Skip to content
The Believer's Library

Biblica® Open Akuapem Twi Contemporary Bible 2020

Job 17 OAKCB

Side by side with the Father's Heart Bible™

1Me honhom atɔ beraw,me nna so atwa,na ɔda retwɛn me.

2Ampa ara fɛwdifo atwa me ho ahyia;ɛsɛ sɛ mehwɛ wɔn atutuwpɛ.

3“Ao Onyankopɔn, hyɛ me bɔ a wuhia.Hena bio na ɔbɛma me bammɔ?

4Wɔato wɔn adwene mu a wɔnte asɛm ase;enti woremma wonni nkonim.

5Sɛ obi sopa ne nnamfonom de gye akatua a,ɛbɛhwere ne mma aniwa.

6“Onyankopɔn de me ayɛ asɛm a ɛda obiara ano,obi a wɔte ntasu gu nʼani so.

7Awerɛhow ama mʼani ayɛ siamoome nipadua nyinaa yɛ sunsuma.

8Ɛyɛ atreneefo nwonwa;wɔn a wodi bem tia wɔn a wonni nyamesu.

9Nanso atreneefo bɛkɔ wɔn anim,na wɔn a wɔn nsa ho tew no bɛkɔ so anya ahoɔden.

10“Mo nyinaa monsan mmra mmɛsɔ nhwɛ!Na merennya onyansafo wɔ mo mu.

11Me nna atwa mu, me nhyehyɛe apansam.Nanso me koma apɛde

12ma anadwo dan awia;sum mu koraa no hann bɛn.

13Sɛ ofi a mʼani da so nkutoo ne ɔda,sɛ mesɛw me kɛtɛ wɔ sum mu,

14sɛ meka kyerɛ porɔwee se, ‘Wo yɛ mʼagya,’ne osunson se, ‘Me na’ anaa ‘Me nuabea’ a,

15na afei mʼanidaso wɔ he?Hena na obetumi anya anidaso bi ama me?

16Ebesian akɔ owu pon ano ana?Yɛn nyinaa besian akɔ mfutuma mu ana?”

Biblica® Wonhia Akuapem Twi Nkwa Asɛm™ ho kwamma nhoma Owurayɛ Tumi © 1996, 2020. Biblica, Inc. na wɔde ma. Biblica® Open Akuapem Twi Contemporary Bible™ Copyright © 1996, 2020 by Biblica, Inc. “Biblica” yɛ ahyɛnsode a Biblica Inc. akogye afi United States Patent and Trademark Office de hyɛ wɔn nneɛma ahorow nso. Gye sɛ Biblica Inc. ma wo ho kwan ansa na woatumi de adi dwuma. “Biblica” is a trademark registered in the United States Patent and Trademark Office by Biblica, Inc. Used with permission.
Biblica® Open Akuapem Twi Contemporary Bible 2020 · Creative Commons - Attribution-ShareAlike [CC BY-SA]