Skip to content
The Believer's Library

Biblica® Open Akuapem Twi Contemporary Bible 2020

Isaiah 62 OAKCB

Side by side with the Father's Heart Bible™

Sion Din Foforo

1Sion nti, merenyɛ komm,Yerusalem nti, merenyɛ dinn,kosi sɛ ne trenee bɛhyerɛn sɛ adekyee,na ne nkwagye adɛw sɛ ogyatɛn.

2Amanaman no behu wo trenee,na ahemfo nyinaa ahu wʼanuonyam;wɔbɛfrɛ wo din foforoa Awurade de bɛto wo no.

3Wobɛyɛ anuonyam ahenkyɛw wɔ Awurade nsam,ne adehye anuonyam abotiri wɔ wo Nyankopɔn nsam.

4Wɔremfrɛ wo amamfo bio,anaa wʼasase sɛ amamfo.Na mmom wɔbɛfrɛ wo Hefsiba anaa anisɔ Kuropɔnne wʼasase sɛ Beula anaa ɔwarefoefisɛ Awurade ani begye wo ho,na ɔbɛware wʼasase.

5Sɛnea aberante ware ababaa no,saa ara na wo mmabarima bɛware wo;sɛ ayeforokunu ani gye nʼayeforo ho no,saa ara na wo Nyankopɔn ani begye wo ho.

6Mede awɛmfo agyinagyina wʼafasu so, Yerusalem;wɔremmua wɔn ano awia anaa anadwo.Mo a musu frɛ Awurade no,monnhome koraa,

7na mommma onnye nʼahome kosi sɛ, ɔbɛma Yerusalem atimna wayɛ no nea asase nyinaa bɛkamfo.

8Awurade de ne basa nifa aka ntamne basa a ɛyɛ den no se,“Meremfa mo awimma mo atamfo sɛ wɔn aduan bio,na ananafo rennom nsa foforoa moabrɛ ho no bio;

9wɔn a wotwa no na wobedina wɔakamfo Awurade,na wɔn a wɔboaboa bobe ano no bɛnomwɔ me kronkronbea adiwo.”

10Momfa mu, momfa kuropɔn apon no mu!Munsiesie ɔkwan no mma nkurɔfo no.Mompae, mompae ɔtempɔn no!Munyiyi so abo no.Munsi frankaa mma amanaman no.

11Awurade abɔ no dawuruakosi nsase ano se,“Monka nkyerɛ Ɔbabea Sion se,‘Hwɛ, wo Agyenkwa reba!Hwɛ nʼakatua ka ne ho,na nʼanamuhyɛde nso ka ne ho.’ ”

12Wɔbɛfrɛ wɔn Nnipa Kronkron,wɔn a Awurade Agye Wɔn;na wɔbɛfrɛ wo Nea Wɔrehwehwɛ Nʼakyi Kwan,Kuropɔn a Ɛrenyɛ Amamfo Bio.

Biblica® Wonhia Akuapem Twi Nkwa Asɛm™ ho kwamma nhoma Owurayɛ Tumi © 1996, 2020. Biblica, Inc. na wɔde ma. Biblica® Open Akuapem Twi Contemporary Bible™ Copyright © 1996, 2020 by Biblica, Inc. “Biblica” yɛ ahyɛnsode a Biblica Inc. akogye afi United States Patent and Trademark Office de hyɛ wɔn nneɛma ahorow nso. Gye sɛ Biblica Inc. ma wo ho kwan ansa na woatumi de adi dwuma. “Biblica” is a trademark registered in the United States Patent and Trademark Office by Biblica, Inc. Used with permission.
Biblica® Open Akuapem Twi Contemporary Bible 2020 · Creative Commons - Attribution-ShareAlike [CC BY-SA]