Side by side with the Father's Heart Bible™ Ɔsoroforɔ dwom.
1Ao Awurade kae Dawidne ɔhaw ahodoɔ a ɔgyinaa ano no.
2Ɔkaa Awurade ntamna ɔhyɛɛ Yakob Otumfoɔ no bɔ sɛ,
3“Merenhyɛne me fiena merenkɔda me mpa so,
4meremma nna mfa mena meremma mʼani nkum,
5kɔsi sɛ menya baabi ama Awurade,baabi a Yakob Otumfoɔ no bɛtena.”
6Yɛtee wɔ Efrata,yɛbɛtoo so wɔ Yaar mfuo so.
7“Momma yɛnkɔ nʼatenaeɛ;momma yɛnsom wɔ ne nan ntiasoɔ hɔ.
8‘Ao Awurade, sɔre bra wʼahomegyebea,wo ne wo tumi Adaka no.
9Ma tenenee nyɛ sɛ ntadeɛ mma wʼasɔfoɔ;ma wʼahotefoɔ nto ahurisie dwom.’ ”
10Wo ɔsomfoɔ Dawid enti,nyi wʼani mfiri deɛ woasra no ngo no so.
11Awurade kaa ntam kyerɛɛ Dawid,nokorɛ ntam a ɔrentwe nsane sɛ,“Wʼasefoɔ no mu baakona mede no bɛtena wʼahennwa so.
12Sɛ wo mmammarima di mʼapam sona wɔtie me nkyerɛkyerɛ a,ɛnneɛ wɔn mmammarima bɛtenawʼahennwa so afebɔɔ.”
13Awurade ayi Sion,ɔde hɔ ayɛ nʼatenaeɛ:
14“Ɛha ne mʼahomegyebea daa nyinaa;ɛha na mɛtena adi ɔhene, ɛfiri sɛ ɛha na mepɛ,
15mede nneɛma pa bebree bɛhyira nona mama nʼahiafoɔ adidi amee.
16Mede nkwagyeɛ bɛfira nʼasɔfoɔna nʼahotefoɔ ato ahurisie dwom daa.
17“Mɛma ɔberempɔn bi apue wɔ Dawid ahennie muna mede kanea asi hɔ ama deɛ masra no ngo no.
18Mede aniwuo bɛfira nʼatamfoɔ,nanso nʼahenkyɛ bɛhyerɛn wɔ ne tiri so.”