Skip to content
The Believer's Library

Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Isaiah 18 OASCB

Side by side with the Father's Heart Bible™

Nkɔmhyɛ A Ɛtia Kus

1Due, asase a ntaban nnyegyeeɛ wɔ sowɔ Kus nsubɔntene ho,

2a ɔsoma ananmusifoɔ a wɔnam ɛpo soa wɔde paparɔs abonto fa nsuo ani.Monkɔ, asomafoɔ ahoɔherɛfoɔ,monkɔ nnipa a wɔwoware na wɔn honam yɛ tromtrom no nkyɛn,nnipa a wɔn ho yɛ hu wɔ mmaa nyinaa,aniɛdenfoɔ ɔman a yɛnte wɔn kasa,na nsubɔntene akyekyɛ nʼasase mu.

3Mo ewiasefoɔ nyinaa,mo a motete asase so,sɛ wɔpagya frankaa wɔ bepɔ no so a,mobɛhunu.Sɛ wɔhyɛn totorobɛnto a,mobɛte.

4Yei ne deɛ Awurade ka kyerɛ me,“Mɛtena mʼatenaeɛ na mahwɛ biribiara dinn.Mɛyɛ dinn te sɛ owia a ɛrebɔ,te sɛ ɛbɔ a ɛsi wɔ otwa berɛ mu.”

5Ɛnnya nnuruu twaberɛ a nhyerɛnne berɛ atwam no,na nhwiren no anyini adane bobe no,wɔde nsɔsɔ bɛtwitwa mman no;wɔbɛtwitwa mman a ɛredendan no akɔ.

6Wɔbɛgya wɔn nyinaa ama bepɔ so nnomaaa wɔkum mmoa we, ne wiram mmoa;nnomaa no bɛdi wɔn nam wɔ ahuhuro ɛberɛ mu.Wiram mmoa bɛwe wɔn nam wɔ awɔ berɛ mu.

7Saa ɛberɛ no wɔde akyɛdeɛ bɛbrɛ Asafo Awuradeɛbɛfiri nnipa a wɔwoware na wɔn honam yɛ tromtrom hɔ,nnipa a wɔn ho yɛ hu wɔ mmaa nyinaa,aniɛdenfoɔ ɔman a yɛnte wɔn kasa,na nsubɔntene akyekyɛ nʼasase mu.Wɔde akyɛdeɛ bɛba Sion Bepɔ so, beaeɛ a Asafo Awurade din atim no.

Biblica® Wɔnhia ɛho kwamma nwoma Asante Twi Nkwa Asɛm™ Owurayɛ Tumi © 1996, 2020. Biblica, Inc. na wɔde ma. Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™ Copyright © 1996, 2020 by Biblica, Inc. “Biblica” yɛ ahyɛnsodeɛ a Biblica Inc. akɔgye afiri United States Patent and Trademark Office de hyɛ wɔn nneɛma ahodoɔ nso. Gye sɛ Biblica Inc. ma wo ho ɛkwan ansa na woatumi de adi dwuma. “Biblica” is a trademark registered in the United States Patent and Trademark Office by Biblica, Inc. Used with permission.
Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020 · Creative Commons - Attribution-ShareAlike [CC BY-SA]