Skip to content
The Believer's Library

Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Micah 1 OASCB

Side by side with the Father's Heart Bible™

1Awurade de saa nsɛm yi brɛɛ Moresetni Mika ɛberɛ a na Yotam, Ahas ne Hesekia di adeɛ wɔ Yuda no. Anisoadehunu a ɔhunuiɛ fa Samaria ne Yerusalem ho.

2Monyɛ aso, mo nnipa nyinaa,montie, asase ne mo a mote so nyinaa.Otumfoɔ Awurade redi adanseɛ atia mo,ɔkasa firi nʼasɔredan kronkron no mu.

Atemmuo A Ɛtia Samaria Ne Yerusalem

3Monhwɛ! Awurade firi nʼatenaeɛ reba;ɔresiane na ɔnante asase sorɔnsorɔmmea so.

4Mmepɔ nane wɔ nʼase,mmɔnhwa mu paepaete sɛ ama a aka ogya,te sɛ nsuo a ɛsiane ɔherɛ so firi kokoɔ so.

5Yei nyinaa yɛ Yakob nnebɔne,ne bɔne ahodoɔ a ɛwɔ Israel efie enti.Yakob nnebɔne ne sɛn?Ɛnyɛ Samaria anaa?Na ɛhe ne Yuda sorɔnsorɔmmea?Ɛnyɛ Yerusalem anaa?

6“Enti mɛyɛ Samaria kuro no mmubuiɛ sie,baabi a wɔbɛyɛ bobe turo.Mehwie nʼaboɔ agu bɔnhwa muama ne fapem ho ada hɔ.

7Wɔbɛbubu nʼahoni nyinaa mu asinasini;wɔde ogya bɛhyɛ nʼasɔredan mu ayɛyɛdeɛ nyinaa.Mɛsɛe ne nsɛsodeɛ nyinaa.Esiane sɛ nʼakyɛdeɛ a waboa ano no nyinaaɔnya firii adwamanfoɔ akatua mu no entiwɔde bɛma adwamanfoɔ.”

Osu Ne Awerɛhoɔ

8Yeinom enti mɛsu atwa agyaadwoɔ;mede adagya bɛnante na mennhyɛ mpaboa.Mɛpɔ so sɛ odompona masu sɛ ɔpatuo.

9Nʼapirakuro no wuo ayɛ den;abɛduru Yuda.Abɛduru me nkurɔfoɔ ɛpono anompo aduru Yerusalem ankasa.

10Monnka no wɔ Gatmonnsu koraaMo a mowɔ Bet-Leafra deɛmonyantam mfuturo mu.

11Monsene nkɔ adagya ne aniwuo mu,mo a mote Safir.Wɔn a wɔte Saanan ntumi mpueBet-Esel wɔ awerɛhoɔ mu;ɛfiri sɛ, wo hɔ na ɔnya ne banbɔ.

12Wɔn a wɔte Marot de ɔyea nukanuka wɔ mude twɛn mmoa,ɛfiri sɛ amanehunu a ɛfiri Awurade hɔ abaabɛduru Yerusalem ɛpono ano.

13Mo a mote Lakis,monsiesie nteaseɛnam no.Mo ne bɔne farebaema Ɔbabaa Sion,na modii Israel anim kɔɔ bɔne mu.

14Enti mode ntetemu akyɛdeɛ bɛma Moreset-Gat,Aksib kuro bɛdaadaa Israel ahemfo.

15Mede nkonimdifoɔ bɛtoa momo a mote Maresa.Deɛ ɔyɛ Israel onimuonyamfoɔ nobɛba Adulam.

16Monyi mo tirinwi mfa nni awerɛhoɔ,wɔ mma a mo ani gye wɔn ho no ho;mommɔ tikwa te sɛ ɔpete,ɛfiri sɛ, wɔbɛfa wɔn afiri mo nkyɛnakɔ nnommumfa mu.

Biblica® Wɔnhia ɛho kwamma nwoma Asante Twi Nkwa Asɛm™ Owurayɛ Tumi © 1996, 2020. Biblica, Inc. na wɔde ma. Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™ Copyright © 1996, 2020 by Biblica, Inc. “Biblica” yɛ ahyɛnsodeɛ a Biblica Inc. akɔgye afiri United States Patent and Trademark Office de hyɛ wɔn nneɛma ahodoɔ nso. Gye sɛ Biblica Inc. ma wo ho ɛkwan ansa na woatumi de adi dwuma. “Biblica” is a trademark registered in the United States Patent and Trademark Office by Biblica, Inc. Used with permission.
Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020 · Creative Commons - Attribution-ShareAlike [CC BY-SA]