Skip to content
The Believer's Library

Biblica® Open Akuapem Twi Contemporary Bible 2020

Psalms 132 OAKCB

Side by side with the Father's Heart Bible™

Ɔsoroforo dwom.

1Awurade kae Dawidne ɔhaw ahorow a ogyinaa ano no.

2Ɔkaa Awurade ntam,na ɔhyɛɛ nea ɔyɛ Otumfo ma Yakob no bɔ se,

3“Merenhyɛn me fina merenkɔda me mpa so,

4meremma nna mmfa mena meremma mʼani nkum,

5kosi sɛ menya baabi ama Awurade,baabi a nea ɔyɛ Otumfo ma Yakob No bɛtena.”

6Yɛtee wɔ Efrata,yɛbɛtoo so wɔ Yaar mfuw so.

7“Momma yɛnkɔ nʼatenae;momma yɛnsom wɔ ne nan ntiaso hɔ.

8‘Awurade, sɔre bra wʼahomegyebea,wo ne wo tumi adaka no.

9Ma trenee nyɛ sɛ ntade mma wʼasɔfo;ma wʼahotefo nto ahurusi nnwom.’ ”

10Wo somfo Dawid nti,nyi wʼani mfi nea woasra no ngo no so.

11Awurade kaa ntam kyerɛɛ Dawid,nokware ntam a ɔntwe nsan se,“Wʼasefo no mu baakona mede no bɛtena wʼahengua so.

12Sɛ wo mmabarima di mʼapam sona wotie me nkyerɛkyerɛ a,ɛno de wɔn mmabarima bɛtenawʼahengua so afebɔɔ.”

13Awurade ayi Sion,ɔde hɔ ayɛ nʼatenae:

14“Ɛha ne mʼahomegyebea daa nyinaa;ɛha na mɛtena adi hene, efisɛ ha na mepɛ,

15mede nneɛma pa bebree behyira nona mama nʼahiafo adidi amee.

16Mede nkwagye befura nʼasɔfo,na nʼahotewfo ato ahurusi nnwom daa.

17“Mɛma obirɛmpɔn bi apue wɔ Dawid ahenni mu,na mede kanea asi hɔ ama nea masra no ngo no.

18Mede aniwu befura nʼatamfo,nanso wɔbɛhyɛ no ahenkyɛw a ɛhyerɛn.”

Biblica® Wonhia Akuapem Twi Nkwa Asɛm™ ho kwamma nhoma Owurayɛ Tumi © 1996, 2020. Biblica, Inc. na wɔde ma. Biblica® Open Akuapem Twi Contemporary Bible™ Copyright © 1996, 2020 by Biblica, Inc. “Biblica” yɛ ahyɛnsode a Biblica Inc. akogye afi United States Patent and Trademark Office de hyɛ wɔn nneɛma ahorow nso. Gye sɛ Biblica Inc. ma wo ho kwan ansa na woatumi de adi dwuma. “Biblica” is a trademark registered in the United States Patent and Trademark Office by Biblica, Inc. Used with permission.
Biblica® Open Akuapem Twi Contemporary Bible 2020 · Creative Commons - Attribution-ShareAlike [CC BY-SA]