Skip to content
The Believer's Library

Biblica® Open Akuapem Twi Contemporary Bible 2020

Micah 1 OAKCB

Side by side with the Father's Heart Bible™

1Awurade de saa nsɛm yi brɛɛ Moresetni Mika bere a na Yotam, Ahas ne Hesekia di ade wɔ Yuda no. Anisoade a ohu faa Samaria ne Yerusalem ho.

2Monyɛ aso, mo nnipa nyinaa,muntie, asase ne mo a mote so nyinaa.Otumfo Awurade redi adanse atia mo,ɔkasa fi nʼasɔredan kronkron no mu.

Atemmu A Etia Samaria Ne Yerusalem

3Monhwɛ! Awurade fi nʼatenae reba;ɔresian na ɔnam asase sorɔnsorɔmmea so.

4Mmepɔw nan wɔ nʼase,aku mu paapaete sɛ ama a aka ogya,te sɛ nsu a ɛresian waa fi koko so.

5Eyi nyinaa yɛ Yakob nnebɔne,ne bɔne ahorow a ɛwɔ Israel fi nti.Yakob nnebɔne ne dɛn?Ɛnyɛ Samaria ana?Na he ne Yuda sorɔnsorɔmmea?Ɛnyɛ Yerusalem ana?

6“Enti mɛyɛ Samaria kurow no nnwiriwii siw,baabi a wɔbɛyɛ bobe turo.Mehwie nʼabo agu obon muama ne fapem ho ada hɔ.

7Wobebubu nʼahoni nyinaa mu asinasin;wɔde ogya bɛhyew nʼasɔredan mu ayɛyɛde nyinaa.Mɛsɛe ne nsɛsode nyinaa.Esiane sɛ nʼakyɛde a waboa ano no nyinaa,onya fii nguamanfo akatua mu no ntiwɔde bɛma nguamanfo.”

Osu Ne Awerɛhow

8Eyinom nti mesu atwa agyaadwo;mede adagyaw bɛnantew na merenhyɛ mpaboa.Mɛworo so sɛ odompona masu sɛ patu.

9Nʼapirakuru no wu ayɛ den;abedu Yuda.Abedu me nkurɔfo pon anompo adu Yerusalem ankasa.

10Monnka no wɔ Gatmunnsu koraaMo a mowɔ Bet-Leafra de,monyantam mfutuma mu.

11Monsen nkɔ adagyaw ne aniwu mu,mo a mote Safir.Wɔn a wɔte Saanan ntumi mpue.Bet-Esel wɔ awerɛhow mu;efisɛ, wo hɔ na onya ne bammɔ.

12Wɔn a wɔte Marot de ɔyaw nunununu wɔn mude twɛn mmoa,efisɛ amanehunu a efi Awurade hɔ abaabedu Yerusalem pon ano.

13Mo a mote Lakis,munsiesie nteaseɛnam no.Mone bɔne farebaema Ɔbabea Sion,na mudii Israel anim kɔɔ bɔne mu.

14Enti mode ntetewmu akyɛde bɛma Moreset-Gat,Aksib kurow bɛdaadaa Israel ahemfo.

15Mede nkonimdifo bɛtoa mo;mo a mote Maresa.Nea ɔyɛ Israel onuonyamfo nobɛba Adulam.

16Munyi mo tinwi mfa nni awerɛhow,wɔ mma a mo ani gye wɔn ho no ho;mommɔ tikwaw te sɛ opete,efisɛ, wɔbɛfa wɔn afi mo nkyɛnakɔ nnommum mu.

Biblica® Wonhia Akuapem Twi Nkwa Asɛm™ ho kwamma nhoma Owurayɛ Tumi © 1996, 2020. Biblica, Inc. na wɔde ma. Biblica® Open Akuapem Twi Contemporary Bible™ Copyright © 1996, 2020 by Biblica, Inc. “Biblica” yɛ ahyɛnsode a Biblica Inc. akogye afi United States Patent and Trademark Office de hyɛ wɔn nneɛma ahorow nso. Gye sɛ Biblica Inc. ma wo ho kwan ansa na woatumi de adi dwuma. “Biblica” is a trademark registered in the United States Patent and Trademark Office by Biblica, Inc. Used with permission.
Biblica® Open Akuapem Twi Contemporary Bible 2020 · Creative Commons - Attribution-ShareAlike [CC BY-SA]