Side by side with the Father's Heart Bible™ Hiob Kasa
1Akyiri no Hiob kasae, na ɔdomee da a wɔwoo no. 2Ɔkae se,
3“Ma da a wɔwoo me no nyera,ne anadwo a wɔkae se, ‘Wɔawo ɔbabarima no!’
4Saa da no nnuru sum;mma Ɔsoro Nyankopɔn nhwehwɛ akyi kwan;mma hann biara ntɔ ngu so.
5Ma sum ne owusum nnye no mfa;ma omununkum nkata so;na sum mmunkam ne hann so.
6Ma sum kabii nnye saa anadwo no mfa;ma wonyi saa anadwo no mfi asranna sona wɔmmfa nhyɛ ɔsram biara mu.
7Saa anadwo no nyɛ obonin;mma wɔnnte anigye nteɛmu wɔ mu.
8Ma wɔn a wɔdome nna no nnome saa da no;wɔn a wɔayɛ krado sɛ wɔbɛkanyan dɛnkyɛmmirampɔn no.
9Ma nʼanɔpa nsoromma nnuru sum;na ɔntwɛn adekyee kwaa onhu anɔpawia nsensanee a edi kan no,
10efisɛ anto nea ɔwoo me no awotwaa mu ama wawo mena anka mʼani renhu saa abɛbrɛsɛ yi.
11“Adɛn nti na manwu awoe hɔ,bere a mifi me na awotwaa mu no?
12Adɛn nti na nkotodwe gyee mene nufu sɛ minnum?
13Anka sesɛɛ meda hɔ asomdwoe mu;anka mada regye mʼahome
14me ne wiase ahemfo ne fotufo,wɔn a wosisii adan maa wɔn ho na nnɛ yi abubu no,
15me ne ahenemma a na wɔwɔ sika kɔkɔɔ,wɔn a wɔde dwetɛ hyɛɛ wɔn afi mu ma.
16Anaasɛ adɛn nti na wɔansie me sɛ ɔpɔnba,te sɛ akokoaa a wanhu adekyee hann da?
17Ɛhɔ na amumɔyɛfo gyae basabasayɛ,na abrɛfo nya ahomegye.
18Nneduafo nso nya wɔn ahofadi;na wɔnte nnommumfo wuranom ateɛteɛ bio.
19Nketewa ne akɛse wɔ hɔ,na akoa de ne ho fi ne wura nsam.
20“Adɛn nti na wɔma mmɔborɔfo hann,na ɔkra mu ahohiahiafo nya nkwa,
21wɔn a wɔn kɔn dɔ owu nanso ɛmma,wɔn a wɔbrɛ hwehwɛ owu sen sɛnea wɔhwehwɛ nnwetɛbona,
22wɔn a anigye ahyɛ wɔn mana wodu ɔda mu a wodi ahurusi.
23Adɛn nti na wɔde nkwa ma onipa ane kwan ahintaw,nea Onyankopɔn aka no ahyɛ mu?
24Ahomekokogu adan mʼaduan;na mʼapinisi gu te sɛ nsu.
25Nea na misuro no aba me so;nea na ɛbɔ me hu no ato me.
26Minni ahotɔ, minni asomdwoe;minni ahomegye na mmom, ɔhaw nko ara.”