Skip to content
The Believer's Library

Biblica® Open Akuapem Twi Contemporary Bible 2020

Job 35 OAKCB

Side by side with the Father's Heart Bible™

1Afei, Elihu kae se:

2“Wugye di sɛ, eyi fata?Woka se, ‘Onyankopɔn betwitwa agye me.’

3Nanso wubisa no se, ‘Mfaso bɛn na menya,na sɛ manyɛ bɔne a, mfaso bɛn na menya?’

4“Mepɛ sɛ mibua wone wo nnamfonom nyinaa.

5Ma wʼani so kyerɛ soro na hwɛ;hwɛ omununkum a ɛwɔ wʼatifi sorosoro nohɔ.

6Sɛ woyɛ bɔne a, ɔkwan bɛn so na ɛfa haw no?Mpo sɛ wo bɔne dɔɔso a, nsunsuanso bɛn na enya wɔ ne so?

7Sɛ woteɛ a, dɛn na wode ma noanaasɛ dɛn na onya fi wo nsam?

8Wʼamumɔyɛ ka onipa a ɔte sɛ wona wo trenee ka nnipa mma nko ara.

9“Nnipa su bere a wɔhyɛ wɔn so;na wɔsrɛ mmoa fi nea ɔwɔ tumi nsam.

10Nanso obi mmisa se, ‘Ɛhe na Onyankopɔn, me Yɛfo no wɔ,nea ɔma nnwom anadwo no,

11nea ɔkyerɛ yɛn nimdeɛ bebree sen asase so mmoana ɔma yehu nyansa sen wim nnomaa no?’

12Sɛ nnipa su teɛ mu a, ommua,amumɔyɛfo ahantan nti.

13Ampa ara Onyankopɔn rentie wɔn nkotosrɛ hunu no;na Otumfo remmu.

14Ɛno de adɛn na ɔrentiebere a woka se wunhu no,na woka se wʼasɛm wɔ nʼanimenti ɛsɛ sɛ wotwɛn no,

15na bio, nʼabufuw mmfa asotwe mmana nʼani nni amumɔyɛsɛm akyi pii?

16Enti Hiob bue nʼano ka nsɛnhunu;nimdeɛ a onni nti, ɔkeka nsɛm bebree.”

Biblica® Wonhia Akuapem Twi Nkwa Asɛm™ ho kwamma nhoma Owurayɛ Tumi © 1996, 2020. Biblica, Inc. na wɔde ma. Biblica® Open Akuapem Twi Contemporary Bible™ Copyright © 1996, 2020 by Biblica, Inc. “Biblica” yɛ ahyɛnsode a Biblica Inc. akogye afi United States Patent and Trademark Office de hyɛ wɔn nneɛma ahorow nso. Gye sɛ Biblica Inc. ma wo ho kwan ansa na woatumi de adi dwuma. “Biblica” is a trademark registered in the United States Patent and Trademark Office by Biblica, Inc. Used with permission.
Biblica® Open Akuapem Twi Contemporary Bible 2020 · Creative Commons - Attribution-ShareAlike [CC BY-SA]