Skip to content
The Believer's Library

Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Micah 2 OASCB

Side by side with the Father's Heart Bible™

Onipa Ne Onyankopɔn Nhyehyɛeɛ

1Nnome nka wɔn a wɔfa amumuyɛ ho adwene,wɔn a wɔbɔ ɛpɔ bɔne wɔ wɔn mpa so!Wɔsɔre anɔpa kɔdi dwuma noɛfiri sɛ wɔwɔ tumi sɛ wɔyɛ.

2Wɔn ani bere mfuo na wɔgye.Na afie nso wɔfa.Wɔde nyansa korɔno gye nkurɔfoɔ afie,na ayɔnkofoɔ agyapadeɛ nso wɔgye.

3Enti, sɛdeɛ Awurade seɛ nie,“Meredwene amanehunu a ɛtia saa nkurɔfoɔ yi hona worentumi nnyi wo ho mfiri mu.Worentumi nnante ahantan so bio,ɛfiri sɛ ɛbɛyɛ ɛberɛ bɔne.

4Saa ɛda no, nnipa bɛsere mo.Wɔde saa awerɛhoɔ dwom yibɛdi mo ho fɛ sɛ:‘wɔasɛe yɛn koraa;wɔakyekyɛ me nkurɔfoɔ ahodeɛ mu.Ɔgye firi me nsa mu!Na ɔde yɛn mfuo ma akɔnkɔnsafoɔ.’ ”

5Enti morennya obi wɔAwurade asafo mua ɔde ntontobɔ bɛkyɛ asase no.

Atorɔ Adiyifoɔ

6“Monnhyɛ nkɔm,” saa na wɔn nkɔmhyɛfoɔ no ka.“Monnhyɛ saa nneɛma yi ho nkɔm;animguaseɛ rento yɛn.”

7Ao, Yakob efie, mma monnka nsɛm a ɛte saa.Awurade Honhom nni boasetɔ?Ɔyɛ nneɛma a ɛte sei anaa?“Ne nsɛm nyɛ deɛ nʼakwan teneno yie anaa?

8Akyire no, me nkurɔfoɔ asɔrete sɛ asraafoɔ.Moworɔ ntadeɛ pa firiwɔn a wɔretwam a wɔnni adwemmɔne biara ho,ma wɔyɛ te sɛ asraafoɔ a wɔfiri akono.

9Mopam mmaa a wɔwɔ me nkurɔfoɔ mufiri wɔn afie fɛfɛ mu.Mogye me nhyirafiri wɔn mma nsam afebɔɔ.

10Sɔre, firi ha kɔ!Ɛha nyɛ beaeɛ a wɔhome,ɛfiri sɛ ɛho agu fi,Wɔasɛe no, na ɛrenyɛ yie bio.

11Sɛ ɔtorofoɔ ne ɔdaadaafoɔ ba bɛka sɛ,‘Mɛhyɛ nkɔm ama moanya nsã bebree a’ɔbɛyɛ odiyifoɔ a saa nkurɔfoɔ yi pɛ.

Ɔgyeɛ Ho Bɔhyɛ

12“Mɛboaboa mo nyinaa ano Ao, Yakob;nokorɛm mɛka Israel nkaeɛfoɔ no nyinaa abɔ mu.Mɛka wɔn abɔ mu te sɛ nnwan a wɔgu nnwammuo mu,te sɛ nnwankuo a wɔwɔ adidibea;nnipa bɛhyɛ beaeɛ ho manyamanya.

13Deɛ ɔbɔ ɛkwan no bɛdi wɔn animwɔbɛbu apono no na wɔafiri akɔ.Wɔn ɔhene bɛsene adi wɔn anim,Awurade bɛyɛ wɔn ti.”

Biblica® Wɔnhia ɛho kwamma nwoma Asante Twi Nkwa Asɛm™ Owurayɛ Tumi © 1996, 2020. Biblica, Inc. na wɔde ma. Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™ Copyright © 1996, 2020 by Biblica, Inc. “Biblica” yɛ ahyɛnsodeɛ a Biblica Inc. akɔgye afiri United States Patent and Trademark Office de hyɛ wɔn nneɛma ahodoɔ nso. Gye sɛ Biblica Inc. ma wo ho ɛkwan ansa na woatumi de adi dwuma. “Biblica” is a trademark registered in the United States Patent and Trademark Office by Biblica, Inc. Used with permission.
Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020 · Creative Commons - Attribution-ShareAlike [CC BY-SA]