3 Therefore he will give them up until the time when the woman in labor has given birth; then the rest of his brothers will return to the people of Israel. Enti wobɛto Israelfo paahwii, kosi sɛ ɔbea a awo aka no no bɛwo na ne nuanom mmarima nkae bɛsan akɔka Israelfo ho.
4 And he will stand and shepherd his flock in the strength of our Father, in the majesty of the name of his Father. And they will live in safety, for now he will be great to the ends of the earth. Ɔbɛsɔre ahwɛ ne nguankuw wɔ Awurade ahoɔden mu, wɔ Awurade ne Nyankopɔn din kɛseyɛ mu. Na wɔbɛtena asomdwoe mu, na afei ne kɛseyɛ bedu asase awiei.
5 And he himself will be our peace. When Assyria comes into our land and treads on our fortresses, then we will raise against him seven shepherds and eight leaders of men. Na ɔbɛyɛ wɔn asomdwoe. Sɛ Asiriafo bɛtow ahyɛ yɛn asase so, na wɔbɔ nsra fa yɛn aban mu a, yɛde nguanhwɛfo baason, mpo asahene baawɔtwe behyia wɔn.
6 They will shepherd the land of Assyria with the sword, and the land of Nimrod at its entrances. And the ruler will deliver us from Assyria when it comes into our land and treads within our borders. Wɔde afoa bedi Asiria asase so, wɔbɛtwe afoa de adi Nimrod asase so. Sɛ Asiriafo tow hyɛ yɛn so, bɔ nsra fa yɛn ahye so a, obegye yɛn afi wɔn nsam.
7 Then the remnant of Jacob will be in the midst of many peoples like dew from our Father, like showers on the grass, which do not wait for anyone or delay for any person. Yakob asefo nkae no bɛfrafra nnipa bebree mu te sɛ obosu a efi Awurade, te sɛ osu a ɛpete gu sare so a ɛntwɛn ɔdesani, na ɔdesani biara rentumi nsiw ho kwan.
8 And Jacob's remnant will live among the nations, surrounded by many peoples—like a lion among the wild animals of the forest, like a young lion prowling among flocks of sheep, which, when it passes through, tramples and tears, and no one can rescue. Wɔbɛkan Yakob asefo nkae no afra aman no mu, wɔbɛfrafra nnipa bebree mu te sɛ gyata a ɔfra mmoa mu wɔ kwae mu, te sɛ gyata ba a ɔfra nguankuw mu a ɔbobɔ wɔn tetew wɔn mu na obiara ntumi nnye wɔn.
9 Your hand will be lifted up over your adversaries, and all your enemies will be cut off. Wɔbɛma wo nsa so sɛ woadi wʼatamfo so nkonim, na wɔbɛsɛe wʼatamfo nyinaa.
10 And in that day, declares our Father, I will cut off your horses from among you and destroy your chariots. “Saa da no,” sɛnea Awurade se ni, “Mɛsɛe apɔnkɔ a wowɔ na mabubu wo nteaseɛnam.
11 I will cut off the cities of your land and tear down all your strongholds. Mɛsɛe nkuropɔn a ɛwɔ wʼasase so na madwiriw wo bammɔ dennen nyinaa agu.
12 I will cut off sorceries from your hand, and you will have no more fortune-tellers. Mɛsɛe wʼabayisɛm na wo ntafowayi to betwa.
13 I will cut off your carved images and your sacred pillars from among you, and you will no longer bow down to the work of your hands. Mɛsɛe nsɛsode a wode wo nsa ayɛ ne abo ahoni a wowɔ no, na worenkotow nsɔre wo nsa ano adwuma bio.
14 I will uproot your Asherah poles from among you and demolish your cities. Metutu Asera abosomnnua no afi wo mu na masɛe wo nkuropɔn.
15 And in anger and fury I will bring judgment on the nations that did not obey. Aman a wɔantie mʼasɛm no nyinaa, mede abufuw ne abufuwhyew bɛtɔ wɔn so were.”
FHB

Scripture from Father’s Heart Bible™. © 2026 Spirit Media Publishing, the imprint of Spirit Media Inc. All rights reserved. In Divine Voice™ Color, the words spoken by our Father show in blue, the words of the Son in red, and the words of the Spirit in purple.

OAKCB

Biblica® Wonhia Akuapem Twi Nkwa Asɛm™ ho kwamma nhoma Owurayɛ Tumi © 1996, 2020. Biblica, Inc. na wɔde ma. Biblica® Open Akuapem Twi Contemporary Bible™ Copyright © 1996, 2020 by Biblica, Inc. “Biblica” yɛ ahyɛnsode a Biblica Inc. akogye afi United States Patent and Trademark Office de hyɛ wɔn nneɛma ahorow nso. Gye sɛ Biblica Inc. ma wo ho kwan ansa na woatumi de adi dwuma. “Biblica” is a trademark registered in the United States Patent and Trademark Office by Biblica, Inc. Used with permission.
Biblica® Open Akuapem Twi Contemporary Bible 2020 · Creative Commons - Attribution-ShareAlike [CC BY-SA]