Skip to content
The Believer's Library

Biblica® Open Akuapem Twi Contemporary Bible 2020

Isaiah 18 OAKCB

Side by side with the Father's Heart Bible™

Nkɔmhyɛ A Etia Kus

1Due asase a ntaban nnyigyei wɔ sowɔ Kus nsubɔnten ho,

2ɔsoma ananmusifo a wɔnam po sowɔde paparɔso akorow fa nsu ani.Monkɔ, asomafo ahoɔharefo,monkɔ nnipa a wɔwoware na wɔn honam yɛ trontrom,nnipa a wɔn ho yɛ hu wɔ mmaa nyinaa,anuɔdenfo man a yɛnte wɔn kasa,na nsubɔnten akyekyɛ nʼasase mu no nkyɛn.

3Mo wiasefo nyinaa,mo a motete asase so,sɛ wɔma frankaa so wɔ bepɔw no so a,mubehusɛ wɔhyɛn torobɛnto a,mobɛte.

4Sɛɛ na Awurade ka kyerɛ me,“Mɛtena mʼatenae, na mahwɛ biribiara dinn.Mɛyɛ dinn te sɛ owia a ɛrebɔ,te sɛ bɔ a esi wɔ otwabere mu.”

5Ennya nnuu twabere, a nhwiren bere atwam nona nhwiren no anyin adan bobe no,wɔde asosɔw betwitwa mman no,wobetwitwa mman a ɛredennan no akɔ.

6Wobegyaw wɔn nyinaa ama bepɔw so nnomaaa wokum mmoa we ne wuram mmoa;nnomaa no bedi wɔn nam wɔ ahuhuru bere mu.Wuram mmoa bɛwe wɔn nam wɔ awɔw bere mu.

7Saa bere no, wɔde akyɛde bɛbrɛ Asafo Awuradeebefi nnipa a wɔwoware na wɔn honam yɛ trontrom hɔ,nnipa a wɔn ho yɛ hu wɔ mmaa nyinaa,aniɔdenfo man a yɛnte wɔn kasa,na nsubɔnten akyekyɛ nʼasase mu,wɔde akyɛde bɛba Sion Bepɔw so, faako a Asafo Awurade din atim no.

Biblica® Wonhia Akuapem Twi Nkwa Asɛm™ ho kwamma nhoma Owurayɛ Tumi © 1996, 2020. Biblica, Inc. na wɔde ma. Biblica® Open Akuapem Twi Contemporary Bible™ Copyright © 1996, 2020 by Biblica, Inc. “Biblica” yɛ ahyɛnsode a Biblica Inc. akogye afi United States Patent and Trademark Office de hyɛ wɔn nneɛma ahorow nso. Gye sɛ Biblica Inc. ma wo ho kwan ansa na woatumi de adi dwuma. “Biblica” is a trademark registered in the United States Patent and Trademark Office by Biblica, Inc. Used with permission.
Biblica® Open Akuapem Twi Contemporary Bible 2020 · Creative Commons - Attribution-ShareAlike [CC BY-SA]