Skip to content
The Believer's Library

Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Nahum 2 OASCB

Side by side with the Father's Heart Bible™

Ninewe Asehweɛ

1Ɔtohyɛsoɔni reba wo so, Ninewebɔ aban no ho ban,wɛn ɛkwan no,bɔ wo ho sona boa wʼahoɔden nyinaa ano!

2Awurade de Yakob animuonyam bɛsane ama note sɛ Israel deɛ no,ɛwom sɛ, asɛefoɔ no ama ada mpanna wɔasɛe ne bobe mfuo.

3Asraafoɔ no akokyɛm yɛ kɔkɔɔ;akofoɔ no hyehyɛ kɔben akotaadeɛ.Nnadeɛ a wɔde yɛɛ nteaseɛnam notwa nyinam nyinam sɛ da a wɔyɛeɛ no;mpea a wapoma wɔ nnua so no rehim.

4Nteaseɛnam no twi fa mmɔntene so,na wɔdi akɔneaba.Wɔte sɛ ogyatɛn a ɛrederɛ;wɔbɔ yerɛdɛ te sɛ anyinam.

5Ɔfrɛfrɛɛ nʼakofoɔ a wodi munanso wɔsuntisunti wɔ ɛkwan mu.Wɔde mmirika kɔ kuropɔn no afasuo ho;na wɔyɛ wɔn akokyɛm krado.

6Wɔbuebue asubɔnten apono no,na ahemfie no dwiri gu fam.

7Wɔhyɛ mmaraden sɛwɔmfa kuropɔn no nnommumna wɔmfa wɔn nkɔ.Ne mfenaa de wɔn nsa gu wɔn koko sosu te sɛ mmorɔnoma.

8Ninewe te sɛ ɔtadeɛ aemu nsuo resene korɔ.Woteam sɛ, “Monnyina hɔ! Monnyina hɔ!”Nanso, obiara ansane nʼakyi.

9Momfom dwetɛ no!Momfom sikakɔkɔɔ no!Ahonyadeɛ a ɛwɔ akoradan mu nyinaa!Na ahonyadeɛ no dɔɔso.

10Wɔabɔ Ninewe korɔno, wɔayɛ no pasaa!Akoma boto, na nkotodwe woso woso,nnipa ho popo na wɔn anim to hoa.

11Seesei ɛhe na gyatabuo no wɔ,baabi a wɔma wɔn mma aduane no,baabi a gyatanini ne gyatabereɛ korɔna wɔn mma nso kɔ a wɔnsuro?

12Gyata akum deɛ ɛbɛmee ne mma.Wabobɔ ahaboa ama gyatabereɛ no.Ɔde deɛ wakum ahyɛ ne bɔn mana ɔde ahaboa ahyɛ nʼatuo mama.

13“Me ne wo nnka,”sɛdeɛ Asafo Awurade seɛ ni,“Mɛhye wo nteaseɛnam na adane wisiena akofena bɛkunkum wʼagyata mma.Merennya wo ahaboa biara wɔ asase so.Wɔrente wʼasomafoɔ no nne bio.”

Biblica® Wɔnhia ɛho kwamma nwoma Asante Twi Nkwa Asɛm™ Owurayɛ Tumi © 1996, 2020. Biblica, Inc. na wɔde ma. Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™ Copyright © 1996, 2020 by Biblica, Inc. “Biblica” yɛ ahyɛnsodeɛ a Biblica Inc. akɔgye afiri United States Patent and Trademark Office de hyɛ wɔn nneɛma ahodoɔ nso. Gye sɛ Biblica Inc. ma wo ho ɛkwan ansa na woatumi de adi dwuma. “Biblica” is a trademark registered in the United States Patent and Trademark Office by Biblica, Inc. Used with permission.
Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020 · Creative Commons - Attribution-ShareAlike [CC BY-SA]