Skip to content
The Believer's Library

Biblica® Open Akuapem Twi Contemporary Bible 2020

Proverbs 31 OAKCB

Show OAKCB only
Verse × ×
1 The words of King Lemuel—an oracle his mother taught him: Ɔhene Lemuel nsɛm a ɛyɛ nkuranhyɛ a ne na kyerɛɛ no:
2 What, my son? What, son of my womb? What, son of my vows? Tie, me babarima! Tie, me yafunu ba, Tie, me bɔhyɛ ba, me mpaebɔ ho mmuae!
3 Do not give your strength to women, or your ways to those who destroy kings. Nsɛe wʼahoɔden wɔ mmea ho, wɔn a wogu ahemfo asu no.
4 It is not for kings, Lemuel—not for kings to drink wine, or for rulers to crave strong drink. Enye mma ahemfo, Lemuel, asanom nye mma ahemfo, ɛnsɛ sɛ sodifo pere bobesa ho;
5 For if they drink, they will forget what is decreed and pervert the rights of all the oppressed. sɛ wɔnom nsa a wɔn werɛ befi nea mmara no ka, na wɔn a wɔhyɛ wɔn so no rennya nea ɛyɛ wɔn kyɛfa.
6 Give strong drink to one who is perishing, and wine to those in bitter distress. Fa bobesa ma wɔn a wɔresɛe, na fa nsa ma wɔn a wɔwɔ amanehunu mu;
7 Let them drink and forget their poverty, and remember their misery no more. Momma wɔnnom, na wɔn werɛ mfi wɔn hia, na wɔnnkae wɔn awerɛhow bio.
8 Open your mouth for the voiceless, for the rights of all who are left destitute. Kasa ma wɔn a wontumi nkasa mma wɔn ho, kasa ma mmɔborɔfo yiyedi.
9 Open your mouth, judge righteously, and defend the rights of the poor and needy. Kasa na bu atɛntrenee; kasa ma ahiafo ne onnibi yiyedi.
10 A woman of valor—who can find her? She is far more precious than jewels. Ɔyere pa, hena na obenya? Ɔsom bo pa ara sen nhene pa.
11 The heart of her husband trusts in her, and he will lack nothing of value. Ne kunu wɔ ne mu ahotoso pa ara, na biribiara a ɛwɔ bo nhia no.
12 She does him good and not harm, all the days of her life. Ɔde nea eye brɛ no, na ɛnyɛ ɔhaw, ne nkwanna nyinaa mu.
13 She seeks out wool and flax, and works with willing hands. Ɔhwehwɛ oguannwi ne asaawa na ɔde ne nsa nwen wɔ fɛw so.
14 She is like the merchant ships, bringing her food from afar. Ɔte sɛ aguadifo ahyɛn, ɔde ne nnuan fi akyirikyiri ba.
15 She rises while it is still night, provides food for her household, and portions for her servant girls. Ade nnya nkyee no na wasɔre; osiesie aduan ma nʼabusuafo na ɔkyekyɛ nnwuma ma ne mmaawa.
16 She considers a field and buys it; from the fruit of her hands she plants a vineyard. Osusuw afuw ho na ɔtɔ; ofi nea onya mu yɛ bobeturo.
17 She wraps herself in strength and makes her arms strong. Ɔde nsi yɛ nʼadwuma; nʼabasa mu wɔ ahoɔden ma nʼadwuma.
18 She perceives that her trading is profitable; her lamp does not go out at night. Ɔhwɛ sɛ nʼaguadi so wɔ mfaso, na ne kanea anum anadwo.
19 She puts her hands to the spinning staff, and her hands grasp the spindle. Daa, na ne nsa kura tadua mu a ne nsateaa nso retoatoa asaawa.
20 She opens her hand to the poor and reaches out her hands to the needy. Ogow ne nsam ma ahiafo na ne nsa so ohiani so.
21 She has no fear for her household when it snows, for all her household are clothed in scarlet. Sɛ sukyerɛmma tɔ a ne yam nhyehye no wɔ ne fifo ho; efisɛ wɔn nyinaa wɔ adurade a wɔde ko awɔw.
22 She makes coverings for herself; her clothing is fine linen and purple. Ɔyɛ ne mpasotam; na ofura nwera ne sirikyi ntama.
23 Her husband is known in the gates, when he sits among the elders of the land. Ne kunu wɔ anuonyam wɔ kuropɔn pon ano, faako a ɔne asase no so mpanyimfo tena.
24 She makes linen garments and sells them, and supplies sashes to the merchants. Ɔpempam nwera ntade tontɔn, na otu nkyekyeremu ma aguadifo.
25 Strength and dignity are her clothing, and she laughs at the days to come. Ɔwɔ ahoɔden ne anuonyam; na onsuro nna a ɛwɔ nʼanim.
26 She opens her mouth with wisdom, and faithful instruction is on her tongue. Ɔkasa nyansa mu, na nokware nkyerɛkyerɛ wɔ ne tɛkrɛma so.
27 She watches over the ways of her household and does not eat the bread of idleness. Ɔhwɛ ne fi mu nnwuma so na onnyigye anihaw so.
28 Her children rise up and call her blessed; her husband also, and he praises her: Ne mma sɔre a wɔfrɛ no nhyira; ne kunu nso saa ara, na ɔkamfo no se,
29 "Many daughters have done valiantly, but you surpass them all." “Mmea pii yɛ nneɛma a ɛwɔ din na wo de, wosen wɔn nyinaa.”
30 Charm is deceptive and beauty is fleeting, but a woman who reveres our Father—she will be praised. Ɔbea kɔnnɔfo yɛ nnaadaa, na ahoɔfɛ twa mu ntɛm so; nanso ɔbea a osuro Awurade no fata nkamfo.
31 Give her the fruit of her hands, and let her works praise her in the gates. Fa abasobɔde a wanya no ma no, na wɔnkamfo ne nnwuma wɔ kuropɔn pon ano.
FHB

Scripture from Father’s Heart Bible™. © 2026 Spirit Media Publishing, the imprint of Spirit Media Inc. All rights reserved. In Divine Voice™ Color, the words spoken by our Father show in blue, the words of the Son in red, and the words of the Spirit in purple.

OAKCB

Biblica® Wonhia Akuapem Twi Nkwa Asɛm™ ho kwamma nhoma Owurayɛ Tumi © 1996, 2020. Biblica, Inc. na wɔde ma. Biblica® Open Akuapem Twi Contemporary Bible™ Copyright © 1996, 2020 by Biblica, Inc. “Biblica” yɛ ahyɛnsode a Biblica Inc. akogye afi United States Patent and Trademark Office de hyɛ wɔn nneɛma ahorow nso. Gye sɛ Biblica Inc. ma wo ho kwan ansa na woatumi de adi dwuma. “Biblica” is a trademark registered in the United States Patent and Trademark Office by Biblica, Inc. Used with permission.
Biblica® Open Akuapem Twi Contemporary Bible 2020 · Creative Commons - Attribution-ShareAlike [CC BY-SA]