Skip to content
The Believer's Library

Biblica® Open Akuapem Twi Contemporary Bible 2020

Ecclesiastes 1 OAKCB

Show OAKCB only
Verse × ×
1 The words of the Teacher, son of David, king in Jerusalem. Eyinom ne nsɛm a Ɔsɛnkafo, ɔhene Dawid babarima a ɔyɛ ɔhene wɔ Yerusalem se:
2 "Utterly fleeting," says the Teacher, "utterly fleeting! Everything is fleeting." “Ahuhude! Ahuhude!” Ɔsɛnkafo no na ose. “Ahuhude mu ahuhude Biribiara yɛ ahuhude.”
3 What does a person gain from all the labor at which they toil under the sun? Dɛn na onipa nya fi nʼadwumayɛ nyinaa mu, nea okum ne ho yɛ no owia so no?
4 A generation goes, and a generation comes, but the earth remains forever. Awo ntoatoaso ba na ɛkɔ, nanso asase tim hɔ daa.
5 The sun rises and the sun sets, and hurries back to the place where it rises. Owia pue na owia kɔtɔ, na ɛyɛ ntɛm kɔ nea epue fii hɔ no.
6 The wind blows to the south and turns to the north; round and round it goes, ever returning on its circuits. Mframa bɔ kɔ anafo fam na ɛdan hwɛ atifi fam; ekyinkyin kɔ baabiara, na ɛsan bɔ fa ne kwan so.
7 All the streams run to the sea, yet the sea is never full; the streams return to their source and flow again. Nsubɔnten nyinaa sen kogu po mu, nanso po nyɛ ma da. Faako a nsubɔnten no fi no hɔ na wɔsan kɔ bio.
8 All things are wearisome, more than anyone can express; the eye is not satisfied with seeing, nor the ear filled with hearing. Biribiara yɛ ɔbrɛ a ɛboro nea obi bɛka so. Ani nhwɛ ade nwie da na aso nso ntie nsɛm mma ɛnyɛ mma da.
9 What has been is what will be, and what has been done is what will be done; there is nothing new under the sun. Nea aba no bɛba bio, nea wɔayɛ no, wɔbɛyɛ bio; ade foforo biara nni owia yi ase.
10 Is there anything anyone can point to and say, "Look, this is new"? It was already here, in the ages before us. Biribi wɔ hɔ a wobetumi aka wɔ ho se: “Hwɛ! eyi yɛ ade foforo” ana? Ɛwɔ hɔ dedaw fi tete nteredee; ɛwɔ hɔ ansa na wɔwoo yɛn.
11 There is no remembrance of those who came before, and even those yet to come will not be remembered by those who follow them. Wɔnkae tetefo no, na wɔn a wonnya nnwoo wɔn no nso, wɔn a wobedi wɔn akyi no renkae wɔn.
12 I, the Teacher, was king over Israel in Jerusalem. Me, Ɔsɛnkafo, na meyɛ Israelhene wɔ Yerusalem.
13 I gave my heart to seek and explore by wisdom all that is done under heaven—a miserable task God has given mankind to struggle with. Mituu me ho sii hɔ sɛ mede nimdeɛ besua ayɛ nhwehwɛmu wɔ biribiara a wɔyɛ no owia yi ase ho. Adesoa duruduru a Onyankopɔn de ato adesamma so!
14 I saw all the deeds done under the sun, and look—it is all fleeting, a chasing after wind. Mahu biribiara a wɔyɛ no owia yi ase; ne nyinaa nka hwee, ɛte sɛnea obi tu mmirika taa mframa.
15 What is crooked cannot be made straight, and what is lacking cannot be counted. Nea akyea no wontumi nteɛ; na nea enni hɔ no wontumi nkan.
16 I told myself, "Look, I have grown great and gained more wisdom than all who ruled Jerusalem before me; my heart has seen much wisdom and knowledge." Mekaa wɔ me tirim se, “Hwɛ, manyin na manya nimdeɛ bebree asen obiara a watena Yerusalem ahengua so ansa na merebedi ade. Manya nhumu ne nimdeɛ mu osuahu.”
17 I set my mind to know wisdom, and madness and foolishness; I learned this too is a chasing after the wind. Afei meyɛɛ mʼadwene sɛ mɛhwehwɛ na mate nimdeɛ, ne adammɔsɛm ne nkwaseasɛm ase. Nanso mihuu sɛ eyi nso te sɛnea obi tu mmirika taa mframa.
18 For with much wisdom comes much grief, and the more knowledge, the more sorrow. Nimdeɛ bebree de awerɛhow na ɛba; nyansa dɔɔso a, awerɛhowdi dɔɔso.
FHB

Scripture from Father’s Heart Bible™. © 2026 Spirit Media Publishing, the imprint of Spirit Media Inc. All rights reserved. In Divine Voice™ Color, the words spoken by our Father show in blue, the words of the Son in red, and the words of the Spirit in purple.

OAKCB

Biblica® Wonhia Akuapem Twi Nkwa Asɛm™ ho kwamma nhoma Owurayɛ Tumi © 1996, 2020. Biblica, Inc. na wɔde ma. Biblica® Open Akuapem Twi Contemporary Bible™ Copyright © 1996, 2020 by Biblica, Inc. “Biblica” yɛ ahyɛnsode a Biblica Inc. akogye afi United States Patent and Trademark Office de hyɛ wɔn nneɛma ahorow nso. Gye sɛ Biblica Inc. ma wo ho kwan ansa na woatumi de adi dwuma. “Biblica” is a trademark registered in the United States Patent and Trademark Office by Biblica, Inc. Used with permission.
Biblica® Open Akuapem Twi Contemporary Bible 2020 · Creative Commons - Attribution-ShareAlike [CC BY-SA]