Skip to content
The Believer's Library

Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Job 35 OASCB

Side by side with the Father's Heart Bible™

1Afei, Elihu kaa sɛ:

2“Wogye di sɛ yei fata?Woka sɛ, ‘Onyankopɔn bɛtwitwa agye me.’

3Nanso wobisa no sɛ, ‘Mfasoɔ bɛn na mɛnya,na sɛ manyɛ bɔne a, mfasoɔ bɛn na mɛnya?’

4“Mepɛ sɛ mebua wone wo nnamfonom nyinaa.

5Ma wʼani so kyerɛ ɔsoro na hwɛ;hwɛ omununkum a ɛwɔ wʼatifi ɔsorosoro nohoa.

6Sɛ woyɛ bɔne a, ɛkwan bɛn so na ɛsakyera Onyankopɔn?Mpo sɛ wo bɔne dɔɔso a, nsunsuansoɔ bɛn na ɛnya wo ne so?

7Sɛ wotene a, ɛdeɛn na wode ma noɔanaasɛ ɛdeɛn na ɔnya firi wo nsam?

8Wʼamumuyɛ pira onipa a ɔte sɛ wona wo tenenee pira nnipa mma nko ara.

9“Nnipa su ɛberɛ a wɔwɔ nhyɛsoɔ ase;na wɔsrɛ mmoa firi deɛ ɔwɔ tumi nsam.

10Nanso, obi mmisa sɛ, ‘Ɛhe na Onyankopɔn, me Yɛfoɔ no wɔ,deɛ ɔma nnwom anadwo no,

11deɛ ɔkyerɛ yɛn nimdeɛ bebree sene asase so mmoana ɔma yɛhunu nyansa sene ewiem nnomaa?’

12Sɛ nnipa su team a, ɔmmua,amumuyɛfoɔ ahantan enti.

13Ampa ara Onyankopɔn rentie wɔn nkotosrɛ hunu no;na Otumfoɔ remmu.

14Woka sɛ wonhunu no,nanso sɛ wotwɛn no a,ɔde atɛntenenee bɛbaenti ɛsɛ sɛ wotwɛn no.

15Bio, woka sɛ nʼabufuo mmfa asotweɛ mmana nʼani nni amumuyɛsɛm akyi pii.

16Enti Hiob bue nʼano ka nsɛm hunu;nimdeɛ a ɔnni enti, ɔkeka nsɛm bebree.”

Biblica® Wɔnhia ɛho kwamma nwoma Asante Twi Nkwa Asɛm™ Owurayɛ Tumi © 1996, 2020. Biblica, Inc. na wɔde ma. Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™ Copyright © 1996, 2020 by Biblica, Inc. “Biblica” yɛ ahyɛnsodeɛ a Biblica Inc. akɔgye afiri United States Patent and Trademark Office de hyɛ wɔn nneɛma ahodoɔ nso. Gye sɛ Biblica Inc. ma wo ho ɛkwan ansa na woatumi de adi dwuma. “Biblica” is a trademark registered in the United States Patent and Trademark Office by Biblica, Inc. Used with permission.
Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020 · Creative Commons - Attribution-ShareAlike [CC BY-SA]