Skip to content
The Believer's Library

Biblica® Open Akuapem Twi Contemporary Bible 2020

Nahum 3 OAKCB

Show OAKCB only
Verse × ×
1 Woe to the city of bloodshed, all full of lies and plunder—the prey never departs! Nnome nka mogya kuropɔn a atoro ne korɔn ahyɛ no ma na amanehunufo mpa mu da!
2 The crack of the whip, the rumble of wheels, galloping horses, and bounding chariots! Apɔnkɔkafo abaa regyigye, nteaseɛnam nhankare reyɛ kirididi Apɔnkɔ rehuruhuruw ne nteaseɛnam redankyidankyi.
3 Charging horsemen, flashing swords, glittering spears—a multitude of slain, a heap of corpses, bodies without end; they stumble over the dead. Apɔnkɔ ne wɔn sotefo ko kɔ wɔn anim; afoa twa yerɛw yerɛw, na mpeaw nso pa yerɛw yerɛw. Atɔfo bebree, awufo a bi deda bi so, afunu a wontumi nkan wɔn dodow a nnipa tiatia so.
4 All because of the rampant prostitution of this seductive prostitute, the mistress of sorceries, who sells nations through her prostitution and peoples through her sorceries. Eyi nyinaa fi oguamanfo bi akɔnnɔ, ntafowayifo no nnaadaa dodow no. Ɔno na ɔde nʼaguamammɔ tɔn amanaman na ɔde ne ntafowayi tɔn nnipa.
5 "Look, I am against you,' declares the Father of heaven's armies, 'and I will lift your skirts over your face; I will show the nations your nakedness and the kingdoms your shame. “Me ne wo nka,” sɛnea Asafo Awurade se ni, “Mɛpagyaw wʼatade akɔ soro. Mɛma amanaman ahu wʼadagyaw na ahenni ahorow nso ahu wʼanimguase.
6 I will pelt you with filth, treat you with contempt, and make you a spectacle.' Mede fi bɛsra wo ho, mebu wo animtiaa na mama nnipa ahwɛ wo.
7 And all who see you will flee from you and say, 'Nineveh is laid waste; who will grieve for her?' Where can I find comforters for you?'" Obiara a obehu wo beguan afi wo ho aka se, ‘Ninewe adwiriw, na hena na obesu no?’ Ɛhe na menya obi akyekye wo werɛ?”
8 Are you better than Thebes, that sat by the Nile with water all around her, whose rampart was the sea, whose wall was the waters? Wuye sen Tebes a ɛda Asubɔnten Nil ho a nsu atwa ne ho ahyia ana? Asubɔnten bɔ ne ho ban na nsu yɛ ne fasu.
9 Cush was her strength, and Egypt without limit; Put and the Libyans were among her allies. Kus ne Misraim yɛ ne dɔm a wontumi nkan wɔn. Put ne Libia ka nʼadomfo ho.
10 Yet she became an exile; she went into captivity. Her infants were dashed to pieces at every street corner. They cast lots for her honored men, and all her great men were bound in chains. Nanso wɔfaa no nnommum twaa no asu. Wɔtow ne nkokoaa hwehwee fam ma wɔtetee wɔ mmɔnten so. Wɔbɔɔ nʼadehye so ntonto, na nʼatitiriw nso wɔde nkɔnsɔnkɔnsɔn guguu wɔn.
11 You too will be drunk; you will go into hiding; you too will seek refuge from the enemy. Wo nso wobɛbow Na wubehintaw wo ho de akɔpɛ guankɔbea wɔ atamfo nkyɛn.
12 All your fortresses are like fig trees with the first-ripe figs—when shaken, they fall into the mouth of the eater. Wʼaban nyinaa te sɛ borɔdɔma nnua a asow aba foforo: sɛ wɔwosow a aba no tetew gu ma nea ɔrehwehwɛ bi adi.
13 Look, your troops are women in your midst. The gates of your land are flung wide open to your enemies; fire has devoured your bars. Hwɛ wʼakofo wɔn nyinaa yɛ mmea! Wʼasase so apon ano deda hɔ ma wʼatamfo; ogya ahyew wʼapon no akyi adaban.
14 Draw water for the siege; strengthen your fortresses; go into the clay and tread the mortar; take hold of the brick mold! Sesaw nsu sie ma bere a wɔatua mo ano no. Yere wo bammɔ mu! Wɔw dɔte no na siesie ntayaa a wɔato no!
15 There the fire will devour you; the sword will cut you down; it will consume you like the young locust. Multiply yourselves like the young locust; multiply like the swarming locust! Ɛhɔ na ogya bɛhyew wo; afoa betwa wo ahwe fam, wobedi wo nam sɛ mmoadabikuw. Monnɔ sɛ tɛwtɛw, mo ase mfɛe sɛ mmoadabi!
16 You multiplied your merchants more than the stars of the heavens. The young locust strips the land and flies away. Woama wʼaguadifo adɔɔso, wɔn dodow asen ɔsoro nsoromma, nanso wɔte sɛ mmoadabi a wɔbɔ asase no kwaterekwa na afei wotu kɔ.
17 Your guards are like locusts, and your officials like clouds of locusts that settle on the walls on a cold day—when the sun rises, they fly off, and no one knows where they are. Wʼawɛmfo te sɛ mmoadabi. Wʼadwumayɛfo te sɛ mmoadabi akuw a wɔsensam ban ho awɔw da. Nanso sɛ owia pue a wotu kɔ, na obi nnim faako a wɔkɔ.
18 Your shepherds are asleep, king of Assyria; your nobles lie down. Your people are scattered across the mountains, with no one to gather them. Asiriahene wo nguanhwɛfo retɔ nko. Wʼanuonyamfo deda hɔ rehome. Wo nkurɔfo abɔ apete wɔ mmepɔw no so a wonni anoboaboafo.
19 There is no relief for your injury; your wound is fatal. All who hear the news of you clap their hands over you—for who has not felt your endless cruelty pass over them again and again? Aduru biara rentumi nkum wʼapirakuru no; wo kuru no bekum wo. Obiara a ɔte wo nka no bɔ ne nsam wɔ wʼasehwe ho, Na hena koraa na wʼatirimɔdensɛm no bi nkaa no da?
FHB

Scripture from Father’s Heart Bible™. © 2026 Spirit Media Publishing, the imprint of Spirit Media Inc. All rights reserved. In Divine Voice™ Color, the words spoken by our Father show in blue, the words of the Son in red, and the words of the Spirit in purple.

OAKCB

Biblica® Wonhia Akuapem Twi Nkwa Asɛm™ ho kwamma nhoma Owurayɛ Tumi © 1996, 2020. Biblica, Inc. na wɔde ma. Biblica® Open Akuapem Twi Contemporary Bible™ Copyright © 1996, 2020 by Biblica, Inc. “Biblica” yɛ ahyɛnsode a Biblica Inc. akogye afi United States Patent and Trademark Office de hyɛ wɔn nneɛma ahorow nso. Gye sɛ Biblica Inc. ma wo ho kwan ansa na woatumi de adi dwuma. “Biblica” is a trademark registered in the United States Patent and Trademark Office by Biblica, Inc. Used with permission.
Biblica® Open Akuapem Twi Contemporary Bible 2020 · Creative Commons - Attribution-ShareAlike [CC BY-SA]