Skip to content
The Believer's Library

Biblica® Open Akuapem Twi Contemporary Bible 2020

Micah 2 OAKCB

Side by side with the Father's Heart Bible™

Onipa Ne Onyankopɔn Nhyehyɛe

1Nnome nka wɔn a wɔfa amumɔyɛ ho adwene,wɔn a wɔbɔ pɔw bɔne wɔ wɔn mpa so!Wɔsɔre anɔpa kodi dwuma no,efisɛ wɔwɔ tumi sɛ wɔyɛ.

2Wɔn ani bere mfuw, na wogye.Na afi nso wɔfa.Wɔde nyansakorɔn gye nkurɔfo afi,na wɔn agyapade nso wogye.

3Enti, sɛnea Awurade se ni,“Meredwene amanehunu a etia saa nkurɔfo yi hona worentumi nyi wo ho mfi mu.Worentumi nnantew ahantan so bio,efisɛ ɛbɛyɛ bere bɔne.

4Saa da no, nnipa bɛserew mo.Wɔde saa awerɛhow dwom yibedi mo ho fɛw se:‘wɔasɛe yɛn koraa;wɔakyekyɛ me nkurɔfo ahode mu.Ogye fi me nsam!Na ɔde yɛn mfuw ma akɔnkɔnsafo.’ ”

5Enti morennya obi wɔAwurade asafo mua ɔde ntontobɔ bɛkyɛ asase no.

Atoro Adiyifo

6“Monnhyɛ nkɔm,” saa na wɔn nkɔmhyɛfo no ka.“Monnhyɛ saa nneɛma yi ho nkɔm;animguase rento yɛn.”

7Mo Yakobfi, so wɔnka se,“Awurade Honhom nni boasetɔ ana?Ɔyɛ nneɛma a ɛte sɛɛ ana?“Ne nsɛm nyɛ nea nʼakwan teɛno yiye ana?

8Akyiri no me nkurɔfo asɔrete sɛ ɔtamfo.Moworɔw ntade pa fiwɔn a wɔretwa mu a ɛmfa mo ho,ma wɔyɛ te sɛ asraafo a wofi akono.

9Mopam mmea a wɔwɔ me nkurɔfo mufi wɔn afi afɛɛfɛ mu.Mugye me nhyirafi wɔn mma nsam afebɔɔ.

10Sɔre, fi ha kɔ!Ha nyɛ faako a wɔhome,efisɛ ho agu fi,Wɔasɛe no, na ɛrenyɛ yiye bio.

11Sɛ ɔtorofo ne ɔdaadaafo ba bɛka se,‘Mɛhyɛ nkɔm ama moanya nsa bebree a’ɔbɛyɛ odiyifo a saa nkurɔfo yi pɛ.”

Ogye Ho Bɔhyɛ

12“Mɛboaboa mo nyinaa ano Yakob;nokware mɛka Israel nkae no nyinaa abɔ mu.Mɛka wɔn abɔ mu te sɛ nguan a wogu nguannan mu,te sɛ nguankuw a wɔwɔ adidibea;nnipa bɛhyɛ beae hɔ manyamanya.

13Nea obue ɔkwan no bedi wɔn anim;wobebu apon no na wɔafi akɔ.Wɔn Hene no bɛsen adi wɔn anim,Awurade bɛyɛ wɔn ti.”

Biblica® Wonhia Akuapem Twi Nkwa Asɛm™ ho kwamma nhoma Owurayɛ Tumi © 1996, 2020. Biblica, Inc. na wɔde ma. Biblica® Open Akuapem Twi Contemporary Bible™ Copyright © 1996, 2020 by Biblica, Inc. “Biblica” yɛ ahyɛnsode a Biblica Inc. akogye afi United States Patent and Trademark Office de hyɛ wɔn nneɛma ahorow nso. Gye sɛ Biblica Inc. ma wo ho kwan ansa na woatumi de adi dwuma. “Biblica” is a trademark registered in the United States Patent and Trademark Office by Biblica, Inc. Used with permission.
Biblica® Open Akuapem Twi Contemporary Bible 2020 · Creative Commons - Attribution-ShareAlike [CC BY-SA]